‘Fa Biribi Sie’
Wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu no, na wɔwɔ honam fam ahiade a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma. Na wɔhyɛɛ obiara a esi no yiye no nkuran sɛ ‘ɔmfa biribi nsie’ sɛ ntoboa a wɔde bedi saa ahiade no ho dwuma. (1 Kor. 16:1-3) Esiane wɔn ayamye nti, wɔn nyinaa de anigye ‘daa Onyankopɔn ase bebree.’—2 Kor. 9:11, 12.
Ɛnnɛ adwuma a Yehowa nkurɔfo yɛ wɔ wiase nyinaa no mu kɔ so trɛw, na ɛma wohia sika fam mmoa bere nyinaa. Ɛfata sɛ yɛn nso ‘yɛde biribi sie’ daa de di ahiade yi ho dwuma. (2 Kor. 8:3, 4) Yebetumi de honam fam nneɛma ama wɔ akwan horow so. (Hwɛ November 1, 2001, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 28-9.) Yebu eyi sɛ hokwan a ɛma yenya anigye ankasa ma ɛfata.—Aso. 20:35.