Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb18 November kr. 7
  • “Fa Biribi Hyɛ Wo Nsam Ma Yehowa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Fa Biribi Hyɛ Wo Nsam Ma Yehowa”
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛda Yehowa Ase Sɛ Moda Ɔdɔ Adi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Adwuma a Yehowa Adansefo Yɛ Wɔ Wiase Nyinaa No, Wɔyɛ Dɛn Nya Ho Sika?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Dɛn Na Yebetumi De Akyɛ Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • “Nkaprɛ Mma Mmienu” No
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
mwb18 November kr. 7

KRISTOFO ABRABƆ

“Fa Biribi Hyɛ Wo Nsam Ma Yehowa”

Obi de sika reto ntoboa adaka mu; obi de ne fon reyi ntoboa wɔ intanɛt so

Yɛbɛyɛ dɛn de ‘biribi ahyɛ yɛn nsam abrɛ Yehowa’? (1Be 29:5, 9, 14) Wohwɛ nea edidi so yi a, wubehu akwan a wubetumi afa so ayi ntoboa de aboa adwuma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ wɔn asafo ahorow mu ne wiase nyinaa no.

NTOBOA A WƆDE FA INTANƐT SO ANAA WƆDE GU NTOBOA NNAKA MU NO, YƐDE YƐ NEA EDIDI SO YI:

  • Ntoboa a yeyi de boa wiase nyinaa som adwuma

    WIASE NYINAA SOM ADWUMA

    yɛde sisi baa dwumadibea ahorow ne mmeae a wɔkyerɛ kasa ase. Afei dwumadi biara a ɛkɔ so wɔ mmeae a ɛte saa no, yɛde sika yi bi na etua ho ka

    yɛde boa teokrase sukuu ahorow

    yɛde boa bere nyinaa som adwuma titiriw asomfo

    yɛde boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn

    yɛde tua nhoma a yetintim, video ahorow a yɛyɛ ne nneɛma a yɛde gu intanɛt so ho ka

  • Ntoboa a yeyi de boa asafo a yɛwom

    ƐKA A WƆBƆ WƆ ASAFO NO MU

    yɛde tua nneɛma te sɛ kanea, nsu ne Ahenni Asa asiesie ho ka

    yɛde tua sika a asafo no abɔ wɔn tirim sɛ wɔde bɛmena Betel ma wɔde ayɛ nea edidi so yi:

    • Ahenni Asa ne Nhyiam Asa a wosisi wɔ wiase nyinaa

    • Asafo Nsiakyibaa Foto

    • nnwuma foforo a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa

ƆMANTAM NE ƆMANSIN NHYIAM AHOROW

Sɛ wuyi ntoboa sɛ wɔmfa mmoa ɔmantam nhyiam a wopɛ sɛ wokɔ a, yɛde ka wiase nyinaa adwuma foto no ho. Efisɛ sika a ɛwɔ wiase nyinaa adwuma foto no mu no, ɛno bi na yeyi de tua ɔmantam nhyiam, nhyiam titiriw ne amanaman ntam nhyiam ahorow ho ka.

Ntoboa a woyi de boa ɔmansin no, yɛde bi han baabi a wɔyɛ ɔmansin nhyiam. Afei dwuma a wodi wɔ hɔ, ɛhɔ asiesie, ne ɛka foforo biara a ɔmansin no bɔ no, wɔde saa sika no bi na etua. Sɛ ɔmansin bi sika dɔɔso sen nea wohia a, ebia wobetumi asi gyinae de bi akɔboa wiase nyinaa adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no.

donate.jw.org

WUBENYA ƐHO NSƐM PII WƆ INTANƐT SO

Wopɛ sɛ wuhu sɛnea wubeyi ntoboa a, wubetumi afa akwan a edidi so yi mu baako so:

  • kɔ donate.jw.org

  • kɔ jw.org/tw na hwɛ Yɛn Ho Nsɛm afã hɔ. Afei klik “Yi Ntoboa”

  • kɔ JW Library app no so, na klik “Donations” link a ɛwɔ ase hɔ no so

Wokɔ jw.org so a, wubehu ɔfã a wɔato din “Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa” wɔ kasa ahorow bi mu. Wohwɛ hɔ a, wubenya ntoboa ho nsɛmmisa a nkurɔfo taa bisa ho mmuae.

Wohwɛ video a yɛato din Sɛnea Yɛbɛfa Abɛɛfo Afiri so Ayi Ntoboa no a, wubehu akwan a yɛde yi ntoboa ho nsɛm pii.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Ntoboa a yeyi de boa wiase nyinaa som adwuma no bi wɔ hɔ a, ɛho behia sɛ onii no yɛ ho nhyehyɛe to hɔ, anaasɛ onya mmaranimfo bi ma ɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye kyerɛ no. Ebi ne nea edidi so yi:

  • krataa a obi yɛ de kyɛ n’agyapade

  • adan ne nsase, adwuma mu kyɛfa (stocks), sika a wɔde bɔ bosea, ne nsiakyibaa

  • ntoboa a wɔde ma kosi bere bi

Wopɛ sɛ wofa akwan yi mu bi so yi ntoboa a, wo ne Betel mmɔ ho nkɔmmɔ. Wubehu wɔn ho nsɛm wɔ donate.jw.org.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena