Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase November 12
Dwom 170
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Ka dapɛn awiei asɛnka nhyehyɛe ho asɛm. Ka “Ahenni Asa Si Nkɔso Ho Amanneɛbɔ” no ho asɛm.
12 min: “Fa Wo Ho To Yehowa So Hwehwɛ Ahoɔden.” a Fa October 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 18-19, nkyekyem 6-8 mu nsɛm tiawa ka ho.
12 min: “Ɔmantam Nhyiam Horow—Anigye Mmere!” Ɔkasa a ɔpanyin ma. Kyerɛ nea enti a Onyankopɔn nkurɔfo yɛɛ nhyiam akɛse wɔ Bible mmere mu ne nea enti a mfaso wɔ so nnɛ nso. Saa mmere yi ma yenya fekubɔ a ɛma denhyɛ ne honhom fam aduan a ɛho hia. Si hia a ɛho hia sɛ obiara bɛkɔ nnansa a yɛde bɛyɛ ɔmantam nhyiam no nyinaa so dua.
13 min: “Wɔahyehyɛ Yɛn Ma ‘Yɛayɛ Ade Nyinaa Fɛfɛɛfɛ Wɔanowɔano’”b Ka nhyehyɛe a edi mu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama nhyiam akɔ so no bi ho asɛm. Si hia a ehia sɛ yɛbɛyɛ setie koraa ama nhyehyɛe a wɔayɛ ama yɛn yiyedi no so dua. Ka akwan a yɛn nyinaa betumi afa so akyerɛ obu a ɛfata na yɛakwati ɔhaw horow a enhia no ho asɛm.
Dwom 31 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 19
Dwom 172
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
10 min: Asafo mu ahiade.
13 min: “Muntie na Mo Nimdeɛ Nnɔɔso.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Kyerɛ nea enti a nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ ɔmantam nhyiam ahorow ase no yɛ honhom fam aduan titiriw a yehia. Ka bere ne mmɔdenbɔ kɛse a ehia na wɔde ayɛ saa dwumadi no ho asɛm. Ma atiefo nka nea obiara betumi ayɛ de ama ɔne afoforo anya so mfaso kɛse ho asɛm. Si nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tra ase bere a ɔfã biara fi ase no so dua.
14 min: “Yɛ Papa Ma Wɔnkamfo Wo!”c Kyerɛ nea enti a nkurɔfo pii adwene ba yɛn so bere a yɛkɔ nhyiam kɛse bi no. Nsɛm a ɛfata a wɔn a wɔhwɛ yɛn ka no yɛ Ahenni no ho adansedi kɛse, na nsɛm a ɛmfata a nkurɔfo ka no betumi atwe afoforo asan. Kyerɛ nneɛma pɔtee bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ Kristofo su a ebi ne afoforo a yesusuw wɔn ho ankasa no.
Dwom 105 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 26
Dwom 177
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa November asɛnka ho akontaabu mmra. Bere a mode nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ “Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho” mu redi dwuma no, ma wɔnyɛ nsɛmma nhoma a wɔde rema ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye abien—wɔde December 1 Ɔwɛn-Aban no di dwuma wɔ biako mu, na wɔde December 8 Nyan! no di dwuma wɔ foforo mu. Afei kyerɛ sɛnea wobenya nsɛm a wɔka kyerɛ de adi dwuma bere a wɔde Onipa a Ɔsen Biara nhoma anaa nhoma ahorow a yɛde bɛma December mu biako rema no. Hwɛ Watch Tower Publications Index mu asɛmti a ɛne “Presentations” ne asɛmti ketewa a ɛne “List by Publication” no. Ka nhwɛso biako anaa abien ho asɛm.
