Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/01 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase December 10
  • Dapɛn a Efi Ase December 17
  • Dapɛn a Efi Ase December 24
  • Dapɛn a Efi Ase December 31
  • Dapɛn a Efi Ase January 7
Yɛn Ahenni Som—2001
km 12/01 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase December 10

Dwom 205

13 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a Wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ To the Ends of the Earth video no mfa nsiesie ne ho mma ɛho a wobesusuw wɔ December 24 dapɛn Ɔsom Nhyiam no ase. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ sɛnea wɔde (1) December 15 Ɔwɛn-Aban ne (2) January 8 Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

12 min: Asafo mu ahiade.

20 min: “Nhyira a Yehowa Dɔ Ho Anisɔ De Ba—Ɔfã 2.”a Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2-6 ho a, ma asafo no nka osuahu ahorow a wɔanya bere a wɔka awerɛkyekye ne anidaso ho asɛm kyerɛ wɔn a asiane bi a asi nnansa yi ne akyi nsɛm ama wɔabotow anaasɛ wɔahaw no. Yɛ nhyehyɛe ma wɔnyɛ emu biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 222 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 17

Dwom 211

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka asɛnka ho nhyehyɛe titiriw ma December 25 ne January 1 ho asɛm.

22 min: “Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma Yiye.”b Yɛ asɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 4 no ho ɔyɛkyerɛ a ɛfata ka ho. Afei nso, yɛ asɛm a wɔka kyerɛ a etu mpɔn a wɔka wɔ mo hɔnom de hyɛ nnipa a mprempren wiase tebea no ama wɔabotow nkuran anaasɛ wɔde kyekye wɔn werɛ no ho ɔyɛkyerɛ. Wobetumi aka osuahu tiawa bi. Ma atiefo nka nea enti a wɔte nka sɛ Bible a wɔde di dwuma no bɛma adansedi atu mpɔn kɛse.

13 min: ‘Mowɔ Mo Ankasa Bible.’ Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Reasoning nhoma no nkratafa 279-80 so. Sɛ nkurɔfo mpɛ sɛ wotie yɛn esiane sɛ yɛde New World Translation di dwuma nti a, dɛn na yebetumi aka? Di kan yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo mfa wɔn ankasa nsɛm mma mmuae a wɔahyɛ ho nyansa no.

Dwom 225 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 24

Dwom 218

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ nhoma a yɛde ma January ne nhoma a mo asafo no wɔ bi wɔ hɔ. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ abien, fa January 1 Ɔwɛn-Aban yɛ biako na fa January 8 Nyan! yɛ nea ɛka ho no. Ma aberantewaa anaa ababaawa nyɛ biako.

10 min: “Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2002.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa nsi nyɛ wɔn dwumadi.

25 min: “Adanse a Yɛde—To the Ends of the Earth Video no Bedi.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsusuw nea wobetumi asan ayɛ de aka asɛmpa no akyerɛ afoforo wɔ beae a wɔte ne beae a wohia mmoa kɛse ho. Twe adwene si July 2001 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4 so. Wɔ February mu no, yɛbɛhwɛ Noah—He Walked With God video no.

Dwom 24 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 31

Dwom 140

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn December asɛnka akontaabu mma. Sɛ mo asafo no bɛsakra bere a mode kɔ nhyiam wɔ afe foforo no mu a, mumfi ayamye mu nhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmmra daa wɔ bere foforo no mu. Monhwɛ nhu sɛ anigyefo ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw nyinaa nim nsakrae yi.

15 min: Momfa Nidi a Ɛsɛ Mpanyimfo Mma Wɔn. Asafo mu asomfo baanu anaa baasa susuw June 1, 1999, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 18-19 ho. Wɔka nnwuma pii a ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ, a ebi ne honam fam adwuma, mmusua asɛyɛde, ne teokrase dwumadi ho asɛm. Wosusuw akwan a wɔn nyinaa betumi afa so ahyɛ wɔn nkuran, ama wɔn asɛyɛde ayɛ mmerɛw, na wɔadi wɔn akwankyerɛ so ho. Asomfo no gye tom sɛ mpanyimfo reyɛ adwuma a mfaso wɔ so na ‘ɛsɛ sɛ yebu wɔn papaapa.’—1 Tes. 5:12, 13.

20 min: Fa W’asetra Di Dwuma Yiye. Abusua bi susuw August 15, 1998, Ɔwɛn-Aban no kratafa 8-9 ho. Agya no pɛ sɛ abusua no yɛ nea ɛbɛma wɔn ani agye sen sɛ wɔbɛyɛ nea ebedi wɔn huammɔ. Wosusuw Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛwɔ asɛm no mu a ɛkyerɛ sɛnea wobenya anigye, de wɔn adwene asi hia a ehia sɛ wonya nhumu, hu nneɛma a ɛho hia paa, na wɔde wɔn ho to Yehowa so no ho. Wɔkyerɛ nsakrae pa a wobetumi ayɛ sɛ abusua.

Dwom 20 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 7

Dwom 126

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw “Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amaneɛbɔ” no ho.

15 min: Yɛn Ani a Yɛbɛma Aku Yɛn Ahenni Asa Ho Yiye. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Monhwɛ sɛnea mo Ahenni Asa te. Ka biribiara a ehia sɛ wodi ho dwuma anaa wosiesie no ho asɛm. Nhyehyɛe bɛn na moreyɛ na ama moasiesie hɔ fefeefe ansa na Nkaedi no adu so? Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ musiesie ansa na adu so? Kyerɛkyerɛ sɛnea asafo no betumi aboa mu. Si hia a ehia sɛ yɛhwɛ hu sɛ beae a yɛsom hɔ yɛ fɛ na ɛda nidi adi sɛnea ɛsɛ sɛ Yehowa fie yɛ no so dua.—Dw. 84:1.

20 min: “Yɛwɔ Adwinnade Foforo a Yɛde Befi Adesua Horow Ase!” Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Mfiase no, ma wɔn a wogye ahɔho no nkyekyɛ So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa foforo no mma obiara. Ma wonnyina “Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho” a ɛwɔ adaka mu no so nyɛ ɔyɛkyerɛ abien a wɔasiesie no yiye nka ho. Ɔdawurubɔfo biako de December 15 Ɔwɛn-Aban ma, na biako nso de December 8 Nyan! ma. Wɔ ɔyɛkyerɛ abien no nyinaa mu no, ɔdawurubɔfo no de Hu Bible kratawa no ma ofiewura no—ɛmfa ho sɛ ogyee nsɛmma nhoma anaasɛ wannye. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa kratawa foforo no mma obiara a obehyia no asɛnka mu.

Dwom 191 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena