Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Sɛ obi kyerɛ ho anigye wɔ sankɔhwɛ mu a, fa no ka wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no ho. Fa Ahwehwɛde nhomawa no ma a adwene no ne sɛ wubefi Bible adesua ase. June: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaasɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi a, fa nhomawa a ɛfata a mo asafo no wɔ bi ma wɔn. July: Wubetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So? Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Wubetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?, ne Will There Ever Be a World Without War? ama wɔ baabi a ɛfata.
◼ Efi September no, yɛde 2002 ɔmantam nhyiam baagye a ɛwɔ Engiresi kasa mu no bɛka nhoma a yɛde bɛbrɛ mo no ho. Ɛho renhia sɛ mobɛkra eyinom. Yebegyina asafo biara kɛse so de baagye no amena wɔn. Sɛ asafo ahorow no behia bi aka ho a, ɛsɛ sɛ wɔde “Literature Request Form” (S-14) kra bi. Ɛsɛ sɛ mokra rɔba a wɔde baagye no hyem no ma asafo no muni biara a ɔpɛ bi no.
◼ Ɛho hia sɛ baa dwumadibea no nya ahwɛfo aguamtrafo ne akyerɛwfo nyinaa address ne telefon nɔma a wɔwɔ mprempren no. Bere biara a wɔbɛsakra no no, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no kyerɛw baa dwumadibea no ntɛm ara ka kyerɛ wɔn. Baabi a wɔwɔ no nɔma a edi telefon nɔma no anim a wɔsakra no nso ka ho.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo nya “Application for Regular Pioneer Service” (S-205) ne “Application for Auxiliary Pioneer Service” (S-205b) nkratasin a ɛdɔɔso gu hɔ. Wobetumi de “Literature Request Form” (S-14) akra eyinom. Anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ wonya nea ɛbɛso wɔn afe biako gu hɔ. Monhwɛ daa akwampaefo akwammisa nkrataa nyinaa mu nhwɛ sɛ wɔhyehyɛ wiei anaa. Sɛ wɔn a wɔhyehyɛ akwammisa nkrataa no nkae da pɔtee a wɔbɔɔ wɔn asu a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene bu na wɔkyerɛw to hɔ.
◼ Bere biara a woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman foforo so a wobɛpɛ sɛ wokɔ asafo nhyiam, ɔmansin nhyiam, anaa ɔmantam nhyiam, na wopɛ sɛ wuhu nna, mmere ne mmeae a wɔyɛ nhyiam horow yi no, ɛsɛ sɛ wokyerɛw baa dwumadibea a ɛhwɛ ɔman no adwuma so no bisa ho asɛm. Wotintim baa dwumadibea ahorow no address wɔ Yearbook foforo biara akyi.