Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/02 kr. 4
  • Bere Nyinaa Som Adwuma no Mu Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere Nyinaa Som Adwuma no Mu Anigye
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere Nyinaa Asomfo A Wɔwɔ Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Botae Bɛn na Wode Asisi Wo Mma Ani So?
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Wohia Anuanom Mmarima Pii Wɔ Akwampae Adwuma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 4/02 kr. 4

Bere Nyinaa Som Adwuma no Mu Anigye

1 Sɛ́ ɔbabun no, akyinnye biara nni ho sɛ woasusuw wo daakye ho kakra. Mmebusɛm 2:15 ka kyerɛ yɛn sɛ “nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba.” (Mmeb. 21:5) Ɛbɛyɛ mfaso ama wo sɛ wubesusuw w’asetra mu botae ho anibere so. Sɛ woreyɛ wo nhyehyɛe ama daakye a, susuw bere nyinaa som adwuma no ho. Dɛn ntia?

2 Bisa ebinom a wɔn mfe akɔ anim a wɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ wɔn mmabun bere mu sɛnea wɔte nka, na mpɛn pii no wɔbɛka asɛnkoro yi ara. “Ɛne m’asetra mu bere a eye sen biara!” Onuabarima bi a onyaa bere nyinaa som adwuma no mu anigye fi ne mmeranteberem no kaa akyiri yi wɔ n’asetra mu sɛ: “Ɛyɛ abotɔyam kɛse sɛ mɛkaakae me mmeranteberem na matumi aka sɛ mitiee afotu a nyansa wom yi: ‘Kae wo Bɔfo Kɛse no nnɛ wɔ wo mmeranteberem.’” (Ɔsɛnk. 12:1) Egye nhyehyɛe pa a wo ne w’awofo bɛyɛ nnɛ na ama woanya anigye yi bi wɔ wo mmabunbere mu.

3 Awofo, Monhyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma Ho Nkuran: Sɛ́ Agya a odwen yɛn ho no, Yehowa kyerɛ yɛn ɔkwan pɔtee a yɛmfa so. (Yes. 30:21) Ɔnam akwankyerɛ a ɔdɔ wom saa a ɔde ma no so yɛ nhwɛso pa ma mo sɛ Kristofo a moyɛ awofo. Sɛ́ anka mubegyaw ama mo mma sɛ wɔmpaw ɔkwan a eye ma wɔn no, mumfi nyansam ntete wɔn wɔ ɔkwan a wɔmfa so no so na ama wɔanya Yehowa nhyira. Afei sɛ wonyin a, wo ntetee no bɛboa wɔn ma ‘wɔahu papa ne bɔne mu yiyi.’ (Heb. 5:14) Mpanyimfo fi osuahu mu nim sɛ wontumi mfa wɔn ho nto wɔn nsusuwii so; ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so na ama wɔateɛ wɔn akwan. (Mmeb. 3:5, 6) Eyi ho hia kɛse ma mmabun a wonni osuahu pii wɔ asetra mu no.

4 Awofo, bere a mo mma bɛn mpanyin afe so, anaasɛ wonnya nnuu hɔ mpo no, mumfi nokwaredi mu nka wɔn adwuma ho botae ho asɛm nkyerɛ wɔn. Sukuu afotufo, akyerɛkyerɛfo, ne wɔn mfɛfo sukuufo bɛbɔ mmɔden atwetwe wɔn adwene akɔ wiase nneɛma akyidi so. Boa wo mma ma wɔmpaw sukuu adesua a ɛbɛma wɔanya ntetee pa a ebesiesie wɔn ma wɔanya wɔn honam fam ahiade a wɔremmu wɔn ani ngu Ahenni nneɛma so. (1 Tim. 6:6-11) Mpɛn pii no, ebia ntoaso sukuu adesua a wosua nsaano adwuma ka ho, anaa nsaano adwuma a obi besua ara ne nea obehia na ama watumi anya n’asetrade sɛnea ɛfata bere a ɔreyɛ daa akwampae adwuma no.

5 Monhyɛ mmabun nkuran ma wonni sigyadi akyɛde no akyi. Sɛ akyiri yi wosi gyinae sɛ wɔbɛware a, ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi adi aware mu asɛyɛde a emu yɛ duru ho dwuma. (Hwɛ May 15, 1992, Ɔwɛn-Aban no kratafa 14, nkyekyɛm 18.) Sɛ woreka akwampae adwuma, baabi a wohia mmoa kɛse a wɔbɛsom, Betel som adwuma, ne asɛmpatrɛw adwuma ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛhyɛ nkuran so a, ma mmabun nnya ɔpɛ wɔ wɔn mmofraase sɛ wɔbɛtra ase wɔ ɔkwan a ɛbɛsɔ Yehowa ani, na afoforo benya so mfaso, na ɛde anigye abrɛ wɔn ankasa so.

6 Mmabun, Momfa Bere Nyinaa Som Adwuma no Nni Kan: Mmabun, enhia sɛ mudwen sɛnea akwampae adwuma no te ho. Mubetumi asɔ ahwɛ nkakrankakra denam akwampaefo aboafo adwuma a mobɛyɛ bere biara a mubetumi bere a mokɔ sukuu no ne akwamma bere. Ɛno ansa na mubehu sɛnea akwampae adwuma no ma obi nya abotɔyam ankasa! So wubetumi ayɛ nhyehyɛe ayɛ akwampae adwuma afi nnɛ akosi akwamma a ɛyɛ tenten no awiei?

7 Sɛ woyɛ onua aberantewaa wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu a, susuw sɛnea wobɛfata sɛ asafo mu ɔsomfo no nso ho anibere so. (1 Tim. 3:8-10, 12) Afei nso, si gyinae sɛ ebia wobɛpɛ sɛ wubebisa Betel som ho kwan anaasɛ wobɛkɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi bere a wudi mfe a ɛma wofata sɛ wokɔ no. Osuahu a wubenya wɔ akwampae adwuma no mu no bɛma woanya asuade a mfaso wɔ so, te sɛ sɛnea wodi bere nhyehyɛe so, sɛnea wubetumi atoto wo nneɛma yiye, sɛnea wubetumi ne afoforo abɔ, ne sɛnea wubetumi adi asɛyɛde ho dwuma. Eyi nyinaa besiesie wo ama ɔsom mu hokwan akɛse akyiri yi.

8 Ade titiriw a ɛbɛma woatumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no ne sɛ wobɛyɛ nsi wɔ teokrase nnwuma mu. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ su a ɛte saa ho nkuran, na ɔkyerɛɛ nhyira a ebefi mu aba sɛ: “Na adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa, NW] . . . efisɛ munim sɛ [Yehowa, NW] nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua.” (Kol. 3:23, 24) Ɛmmra sɛ Yehowa bɛma woanya anigye pii wɔ bere nyinaa som adwuma no mu!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena