Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/02 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase July 8
  • Dapɛn a Efi Ase July 15
  • Dapɛn a Efi Ase July 22
  • Dapɛn a Efi Ase July 29
  • Dapɛn a Efi Ase August 5
Yɛn Ahenni Som—2002
km 7/02 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase July 8

Dwom 201

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa kratafa 4 hɔ nyansahyɛ yɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde July 15 Ɔwɛn-Aban ne August 8 Nyan! ma. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua asɛm a wɔde siw nkɔmmɔbɔ kwan, a ɛne “Ɛha De Yɛyɛ Kristofo Dedaw” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no nkratafa 11.

10 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma a ɔma asɛm no fa wɔn asafo no ho.

20 min: Nhyehyɛe a Wɔyɛ De Di Adanse Bɔnnɔ So. Atiefo susuw Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 93-4 ho. Ma wɔmfa krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no anim hɔ nyansahyɛ no nyɛ akwan abien anaa abiɛsa a wɔfa so di ɔhɔho, ofipamfo, obusuani, anaa ɔmannifo adanse bɔnnɔ so ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 139 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 15

Dwom 144

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛde Bible Di Dwuma Wɔ Yɛn Som Adwuma Mu. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Na Yesu nim Kyerɛwnsɛm no na na ɔtaa twe adwene si so bere a ɔrekyerɛkyerɛ no. (Luka 24:27, 44-47) Nea ɔkyerɛkyerɛe no mfi n’ankasa tirim. (Yoh. 7:16-18) Ɛho hia sɛ yɛn nso yɛde Onyankopɔn Asɛm di dwuma. Ɛwɔ tumi kɛse sen nea yɛn ankasa betumi aka biara. (Yoh. 12:49, 50; Heb. 4:12) Awerɛkyekye ne anidaso a Kyerɛwnsɛm no de ma no twetwe nnipa komapafo. Fa yɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛkenkan Bible kyerɛwsɛm biako wɔ w’asɛm a woka kyerɛ no mu. Da no adi sɛ wɔde kyerɛw nsɛm ama wɔ nsɛm a wɔhyɛ nyansa sɛ yɛnka mfa nsɛmma nhoma mma no mu. Ma atiefo nka sɛnea wɔde Bible di dwuma wɔ asɛnka mu ne tumi a eyi anya wɔ wɔn ankasa ne wɔn a wɔka asɛm kyerɛ wɔn no so ho nsɛm bi.

Dwom 215 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 22

Dwom 47

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Ɔwofo ne ne ba a wɔreyɛ adwuma abom wɔ asɛnka mu yɛ sɛnea wɔde kratafa 4 hɔ nyansahyɛ di dwuma de August 1 ne August 8 nsɛmma nhoma ma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔn mu biako de Ɔwɛn-Aban no ma na ɔfoforo no de Nyan! no ma. Hyɛ awofo nkuran sɛ wɔntete wɔn mma nkakrankakra wɔ asɛnka mu.

15 min: Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Obi a Obisa Nkramosom Ho Asɛm? Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ. Fa Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ nhoma no ti 12 kyerɛkyerɛ nsɛdi a ɛwɔ Bible ne Koran mu no mu. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 285 no mu.) Kyerɛ nsonsonoe a ɛda nea Nkramosom kyerɛkyerɛ fa ɔkra ho (kratafa 297-300) ne nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma wɔ ho no ntam. (Hwɛ ase hɔ asɛm a ɛwɔ kratafa 299 no.) Fa Reasoning nhoma no kratafa 375-9 yɛ sɛnea wɔkyerɛkyerɛ nea Bible ka wɔ ɔkra ho no mu kyerɛ onigyeni foforo ho ɔyɛkyerɛ.

18 min: Mɛyɛ Dɛn Atumi Akwati Intanɛt So Asiane Ahorow? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina January 22, 2000 Engiresi Nyan! kratafa 19-21 so. Kyerɛ asiane ahorow a ɛwɔ Intanɛt a wɔde di dwuma a anohyeto biara nnim no mu na kyerɛkyerɛ sɛnea wɔremma ensum wɔn afiri no mu. Ma atiefo nka sɛnea wɔanya afotu yi a wɔde adi dwuma no so mfaso ho asɛm.

Dwom 61 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 29

Dwom 54

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn July asɛnka akontaabu mma.

10 min: “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo.” Ɔkasa. Ka da a mode bɛyɛ da koro nhyiam titiriw a edi hɔ no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ nkotie dwumadi no yiye. Hyɛ adawurubɔfo no nkuran sɛ wɔnto nsa mfrɛ anigyefo a wɔyɛ foforo ne wɔn Bible adesuafo.

25 min: “Monyɛ Biako.” Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, fa May 8, 2000 Nyan! kratafa 9-10 hɔ nsɛm ka ho. Sɛ mudu nkyekyɛm 4 a, fa April 1, 1995, Ɔwɛn-Aban no kratafa 16-17, nkyekyɛm 4-6 mu nsɛm ka ho.

Dwom 81 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase August 5

Dwom 38

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw “Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ” ho.

20 min: “Nnipa a Wofi Ɔkasa Nyinaa Mu a Wɔreboaboa Wɔn Ano.” Fa April 1, 2002, Ɔwɛn-Aban no kratafa 24 mu nsɛm ka ho. Sɛ ɛte saa wɔ mo hɔnom a, kyerɛ nea moreyɛ de aboa mo asasesin mufo a wɔka aman foforo so kasa no tiawa, na yɛ asɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyɛm 4 no ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: Mo hɔnom osuahu ahorow. Ma atiefo nka ɔmansin nhyiam a wɔkɔe, akwampaefo aboafo adwuma anaa honhom fam dwumadi foforo bi a wɔanya mu kyɛfa abesi nnɛ wɔ akwamma asram mu ho osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran nkyerɛ.

Dwom 184 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena