KRISTOFO ABRABƆ
‘Yi Biribi Sie’
Ntoboa a yefi yɛn komam yi no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ da yɛ ho nhyehyɛe. Ɔsomafo Paul tuu yɛn fo sɛ, ɛyɛ a ‘yenyi biribi nsie.’ (1Ko 16:2) Saa afotu yi fi Onyankopɔn hɔ, na sɛ yɛde yɛ adwuma a, na yɛreboa ama nokware som anya nkɔso, na ɛma yɛn ani gye. Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛn ntoboa no nyɛ ahe biara mpo a, Yehowa ani so de, ketewa biara nsua. Sɛ ohu sɛ yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ahonyade boa ne som de hyɛ no anuonyam a, n’ani sɔ paa.—Mme 3:9.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN YƐDA MO ASE SƐ MUYI BIRIBI SIE. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Sɛ yedi kan yɛ yɛn ntoboa ho nhyehyɛe a, mfaso bɛn na ɛde ba?
Afotu a ese ‘yenyi biribi nsie’ no, sɛn na ebinom de yɛ adwuma?