Wohia Anuanom Mmarima Pii Wɔ Akwampae Adwuma no Mu
1 Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnkɔ so Awurade adwuma mu daa.’ (1 Kor. 15:58) Wɔ pii fam no, eyi kyerɛ sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma. Efi September 1995 besi March afe yi mu no, nnipa 296 na wɔbɛkaa akwampaefo no ho!
2 Mprempren wɔn a wɔresom sɛ akwampaefo no mu dodow no ara yɛ anuanom mmea. (Dw. 68:11) Hwɛ anigye ara a asafo no benya bere a anuanom mmarima pii tumi de wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma no mu no! (Dw. 110:3) Ɛyɛ nea ntease wom sɛ ɛsɛ sɛ anuanom mmarima pii di asetram ne wɔn abusua mu asɛyɛde ahorow a ɛho hia ho dwuma. Afoforo nso yɛ adwumaden de di asafo no honhom fam ahiade ho dwuma. Yɛn ani sɔ saa mmarima yi a wɔreyɛ Ahenni no ho adwumaden no.—1 Tim. 4:10.
3 Nanso, so mo anuanom mmarima no mu pii betumi ayɛ akwampae adwuma no? Sɛ wo yere reyɛ akwampae adwuma a, wubetumi aka ne ho? Sɛ woyɛ obi a onyin ama woagyae adwuma yɛ a, so wunnye ntom sɛ ɔkwan biara nni hɔ a wobɛfa so de wo bere ayɛ adwuma na woanya abotɔyam kɛse sɛ wobɛyɛ bere nyinaa som adwuma? Sɛ afei na woawie sukuu a, wufi komam de mpaebɔ asusuw ho sɛ wobɛyɛ akwampae adwuma no na wonam so anya ɔsom hokwan foforo?—Efe. 5:15-17.
4 Onua barima bi tɔn n’adwuma a na sika wom, kɔyɛɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ akwampae adwuma. Esiane n’akanni pa nti, ne mma baanan no mu baasa bɛyɛɛ akwampae adwuma bere a wowiee sukuu ara pɛ. Ná nea ɔto so anan no wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛba abɛka wɔn ho. Saa onuabarima yi ne n’abusua anya nhyira kɛse.
5 Ɔpon Kɛse Bi Abue: Akwampae adwuma betumi abue “ɔpon kɛse a emu adwuma bɛsow aba.” (1 Kor. 16:9) Wobetumi de anuanom mmarima a wɔyɛ akwampaefo no adi dwuma kɛse wɔ asafo no mu. Nsi a wɔde yɛ asɛnka adwuma no ma wɔyɛ den wɔ honhom mu na ɛma wonya teokrase nkɔso. Akwampae adwuma betumi ama obi anya ɔsom hokwan foforo. Sɛ woyɛ akwampae adwuma no afe biako a, nhyira a ɛne sɛ wobɛkɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no wɔ hɔ. Asafo mu asomfo ne mpanyimfo a wɔyɛ ahokwafo no betumi anya hokwan akɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi. Wobetumi ama awarefo a wɔfata no abɛyɛ akwampaefo titiriw anaa ɔmansin adwuma. Yiw, akwampae adwuma no bue kwan ma ɔsom adwuma hokwan akɛse yi wɔ Yehowa ahyehyɛde mu.
6 Anuanom mmarima a wobetumi ayɛ daa akwampae adwuma no benya anigye kɛse a ɔma pii de ba no.—Aso. 20:35.