Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/02 kr. 5-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2002
Yɛn Ahenni Som—2002
km 4/02 kr. 5-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

January 7 kosi April 22, 2002 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu yɛ. Bua nsɛmmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsɛmmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsɛmmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyɛm nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]

Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:

1. Nea Salomo ka wɔ Ɔsɛnkafo 2:2 ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛkwati serew ne anigye. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w87-E 9/15 kr. 24 nky. 5.]

2. Sɛ anka Ɔsɛnkafo nhoma no bɛyɛ nea ɛmma yennya anidaso no, ɛyɛ nhoma a Onyankopɔn nyansa a ɛsom bo ahyɛ mu ma na ɛkyerɛ sɛ nneyɛe bɔne na ebu ani gu Onyankopɔn so. [si-E kr. 114 nky. 15]

3. Wɔ Yesaia 1:7 no, na odiyifo no retwe adwene asi Yuda amamfoyɛ a ɛwɔ Ahas ahenni mu no so. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ ip-1-TW kr. 17 nky. 16.]

4. ‘Ahengua no ne Oguammaa no anim a wogyinagyina’ a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9 no kyerɛ sɛ wɔwɔ baabi wɔ ɔsoro. [rs-E kr. 167 nky. 5]

5. Yi a yeyi yɛn yam de yɛn ahode—yɛn bere, yɛn dom akyɛde, yɛn ahoɔden ne yɛn honam fam nneɛma ‘hyɛ Yehowa anuonyam’—no ma yenya honhom fam nhyira pii fi Yehowa hɔ. (Mmeb. 3:9, 10) [w00-TW 1/15 kr. 25 nky. 1]

6. Nnɛyi ‘anwonwade’ a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Yesaia 28:21 no kyerɛ sɛe a wɔbɛsɛe amanaman no wɔ Harmagedon no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ ip-1-TW kr. 295 nky. 16; kr. 301 nky. 28.]

7. Sɛnea Mateo 24:38, 39 kyerɛ no, adidi ne ɔnom, ne nnipa dwumadi afoforo a Noa bere sofo de wɔn ho hyɛɛ mu no na ɛmaa Nsuyiri no praa wɔn kɔe no. [w00-TW 2/15 kr. 6 nky. 6]

8. Yehowa de n’asomfo ahobrɛasefo a wɔmfa pɛsɛmenkominya nsom no no abisade ma wɔn bere nyinaa. [w00-TW 3/1 kr. 4 nky. 3]

9. “Amanaman” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yesaia 60:3 no yɛ amammui aman ankorankoro a wɔaba hann a Onyankopɔn de ama no ho. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w00-TW 1/1 kr. 12 nky. 4.]

10. Yehowa ‘tew’ Yeremia ho ansa na wɔrewo no a ɛkyerɛ sɛ ɔhyehyɛɛ nea Yeremia bɛyɛ ne nkwa nna nyinaa too hɔ. (Yer. 1:5) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-TW 6/1 kr. 10 nky. 2.]

Bua nsɛmmisa a edidi so yi:

11. Wɔ Ɔsɛnkafo 11:1 no, dɛn na ‘abodoo a wɔtow gu no’ kyerɛ? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w87-E 9/15 kr. 25 nky. 11.]

12. Bere a Yehowa ka sɛ “yɛn” wɔ Yesaia 6:8 no, na hena na ɔkyerɛ sɛ ɔka ne ho? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ ip-1-TW nkr. 93-4 nky. 13.]

13. Ɔkwan bɛn so na “hann kɛse” bi hyerɛn wɔ Galilea maa Yesaia 9:2 nyaa mmamu? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ ip-1-TW kr. 126 nky. 17.]

14. Dɛn na yebetumi de Babilon asehwe wɔ 539 A.Y.B. mu ne awiei koraa no sɛe a wɔsɛee no pasaa no atoto ho nnɛ? (Yes. 13:19, 20; 14:22, 23) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ ip-1-TW kr. 188 nky. 30-1.]

15. Ɔkwan bɛn so na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ wɔn ade sɛ “ɔwɛnfo” a wɔka ne ho asɛm wɔ Yesaia 21:6 no? (Mat. 24:45) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ ip-1-TW nkr. 221-2 nky. 11.]

16. Afotu a nyansa wom a wɔde ma aberante a ɔrehwehwɛ aware mu hokafo bɛn na yehu wɔ Mmebusɛm 31:10? [w00-TW 2/1 kr. 31 nky. 1]

17. Mpoa bɛn na wotwa amanaman anyame no wɔ Yesaia 43:9? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-TW 5/1 kr. 16 nky. 3.]

18. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no anan “yɛ fɛ”? (Yes. 52:7) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w97-TW 4/15 kr. 27 nky. 6.]

19. Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na yɛamma yɛn koma annaadaa yɛn? (Yer. 17:9) [w00-TW 3/1 kr. 30 nky. 4]

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a ‘wɔnantew Yehowa kwan’ so no yɛ? (Yer. 7:23) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w99-TW 8/15 kr. 29 nky. 6.]

Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:

21. “Onyansafo koma wɔ ne nifa mu” a nea ɛkyerɛ ne sɛ “nifa” taa kyerɛ ․․․․․․․․․․․․․․․․ ; ma enti eyi kyerɛ sɛ ne ․․․․․․․․ kanyan no ma ɔyɛ adepa. (Ɔsɛnk. 10:2; Mat. 25:33) [Dapɛn Bible akenkan; hwɛ w87-E 9/15 kr. 25 nky. 8.]

22. Asuade a mfaso wɔ so a wɔkyerɛkyerɛ wɔ Nnwom mu Dwom mu no bi ne ․․․․․․․․ ne ․․․․․․․․ mu kura ma Nyankopɔn nnyinasosɛm. [si-E kr. 117 nky. 16]

23. Yuda nkurow sɛefo a wɔka ne ho asɛm wɔ Yesaia 33:1 no ne ․․․․․․․․ a edii nkogu wɔ 632 A.Y.B. mu, na egyaw asade pii a na ․․․․․․․․ na ‘wɔbɛtase te sɛ ntuntummɛ’ no. (Yes. 33:4) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ ip-1-TW kr. 343 nky. 4; kr. 345 nky. 6.]

24. Sɛ wode Yesaia 54:1 toto Galatifo 4:26, 27 ho a, ɛda adi sɛ ‘obonin’ no yɛ “ ․․․․․․․․ ” ; na “nea ɔwɔ kunu” no yɛ ․․․․․․․․ . [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w95-TW 8/1 kr. 11 nky. 8.]

25. Sɛ wodi yɛn ho fɛw na wɔpo yɛn wɔ yɛn baguam ɔsom adwuma no mu a, ehia sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ ․․․․․․․․ na wɔde saa ɔsɔretia no ba yɛn so, na mmom ․․․․․․․․ , yɛn asɛm no Fibea. (2 Kor. 4:1, 7) [w00-TW 1/15 kr. 21 nky. 2]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:

26. Bere a Paulo rekyerɛw anisoadehu a onyae wɔ Yesu soro anuonyam ho no ho asɛm no, ɔkaa ne ho asɛm sɛ obi a “wɔapatuw awo no,” kyerɛ sɛ (na ɔyɛ obi a wɔde honhom awo no foforo; wɔpaw no ntɛm sɛ amanaman no somafo; na ɛte sɛ nea wɔawo no de ahyɛ no anuonyam anaasɛ wanya owusɔre akɔ honhom mu asetram dedaw). (1 Kor. 9:1; 15:8) [w00-TW 1/15 kr. 29 nky. 6]

27. Abodin “Daa-Agya” no kyerɛ tumi ne hokwan a Mesia Hene no de bɛma nnipa anya (honhom fam ahoɔden; asetra a owu nnim wɔ soro; daa nkwa wɔ asase so ho anidaso). (Yes. 9:6; Yoh. 11:25, 26) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ ip-1-TW kr. 131 nky. 26.]

28. Wɔ Yesaia 66:7 nnɛyi mmamu mu no, ‘ɔbabarima’ a wɔwoo no no ne (Yesu Kristo; Mesia Ahenni no; honhom mu man foforo wɔ 1919 mu no). [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w95-TW 1/1 kr. 11 nky. 3.]

29. Sɛ yɛkenkan Mateo 10:28 yiye a, ɛboa yɛn ma yehu sɛ Gehena a ogya dɛw wɔ hɔ no yɛ (baabi a wɔyɛ nkurɔfo ayayade; daa ɔsɛe ho mfonini; obi ho a ɔtwe fi Onyankopɔn ho). [rs-E kr. 173 nky. 3]

30. Wɔ nnɛyi mmamu mu no, “ɔman a wontie [Yehowa, NW]” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yeremia 7:28 no yɛ (Babilon Kɛse; Kristoman; wiase tumi a ɛto so ason no). [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-TW 6/1 kr. 18 nky. 10.]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:

Mmeb. 24:16; Ɔsɛnk. 3:11; Yes. 40:8; Rom. 10:15; 1 Pet. 4:6

31. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, wɔbɛda beae a ɛfata sɛ Onyankopɔn adwuma biara ne n’atirimpɔw hyia no adi. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w87-E 9/15 kr. 24 nky. 8.]

32. Asɛmpa no a wɔka kyerɛ wɔn a wɔawu wɔ honhom fam no ma wonya hokwan sakra. [rs-E kr. 163 nky. 5]

33. Ɛwom sɛ nnipa a wosuro Onyankopɔn ntumi nkwati huammɔdi wɔ asetram de, nanso wɔmpa abaw wɔ papayɛ mu. [w00-TW 2/1 kr. 5 nky. 1]

34. Wontumi mma Onyankopɔn asɛm anaa n’atirimpɔw a waka nyɛ ɔkwa anaasɛ wonsiw ne mmamu kwan. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ ip-1-TW nkr. 401-2 nky. 10.]

35. Yesu asomafo no de Yesaia nkɔmhyɛ no dii dwuma yiye, wɔde kaa ɔsom adwuma no ho asɛm. [si-E kr. 123 nky. 37]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena