Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Anaasɛ yebetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm, The Bible—God’s Word or Man’s?, anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ama. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1987 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow nso a wɔwɔ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ no bi betumi de ama. February: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?, Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, anaasɛ nhoma dedaw biara a ekura nkratafa 192 a mo asafo no wɔ bi. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛbɔ mmɔden titiriw sɛ yebefi ofie Bible adesua ase.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu December 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ moyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a mode sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ ama awie no.
◼ Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ yɛbɛyɛ afe 2003 Nkaedi no Wukuda, April 16, bere a owia akɔtɔ. Esiane sɛ afahyɛ yi ho hia nti, sɛ mpanyimfo kuw no repaw ɔkasafo ama Nkaedi no a, ɛsɛ sɛ wɔpaw mpanyimfo a wɔfata kɛse no mu biako sen sɛ wɔbɛma obiara ama bi anaasɛ wɔbɛma ɔpanyin biako no ara ama afe biara. Sɛ ɔpanyin a ɔka nkaefo no ho a ɔfata wɔ hɔ a obetumi ama ɔkasa no a, ɛsɛ sɛ wɔpaw no.
◼ Monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw afe asɛm foforo no abɔ mo Ahenni Asa no so ntɛm ara January 1. Ɛsɛ sɛ asafo biara kyerɛw afe asɛm no sɛnea wɔakyerɛw no Yɛn Ahenni Som mu no. Afe asɛm no ne “Mommra me nkyɛn, na mɛma moahome.”—Mat. 11:28.
◼ Nhoma Foforo a Ebi Aba:
Watch Tower Publications Index—1986-2000—Engiresi
◼ Nhoma a Ebi Asan Aba:
“All Scripture Is Inspired of God and Beneficial”—Engiresi
Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba—Engiresi
Insight on the Scriptures—Engiresi