Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
September 3 kosi December 24, 2001 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu yɛ. Bua nsɛmmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.
[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsɛmmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsɛmmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]
Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:
1. Esiane sɛ gyidi yɛ Onyankopɔn honhom aba nti, wɔn a wonni gyidi no nhwehwɛ saa honhom no, anaasɛ sɛ wɔhwehwɛ mpo a, wonkura adwempa na wɔmpɛ sɛ wɔbɛma akyerɛ wɔn asetra kwan. (Luka 11:13; Gal. 5:22) [rs-E kr. 129 nky. 1]
2. Dwom 58:4 ka pefee sɛ ahurutoa ‘aso’ nyɛ adwuma efisɛ ɔyɛ sotifo. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ Rbi8-E kr. 1583.]
3. Mmea ‘asafo kɛse’ a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Dwom 68:11 no yɛ mmea a Israel mmarima yii wɔn fii nkoasom mu bere a wodii aman a wɔyɛ atamfo so nkonim no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86-E 10/15 kr. 30 nky. 6.]
4. Sɛ wɔhyɛɛ bere ne sɛnea obiara bewu too hɔ wɔ n’awo mu anaa ansa na wɔrebɛwo no no a, anka ɛho nhia sɛ yɛbɛkwati asiane anaa yɛbɛbɔ yɛn akwahosan ho ban, na anka ahwɛyiye a yɛbɛyɛ no mma nnipa dodow a wowu no so ntew. [rs-E kr. 138 nky. 3]
5. Na Paulo asɛm “mma obi mmmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa” no kyerɛ sɛ na Timoteo yɛ ababun a onnya nnii mfe 20 anaasɛ na ɔboro mfe 20 kakra. (1 Tim. 4:12) [w99-TW 9/15 kr. 29 nky. 1-3; kr. 31 nky. 2]
6. “Me wura” a ɛwɔ Dwom 110:1 no twe adwene si Yesu so. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w94-TW 6/1 kr. 28 nky. 5.]
7. Wɔ Dwom nhoma no mu no, edin Yehowa no pue bɛyɛ mpɛn 700, na edin no a wɔatwa no tia sɛ “Yah” no nso pue mpɛn 43, enti, anyɛ yiye koraa no, Onyankopɔn din no pue mpɛn 5 wɔ nhoma no mu biara mu. [si-E kr. 104 nky. 23]
8. Ɛwom sɛ wɔfrɛ Yesu wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ “Onyankopɔn,” ne “Onyankopɔn-tumfoɔ” mpo, nanso baabiara nni hɔ a wɔka ne ho asɛm sɛ ade nyinaa so tumfoɔ. (Yoh. 1:1; Yes. 9:6; Gen. 17:1) [rs-E kr. 150 nky. 2]
9. Ɛda adi sɛ Mmebusɛm nhoma no a yesua no kyerɛ sɛ yɛresua Salomo ankasa nyansa. [si-E kr. 106 nky. 1]
10. Bible afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 21:17, a ɛse enni sɛ yɛdɔ ‘anigyede’ no kyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yebegye yɛn ani efisɛ ɛmma yennya bere mma nneɛma a ɛho hia paa no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w97-TW 10/1 kr. 27 nky. 7.]
Bua nsɛmmisa a edidi so yi:
11. Dɛn na odwo mu a Yesu fi kaa Marta anim no kyerɛ? (Luka 10:40, 41) [w99-TW 9/1 kr. 30 nky. 7]
12. “Anuonyam” bɛn na na odwontofo no benya wɔ Yehowa anim? (Dw. 73:24) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86-E 12/15 kr. 28 nky. 3.]
13. Ɔsom hokwan ho adwene bɛn na odwontofo no daa no adi wɔ Dwom 84:1-3? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w97-TW 3/15 kr. 8 nky. 5-7.]
14. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 22:17 ne Romafo 2:4, 5 kyerɛ sɛ Yehowa nni kan nhu biribiara a nnipa yɛ anaasɛ ɔnhyɛ sɛnea ebesi wɔn nto hɔ? [rs-E kr. 141 nky. 1-2]
15. Esiane sɛ na tete Kristofo no gye Yesu Mfirihyia Apem Nniso a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma mu no di nti, ɛyɛɛ dɛn na awiei koraa no, Kristofo a wɔawae no poo Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ yi? [w99-TW 12/1 kr. 6 nky. 3–kr. 7 nky. 5]
16. Ɛhe na ɛsɛ sɛ Kristofo ‘kyerɛ afoforo ho anigye’ kosi? (Fil. 2:4) [w99-TW 12/1 kr. 29 nky. 1]
17. Dɛn na ka a wɔka wɔ Dwom 128:3 sɛ mma te sɛ “ngodua a wɔatetɛw” atwa pon ho ahyia no kyerɛ? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w00-TW 8/15 kr. 30 nky. 4.]
18. Sɛ yehu sɛ Onyankopɔn nnwuma yɛ nwonwa a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn dɛn? (Dw. 139:14) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w93-TW 10/1 kr. 15 nky. 18.]
19. Adɛn nti na Mmebusɛm 5:3, 4 ka ɔbrasɛe akyi asɛm sɛ ɛyɛ “nwene sɛ awɔnwene” na ɛyɛ “nnam te sɛ nkrante anofanu”? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w00-TW 7/15 kr. 29 nky. 2.]
20. Sɛnea Mmebusɛm 14:29 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na nhumu tumi boa yɛn ma yɛkwati ɔhaw ahorow a abufuhyew de ba no? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w97-TW 3/15 kr. 13 nky. 7-8.]
Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:
21. Nokware adiyifo kasae ․․․․․․․․ na wɔkyerɛe sɛ ․․․․․․․․ . (Deut. 18:18-20; 1 Yoh. 4:1-3) [rs-E kr. 132 nky. 3; kr. 133 nky. 2]
22. Mmebusɛm no kura atirimpɔw abien—sɛ ɛbɛma yɛanya ․․․․․․․․ ne sɛ ɛde ․․․․․․․․ bɛma yɛn. (Mmeb. 1:1-4) [w99-TW 9/15 kr. 13 nky. 1]
23. “Ɔsorosoroni no hintabea” no yɛ beae a ․․․․․․․․ wɔ ma wɔn a wogyina Onyankopɔn afa wɔ ․․․․․․․․ no ho; ‘ahintaw’ wɔn a ․․․․․․․․ no. (Dw. 91:1) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86-E 12/15 kr. 29 nky. 6.]
24. ‘Yehowa nneyɛe pa nyinaa a enni sɛ yɛma yɛn werɛ fi’ no kyerɛ pefee sɛ yebefi ․․․․․․․․ ‘ne nneyɛe,’ a ɛkyerɛ n’adɔe, ho sɛnea wɔaka wɔ Dwom 103 mu no. (Dw. 103:2) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w99-TW 5/15 kr. 21 nky. 5-6.]
25. Abɛbusɛm yɛ nyansasɛm tiawa a yetumi de yɛ ․․․․․․․․ na ama ․․․․․․․․. [si-E kr. 107 nky. 6]
Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:
26. Ɛwom sɛ na anka Dawid bo betumi afuw esiane nea Saul yɛe no nti de, nanso, onyaa boasetɔ efisɛ (ohui sɛ na Saul tɔ sin na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkoa de bɔne kyɛ; osusuw abusuabɔ a na ɔne Yehowa wɔ no ho kɛse; na onim sɛ enni sɛ obu obi atɛn). (1 Sam. 24:6, 15) [w99-TW 8/15 kr. 8 nky. 7]
27. (Nyansa; Nteɛso; Adetrenee) yɛ nneɛma ahorow pii a wɔaka abom, na nea ɛka ho ne ntease, nhumu, anitew, ne adwempa; (papayɛ; ntease; atɛmpa) yɛ tumi a wɔde hu asɛm bi ani so ne sɛnea n’afa ahorow te, denam hu a wobehu sɛnea afa ahorow no ne asɛm mũ no nyinaa hyia so, na ama wɔanya emu ntease. (Mmeb. 1:1-4) [w99-TW 9/15 kr. 13 nky. 3]
28. Nea ɛmaa Yosef tumi nyaa ahoɔden de kwatii brabɔne a Potifar yere no pɛe sɛ ɔne no bu no ne (Mose Mmara no ho nimdeɛ a na ɔwɔ, a na ɛbara aguamammɔ; ne kunu dibea kɛse a na ɔwɔ obu ma; obu a na ɔwɔ ma abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ no). (Gen. 39:7-9) [w99-TW 10/1 kr. 29 nky. 3]
29. Akyinnye biara nni ho sɛ na Dwom 119 kyerɛwfo no wɔ (Onyankopɔn asɛm, anaa ne mmara; nkwa akyɛde; nkwagye anidaso) a ɛda adi sɛ epue wɔ nhoma no ti biara mu no ho anisɔ kɛse. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w99-TW 11/1 kr. 10. nky. 1; w87-E 3/15 kr. 24 nky. 2.]
30. Wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa (Romafo; Galatifo; Hebrifo) no ti abien a edi kan mu no, yehu Dwom nhoma no mu nsɛm pii a ɛfa Yesu Kristo (dibea kɛse; asubɔ; asase so som adwuma) ho. [si-E kr. 105 nky. 28]
Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:
Mmeb. 2:19; 14:15; 18:17; Rom. 10:17; Heb. 13:18
31. Sɛ obi benya gyidi a, ɛsɛ sɛ odi kan hu nea Bible ka na osusuw ho yiye. [rs-E kr.130 nky. 3]
32. Kristofo ntumi mfa wɔn ho nhyɛ adwuma mu nneyɛe bi a ɛnkyerɛ nokwaredi anaasɛ ɛmma wonsusuw afoforo yiyedi ho mu. [w99-TW 9/15 kr. 10 nky. 2]
33. Ebetumi aba sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nna mu brasɛe mu no bɛkɔ so ayɛ akosi sɛ wobewu. [w99-TW 11/15 kr. 27 nky. 4-5]
34. Obi a onim nyansa na n’ani da hɔ no susuw nea ne nneyɛe de bɛba ho na onni biribiara a aba so foforo biara akyi kɛkɛ. [Dapɛn Biara Bible akenkan; hwɛ g94-E 12/8 kr. 16 nky. 1.]
35. Ɛwom sɛ ebia na asɛm bi a obi aka no te sɛ nea ntease wom de, nanso nyansa wom sɛ yebetie ɔfa foforo no ansa na yɛakyerɛ yɛn adwene. [si-E kr. 111 nky. 36]