15 min: “Ɛhe na Metumi Anya Bere?” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Fa October 1, 2000, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-1, nkyekyem 9-10, asɛmti ketewa “Sɛnea Ebinom Nya Bere Ma Adesua” no mu nsɛntitiriw ka ho. Ma atiefo nka akwampa a wɔafa so anya bere ama nneɛma a ɛho hia paa denam nneɛma a ɛho nhia a woyi fii wɔn asetra mu so no. Si hia a ehia sɛ yɛbɛkyekyɛ yɛn bere mu ama kokoam ne abusua adesua, asafo nhyiam ahorow, asɛnka adwuma, ne da biara Bible akenkan no so dua.
15 min: Mmofra Reyi Yehowa Ayɛ. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Asafo dodow no ara wɔ mmofra pii a wɔreyɛ asɛnka adwuma no. Ɛfata sɛ wɔyɛ saa, sɛ mpo ɛbɛhwehwɛ sɛ wodi mpanyimfo titiriw adanse a. (Dw. 148:12, 13; Mat. 21:15, 16) Sɛ awofo ne adawurubɔfo foforo kyerɛ wɔn ho anigye, na wɔde ntetee ne nkuranhyɛ ma a, mmofra no nya asɛnka adwuma mu anigye kɛse. Ma atiefo nkyerɛ akwan a wobetumi afa so ne mmofra ayɛ afie-afie adwuma no ne sankɔhwɛ ahorow. Ma awofo nka nea wɔayɛ de aboa wɔn mma ma wɔasua sɛnea wɔde nsɛmma nhoma bɛma, wɔde Bible bedi dwuma bere a wɔreka asɛm no akyerɛ no, na wɔde ahotoso bɛkasa wɔ afie mu no. Si mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛkamfo mmofra so no so dua. Bisabisa ɔdawurubɔfo kumaa biako anaa baanu nsɛm, na ma wɔnka ade a wɔn ani gye ho wɔ asɛnka adwuma no mu ne nea enti a wɔn ani gye ho no ho asɛm.
Dwom 198 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 3
Dwom 179
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Tĩ “Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ” no mu.
17 min: Reasoning Nhoma no mu nsɛm. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Munsusuw nhwɛso a edidi so a ɛfa sɛnea wobetumi de nhoma no mu nsɛm akyerɛkyerɛ Bible nkyerɛkyerɛ mu kɛse ho no ho: Nkyerɛase ahorow, te sɛ nea ɛfa “Kingdom” (kratafa 225-6) anaa “Spirit” (kratafa 380) ho no; mmeae a wɔde Onyankopɔn din no adi dwuma ne sɛnea wɔde adi dwuma wɔ Bible nkyerɛase ahorow mu (kratafa 191-3) anaasɛ hell ho nokwasɛm (kratafa 169-70); nneɛma ahorow, a ɛkyerɛ gyidi ahorow a ɛma yɛyɛ soronko wɔ ɔsom afoforo ho (kratafa 199-201) anaa nea ɛkyerɛ sɛnea obi betumi ahu ɔsom ko a ɛfata (kratafa 328-30); abakɔsɛm, a ɛkyerɛ nea ɛyɛe a Buronya bae (kratafa 176-8) anaa ɔfã biara a na tete Kristofo no nni (kratafa 273-5); nyansahu mu adanse, a ɛfoa adebɔ so (kratafa 85-6) anaasɛ nea ɛkyerɛkyerɛ asiane a ɛwɔ wii ne tawanom mu (kratafa 108-11). Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔmfa adwinnade a ɛboa wɔ nkyerɛkyerɛ mu yi nni dwuma wɔ baabiara a hokwan bebue wɔ asɛnka mu no.
20 min: “Nhyira a Yehowa Dɔ Ho Anisɔ De Ba—Ɔfã 1.”d Sɛ moresusuw nkyekyem 3-6 no ho a, ma atiefo nka osuahu a ɛhyɛ nkuran a wɔanya wɔ afie-afie adwuma, bɔnnɔ so adansedi, sankɔhwɛ ne Bible adesua mu no.
Dwom 200 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.