Ka Ɔkwan a Onyankopɔn Bɛfa so de Asomdwoe ne Ahotɔ Aba ho Asɛm
1 Nnipa ayɛ asomdwoe ne ahotɔ ho nhyehyɛe pii, nanso emu biara nni hɔ a edi nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ahiade ahorow ankasa ho dwuma. Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea nyamesom, mmusua, ne aman ntam ɔtan ahorow a amammui tumidi ho anibere ne adifudepɛ ka ho ne akwanside akɛse a ɛmma wonnya wiase a ahotɔ ne asomdwoe wom de, nanso nokware Kristofo nim sɛ akwanside ahorow no ankasa ne Satan Ɔbonsam ne pow a onipa pow sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ Yehowa Nyankopɔn ase no.—Dw. 127:1; Yer. 8:9; 1 Yoh. 5:19.
2 Wɔ February mu no, yɛbɛbɔ mmɔden aboa yɛn mpɔtam hɔfo ma wɔahu sɛ ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so de asomdwoe ne ahotɔ aba no nkutoo ne ɔkwan no, na Yehowa na ɔwɔ adesamma haw ahorow nyinaa ano aduru koraa.
3 Fa Nkratawa Afoforo no Di Dwuma: Yɛnam nkratawa afoforo a woyii no adi wɔ yɛn “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no ase no so betumi aka nkrasɛm a ɛma denhyɛ yi akyerɛ afoforo. Ɔyɛkyerɛ tiawa bi kyerɛe sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde Kratawa a Ɛto so 19, So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ, no fi nkɔmmɔbɔ ase na yɛadan no Bible adesua. Ɛsɛ sɛ wiase yi awiei ho nkɔm a Yesu hyɛe no mmamu a ɛyɛ nwonwa no kanyan nnipa pii adwene.
4 Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu ɔpepem pii ahaw, na wɔpɛ sɛ ayaresa, nokware asomdwoe ne ahotɔ bere bi ba. Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔahaw (Kratawa a Ɛto so 20) betumi ayɛ nkuranhyɛ ankasa ama nnipa pii.
5 Kratawa a Ɛto so 21, Nya Abusua Asetra Mu Anigye de nea wobetumi ayɛ ma abusua asetra ayɛ papa mprempren mpo, bere a wɔretwɛn daakye a anigye wom wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no ho afotu pa ma.
6 Kratawa a Ɛto so 22 no bua asemmisa a ɛne sɛ Hena Na Odi Wiase no So Ankasa? tee. Ɛkyerɛkyerɛ nea enti a nnipa afa akwammɔne a ɛsen biara so ayɛ wɔn ho ayayade akunkum wɔn ho wɔn ho bere a nnipa mu fã kɛse ara pɛ sɛ wonya asetra a asomdwoe ne ahotɔ wom nyinaa akyi. Ahonhommɔne dɔm wɔ ɔsoro hɔnom, na Satan anifere nnaadaa kwan a ɛsen biara ne sɛ ɔbɛma nnipa pii agye adi sɛ ɔne n’adaemone no nni hɔ ankasa.
7 Fi Bible Adesua Ahorow Ase: Wubetumi de kratawa, brochure, nsɛmma nhoma, anaa nhoma bi afi Bible adesua ase. Sɛ wuhu sɛ ofiewura no wɔ yɛn nhoma ahorow no biako dedaw a, fa anifere ka sɛ wobɛkyerɛ no sɛnea wobetumi de ayɛ Bible adesua. Nkratawa afoforo no ne brochure foforo, So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? no yɛ nnwinnade a eye kyɛn so a yɛde befi Bible adesua ahorow ase. Bio nso, yebetumi de nhoma biara a Asafo ti no tintimii no 1983 anaa akyɛ sen saa no adi dwuma wɔ asɛnka mu. Sɛ mo asafo no wɔ Abusua Asetra, “Kingdom Come,” Nokware, anaa Youth nhoma no bi wɔ hɔ a, monyɛ nhyehyɛe na momfa nni dwuma yiye wɔ ɔsom adwuma no mu.
8 Yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, nkutoo hɔ na nokware ahotɔ betumi afi aba. Yɛpɛ sɛ yɛboa nnipa pii sɛnea yebetumi ma wobue wɔn adwene ne wɔn koma mu ma Onyankopɔn Asɛm mu nokware no, na wogye anidaso a ɛde ma yɛn no tom. Ɛmmra sɛ yɛde ɔkyerɛkyerɛ mmoa a yɛwɔ no bɛka ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so de asomdwoe ne ahotɔ aba no ho asɛm yiye.—Yes. 2:3, 4.