Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/14 kr. 6-7
  • Wɔayɛ Nkratawa Foforo no Ma Ayɛ Fɛ!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔayɛ Nkratawa Foforo no Ma Ayɛ Fɛ!
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Nkratawa Trɛw Asɛmpa no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa A Yɛde Bedi Nwuma Ɔkwan A Etu Mpɔn So So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bible Ho Nkratawa A Wɔde Di Dwuma So
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 4/14 kr. 6-7

Wɔayɛ Nkratawa Foforo no Ma Ayɛ Fɛ!

1. Nneɛma a yɛde kɔ asɛnka no mu nea ɛwɔ he na wɔayɛ no foforo ma ayɛ fɛ?

1 Woyii nkratawa foforo anum adi wɔ afe 2013 “Onyankopɔn Asɛm Yɛ Nokware!” Ɔmantam Nhyiam no ase. Wɔde Ahenni Asɛm a Ɛtɔ so 38 a n’asɛmti ne “So Ɛyɛ Ampa sɛ Awufo Bɛsan Atena Ase Bio?” no nso abɛka ho. Wɔayɛ nkratawa nsia no nyinaa ma ayɛ fɛ paa. Sɛ wode nkratawa dedaw no toto foforo yi ho a, wuhu sɛ wɔasesa mu; adɛn ntia? Sɛ yɛkɔ afie afie asɛnka a, yɛbɛyɛ dɛn de sɛnea wɔahyehyɛ no no ayɛ adwuma yiye?

2. Adɛn nti na wɔayɛ nkratawa foforo yi?

2 Adɛn Nti na Wɔayɛ no Foforo?: Sɛ yɛkɔ afie afie asɛnka na yɛpɛ sɛ yenya nkurɔfo ne wɔn bɔ nkɔmmɔ a, yɛtaa fa akwan nnan yi so: (1) Yebisa asɛm a ɛbɛma ofiewura no akyerɛ n’adwene. (2) Yɛne no susuw Kyerɛnwsɛm bi ho. (3) Yɛma no nhoma sɛ ɔnkenkan. (4) Yegyaw asɛmmisa a bere foforo yɛne no besusuw ho, na yɛne no yɛ nhyehyɛ a ɛbɛma yɛasan akɔsra no. Nkratawa foforo yi bɛboa ma yɛafa akwan nnan yi so aka asɛm no a yɛmmmrɛ.

3. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde nkratawa foforo no bi ma a, yɛbɛyɛ no sɛn?

3 Sɛnea Yɛde Bɛyɛ Adwuma: (1) Nsɛmmisa a ɛwɔ nkratawa no anim no ka koma paa, enti sɛ wokyia ofiewura no wie a, fa kyerɛ no ma ɔnkyerɛ n’adwene wɔ ho. (2) Bue kratawa no mu na munsusuw asɛm a wɔato din “Nea Bible Aka” no ho. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kenkan kyerɛwsɛm no fi Bible mu tẽẽ. Sɛ ɔwɔ bere a, montoa so nsusuw asɛm a wɔato din “Ɔkwan Bɛn so na Ɛbɛboa Wo?” no ho. (3) Fa kratawa no ma no, na kyerɛ no sɛ onya bere a ɔnkenkan nea aka no. (4) Asɛm foforo wɔ kratawa no akyi a wɔato din “Hwɛ Asɛmmisa Yi.” Asɛmmisa bi wɔ asɛmti yi ase, fa kyerɛ no. Afei, wo ne no nyɛ nhyehyɛe na bere foforo wokɔ a moasusuw mmuae a Bible de ma no ho.

4. Yɛbɛyɛ dɛn de nkratawa foforo no ayɛ sankɔhwɛ?

4 Sɛ wode nkratawa no reyɛ sankɔhwɛ nso a, ɛnyɛ den koraa. Fa kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kratawa no akyi no ma asɛmmisa a wode gyaw ofiewura no ho mmuae. Sɛ wuwie a, twe n’adwene si Asɛmpa nhomawa a ɛda akyi no so. Afei, yi nhomawa no bi kyerɛ no, na kyerɛ no baabi a mubenya asɛm a mususuw ho no ho nsɛm pii, na fa ma no. Sɛ ogye nhomawa no a, wo ne no nyɛ nhyehyɛe na da foforo a wobɛkɔ no moasua. Bible adesua ara na woafi ase no! Anyɛ saa nso a, wubetumi ama no kratawa foforo na bere foforo sɛ wokɔ hɔ a moabɔ mu nkɔmmɔ.

5. Dwuma bɛn na yɛde nkratawa adi wɔ asɛnka mu?

5 Yɛde nkratawa ayɛ asɛnka adwuma no bɛboro mfe 130 ni. Ɛwom, wɔayɛ nkratawa no wɔ ɔkwan ahorow so de, nanso emu biara boa yɛn wɔ asɛnka mu paa. Momma yɛmfa nkratawa foforo yi nyɛ adwuma yiye, na yɛnam so de Bible mu nimdeɛ aboa afoforo wɔ wiase nyinaa.—Mmeb. 15:7a.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena