Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 5/1 kr. 22
  • Asɛmpatrɛwfo A Wobedi Kristo Ahyɛde No Ho Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpatrɛwfo A Wobedi Kristo Ahyɛde No Ho Dwuma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpatrɛwfo Afoforo A Wɔwɔ Anigye
  • Gilead—Sukuu A Adesuafo Ani Gye Ho!
    Nyan!—1984
  • Nokware Asuafo a Wɔbɛyɛ Nnɛ
    Nyan!—1995
  • Yehowa Akwankyerɛ a Migye Toom Anigye So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Adesuafo a Esii Wɔn Yiye Adan Asɛmpatrɛwfo a Asi Wɔn Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 5/1 kr. 22

Asɛmpatrɛwfo A Wobedi Kristo Ahyɛde No Ho Dwuma

BERE tiaa bi ansa na ɔreforo akɔ soro no Yesu de ahyɛde bi maa n’akyidifo. Ɔkae sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu . . . na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”​—Mateo 28:19, 20.

Yehowa Adansefo nim saa ahyɛde yi yiye. Enti, wɔ 1943 mu no, wobuee Gilead Ɔwɛn-Aban Bible Sukuu no na wɔde atete asɛmpatrɛwfo ma wɔadi asuafoyɛ adwuma no anim wɔ wiase nyinaa. Saa sukuu yi aboa kɛse wɔ asɛm a Yesu kae no mmamu mu wɔ yɛn bere so.

Gilead Sukuu no wɔ Amerika, na wɔde nkyerɛkyerɛ no ma wɔ Engiresi kasa mu. Ná ɛho hia sɛ Adansefo a wɔka kasa afoforo no sua Engiresi na wɔatumi akɔ sukuu no abɛyɛ asɛmpatrɛwfo, na na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ saa. Nanso, September 1981 mu no, Kristofo a wɔka German kasa no ani gyei sɛ wɔtee Gilead Sukuu no fã bi a na wobebue wɔ Wiesbaden, Germany, a ɛde nkyerɛkyerɛ bɛma wɔ German kasa mu, ho asɛm.

Akuw abien awie wɔn adesua wɔ Sukuu no fã yi mu. So biribiara kɔɔ so yiye? Yiw, sɛ yɛhwɛ anigye a wɔbɔ amanneɛ sɛ anuanom nyae bere a kuw a ɛto so abien no rewie wɔn adesua, April 25, 1982 no a.

Asɛmpatrɛwfo Afoforo A Wɔwɔ Anigye

Adesuafo aduonu abiɛsa a na wɔwɔ German adesua kuw a ɛto so abien yi mu no fi Luxembourg, Switzerland, Netherlands ne Germany. Wɔde wɔn rekɔ Brazil, Ecuador, Colombia, Paraguay, Suriname ne Zaire. Wɔ krataa bi a wɔkyerɛwee mu no wɔkyerɛɛ wɔn anisɔ wɔ sukuu no fã foforo yi ho. Wɔkae sɛ: “Ɛma yetumi de yɛn adwene nyinaa kɔɔ honhom mu aduan a wɔde mae no so mmom sen sɛ anka yɛne kasa a yɛnte no yiye bɛpere so.”

Ná nnipa 1,140 a wohyiae, ne asuafo no ankasa, nim sɛ ahyɛde titiriw a Yesu de mae sɛ yɛnkɔyɛ asuafo no da so wɔ hɔ. Na afei na adesuafo no pɛ sɛ wonya mu kyɛfa kɛse.

Okunu ne ɔyere bi kae sɛ: “Yɛde anigye gye adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnkɔ Brazil no tom na yɛhwɛ kwan sɛ yɛde nea yɛasua wɔ ha nyinaa bedi dwuma.”

Ansa na wobefi hɔ akɔ wɔn nsasesin ahorow mu no, akasafo a wɔakyɛ wɔ Kristofo som adwuma no mu de afotu maa adesuafo no. Wɔn mu biako ne Werner Rudtke a ɔde kasakyerɛ bi mae a egyina Paulo asɛm a ɔka kyerɛɛ Kolosefo no so: ‘Monkɔ so nhuhu mma mo ho.’ (Kolosefo 3:13) Egon Peter a ɔkɔɔ Gilead Sukuu no bi 1952 kaa sɔhwɛ ahorow a wɔyɛe wɔ sukuu no mu ho asɛm na ɔtwee wɔn adwene kɔɔ sɔhwɛ a ɛho hia a Onyankopɔn ankasa de rema wɔn no so.​—Dwom 7:9.

Akyerɛkyerɛfo no mu biako, Dietrich Forster, bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ ebia wobehyia ɔsɔretia wɔ ananafo nsase a wɔrekɔ so no so. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade te sɛ asɔretiafo no, na mmom ɛsɛ sɛ wɔde “papa di bɔne so nim” daa. (Romafo 12:9-21) Lothar Kaemner, ɔkyerɛkyerɛfo foforo ne obi a na anka ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Venezuela, kaee adesuafo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn adwene fi wɔn adwuma no so. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Obi nkɔ ɔsa mfa ne ho ntoatoa ofie asetrasɛm mu.” (2 Timoteo 2:4) Ɛsɛ sɛ Kristofo asɛmpatrɛwfo nya ahofama a ɛte saa ara.

Kristoman ananmusifo no binom ama edin “ɔsɛmpatrɛwfo” no abɛyɛ dimmɔne esiane amansɛmdi mu a wɔde wɔn ho hyehyɛ ne nneɛma bɔne afoforo a wɔyɛ nti. Akyinnye biara nni ho sɛ ebinom a wɔreyɛ adwuma wɔ sukuu ahorow mu ne ayaresabea no reboa. Nanso ɛnyɛ Yesu ahyɛde no ho dwuma na wɔredi. Kristofo a wɔahyira wɔn ho so ani gye sɛ Gilead Ɔwɛn-Aban Bible Sukuu no tete asɛmpatrɛwfo soma wɔn titiriw sɛ wɔnkɔyɛ asuafo na wɔnkɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible no. Na kuw a ɛto so abien wɔ Gilead Sukuu no fã a ɛwɔ Germany no mufo a wɔawie adesua no ani agye sɛ wɔanya sukuu titiriw yi mu nkyerɛkyerɛ wɔ wɔn ankasa kasa mu. Afei wɔbɛyɛ Kristofo asɛmpatrɛwfo ankasa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena