Adanse a Yɛde—To the Ends of the Earth Video no Bedi
Henanom na ɛda adi sɛ wɔbɛhwɛ To the Ends of the Earth video no mpɛn pii? Wɔn a ɛyɛ wɔn botae sɛ wɔbɛyɛ asɛmpatrɛwfo no. Dɛn ntia? Nea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛnea Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no te. Wɔde video yi hyɛɛ mfe 50 a sukuu soronko a wɔtewee sɛ wɔde bɛtrɛw adansedi adwuma no mu akɔ “asase ano ano” yi nyae no ho fã. (Dw. 22:27) Hwɛ a wobɛhwɛ no bɛma anisɔ a wowɔ ma asɛmpaka adwuma a ɛho hia sen biara no ayɛ kɛse, na akanyan wo ma woayɛ adwuma yi kɛse. Susuw eyi ho: (1) Wɔ afe 1940 mfiase no, na dɛn na Yehowa ahyehyɛde no dwen ho kɛse? (Aso. 1:8) (2) Wɔ 1942 mu no, na Bible nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa bɛn na ɛrenya mmamu, na ɔkwan bɛn so na na nea yɛde yɛn adwene asi so no yɛ soronko wɔ wiase no de ho? (Adi. 17:8; w89-TW 4/15 kr. 14 nky. 12) (3) Nhyehyɛe bɛn na wɔyɛe sɛ wɔde bedi asomdwoe bere a na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛba wɔ Wiase Ko II akyi no ho dwuma? (jv-E kr. 522 nky. 1-2) (4) Gilead Sukuu no adesuafo a wodi kan no su horow bɛn na w’ani gye ho? (5) Nnipa baahe na wowiee Gilead sukuu no wɔ mfe 50 a edi kan no mu, na nsase ahe na wɔde wɔn kɔɔ so? (6) Nneɛma bɛn na adesuafo no sua fi Bible no mu ankasa? (7) Dɛn na ɛma obi yɛ ɔsɛmpatrɛwfo ne Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛfo pa? (8) Ɔsɛmpatrɛwfo asetra te dɛn, na nsɛnnennen bɛn na ɛsɛ sɛ ogyina ano? (9) Asɛmpatrɛwfo te nka dɛn wɔ wɔn asetra ho, na anigye atitiriw bɛn na efi wɔn ho a wɔde bɔ afɔre no mu ba? (10) Ɛde besi nnɛ no, dɛn na asɛmpatrɛwfo mpempem pii no atumi ayɛ? Ma nhwɛso ahorow. (11) Adwene bɛn na wukura wɔ anuanom mmarima ne mmea a wɔaka asɛm no akodu “asase ano ano” no ho? (12) Dɛn na nhwɛso a asɛmpatrɛwfo ayɛ no hyɛ wo nkuran sɛ yɛ, na dɛn ntia?