So Wubetumi Asom Yehowa sɛ Ɔkwampaefo?
1 Wɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no ase no, ɔkasafo bi bisae sɛ: “So wubetumi ayɛ akwampae adwuma? So wobɛyɛ akwampae adwuma?” Ɔkae sɛ nsemmisa yi ho hia efisɛ Harmagedon abɛn pɛɛ, na eyi ma asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ sen bere biara a atwam.—1 Kor. 7:29a.
2 Akyinnye biara nni ho sɛ akwampae adwuma no yɛ adwumaden. Ehia ahohyɛso ne nhyehyɛe pa. Nanso, yɛn brɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no “nyɛ ɔkwa.” (1 Kor. 15:58) So yebetumi aka asɛnkoro no ara afa dwumadi afoforo a ebia yɛbɛpaw sɛ yebedi akyi a egye yɛn bere ne yɛn ahoɔden no ho? Ɔdɔ a Kristofo wɔ ma Yehowa kanyan wɔn ma wɔyɛ nnam wɔ ne som mu, na Yehowa som ho nnamyɛ ama nnipa pii reyɛ akwampae adwuma no.—1 Yoh. 5:3; Adi. 4:11.
3 Yehowa asomfo nkumaa pii a nnansa yi ara na wɔawie ntoaso sukuu no resusuw akwampae adwuma no ho anibere so. Saayɛ fata yiye. Asetra mu adwuma foforo bɛn na ɛho betumi ahia asen bere nyinaa som adwuma no? (Mat. 6:33) Ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no; eyi yɛ Yehowa adwuma, na hwɛ hokwan araa a ɛyɛ sɛ obi de ne ho hyem fi ne mmofraberem!—Mat. 24:14.
4 So mo a moyɛ awofo no hyɛ mo mma nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu? So mo mma te ase pefee sɛ mopɛ sɛ wɔde wɔn koma, wɔn kra, wɔn adwene ne wɔn ahoɔden nyinaa yɛ adwuma a ɛfata yi? (Marko 12:30) Adawurubɔfo nkumaa pii siesie wɔn ho ma daa akwampae adwuma no denam akwampaefo aboafo a wɔde hokwan biara a wonya yɛ bere a wɔkɔ sukuu no so. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa a wɔsom no saa no ma ne koma ani gye!—Mmeb. 27:11.
5 Ɛwom, ɛnyɛ obiara na ne nsɛm tebea bɛma wayɛ akwampae adwuma no bi. Nanso, sɛ́ ebia woyɛ ɔwarefo anaa ɔhokwafo, abofra anaa ɔpanyin no, so wode mpaebɔ asusuw Yehowa a wobɛsom no sɛ asɛmpa no ho ɔkwampaefo somfo no ho? (Kol. 3:23) Awarefo nkumaa pii reyere wɔn ho atrɛw wɔn som adwuma mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn mu biako anaa wɔn baanu nyinaa atumi ayɛ akwampae adwuma no bi.
6 Sɛ wuntumi nyɛ daa ɔkwampaefo mprempren a, so wubetumi asom sɛ akwampaefo boafo? Ebia mo asafo no mu adawurubɔfo pii reyɛ nhyehyɛe ayɛ saa wɔ April mu. So wubetumi ne wɔn ayɛ? Ɛwom sɛ Yehowa nkoa anokwafo nyinaa nya nhyira pii de, nanso nhyira afoforo wɔ hɔ ma wɔn a wobetumi de bere pii ayɛ Ahenni adwuma no de ahwehwɛ nnipa a wɔte sɛ nguan no.—Aso. 20:35.