Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ
Sɛnea Yehowa boaa Noa na ɔwowaw no ma ɔpam adaka no, saa ara na Ɔrehyira adwuma yi so nso. Ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛbɔ mo amanneɛ sɛ seesei yɛatu adan a wɔbɛda mu no abien fapem agu so kɔnkrit awie. Wɔreyɛ ahoboa ntɛmntɛm agu ɔdan a ɛto so abiɛsa a wɔbɛda mu, Ahɔhogyebea foforo, ne Ahenni Asa no mu kɔnkrit. Ɛde besi nnɛ no, yɛagu kɔnkrit bebree.
Yɛn dua adwumfo a wɔyɛ adwumaden no nso de nnua a wɔde kuru dan so no agu mukaase foforo no so. Yɛafi ase rehyehyɛ frigye dan wɔ mukaase hɔ. Ɛrenkyɛ yebekuru so. Akwan a yɛde bɛkɔ dwumadibea ahorow no nso ho dwuma rekɔ so yiye. Ɛrenkyɛ yebewie nsukorabea dan no mu ne ɛho a yɛrekokwaw no.
Bere a adwuma no rekɔ so no, atuhoamafo pii bɛboa yɛn. Yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛdɔɔso wɔ adapɛn kakra a edi hɔ no mu. (Dw. 127:3) Sɛ yɛhwɛ adwuma a yɛayɛ ne nea aka sɛ yɛyɛ a, yegye di sɛ ‘Yehowa ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.’ (Dw. 127:1) Yiw, Yehowa rehyira n’adwuma so ampa!