Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
May 6 kosi August 19, 2002 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu yɛ. Bua nsɛmmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.
[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsɛmmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsɛmmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyɛm nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]
Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:
1. Yeremia 18:1-6 kyerɛ sɛ Yehowa ma nnipa yɛ nneɛma a wɔmpɛ. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w99-TW 4/1 kr. 22 nky. 3-4.]
2. Atoro adiyifo no wiaa nea ebefi Onyankopɔn asɛm mu aba no denam nnipa no a wɔhyɛɛ wɔn nkuran ma wotiee atosɛm mmom sen sɛ wobetie nokware kɔkɔbɔ a efi Onyankopɔn nkyɛn no so. (Yer. 23:30) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w92-TW 2/1 kr. 4 nky. 3.]
3. Wɔ Yeremia 25:15, 16 no, “abufuhyew nsã kuruwa” a ɛma ‘amanaman nyinaa yɛ sɛnea wɔabobɔ adam’ no kyerɛ atoro som nkɛntɛnso a ɛma nnipa yɛ nneɛma a nyansa nnim no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w94-TW 3/1 kr. 20 nky. 13.]
4. Sɛnea Mateo de Yeremia nkɔmhyɛ dii dwuma no, “ɔtamfo asase” no kyerɛ owu asase, faako a mmofra a Herode Ɔkɛseɛ kunkum wɔn no nam owusɔre so befi hɔ aba no. (Yer. 31:15, 16; Mat. 2:17, 18) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w80-TW 2/1 kr. 6 nky. 13.]
5. Yeremia 37:21 ma awerɛhyem sɛ Yehowa betumi awowaw n’asomfo anokwafo wɔ sika fam ahokyere mu. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w97-TW 9/15 kr. 3 nky. 4–kr. 4 nky. 2.]
6. Kwadwom nhoma no ka awerɛhow kɛse a wodii wɔ Yerusalem a Babilon hene Nebukadnesar sɛee no wɔ 607 A.Y.B. mu no ho asɛm. [si-E kr. 130 nky. 1]
7. Kwadwom 5:7 kyerɛ pefee sɛ Yehowa twe mmofra aso tẽẽ wɔ wɔn awofo bɔne ho. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ adaka a ɛwɔ w88-E 9/1 kr. 27 no mu.]
8. Agyiraehyɛde a ɛwɔ momaso a wɔka ho asɛm wɔ Hesekiel 9:4 no kyerɛ sɛ nimdeɛ nkutoo betumi agye obi nkwa. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-TW 11/1 kr. 12 nky. 18.]
9. ‘Nnipa mu akyɛde’ a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Efesofo 4:8 no yɛ Kristofo mpanyimfo a honhom kronkron apaw wɔn ama wɔn tumi sɛ wonni wɔn mfɛfo gyidifo honhom fam ahiade ho dwuma. (Aso. 20:28) [w00-TW 8/1 kr. 6 nky. 3]
10. Wɔ Hesekiel ti 23 nnɛyi mmamu mu no, wobetumi de Protestantsom atoto Oholiba ho na wɔde Roma Katoleksom atoto ne nuabea panyin Ohola ho. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-TW 11/1 kr. 18 nky. 22.]
Bua nsɛmmisa a edidi so yi:
11. Adiyifo baasa bɛn na na wɔda nsow wɔ efi 617 kosi 607 A.Y.B. mu mfe a na emu yɛ den a ekowiee Yerusalem sɛe mu no mu? [si-E kr. 133 nky. 2]
12. Ɔkwan bɛn so na nokware anisɔ ma Kristo agyede afɔrebɔ no da adi wɔ sɛnea yegye nsato a ɛwɔ Luka 9:23 so no mu? [w00-TW 3/15 kr. 8 nky. 1]
13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa “daadaa” Yeremia? (Yer. 20:7, NW) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89-TW 5/1 kr. 31 nky. 6.]
14. Na dɛn na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ honhom kronkron no ‘bɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na wakae mo nea maka mo nyinaa’ no? (Yoh. 14:26) [w00-TW 4/1 kr. 8 nky. 7-8]
15. Sɛnea Yeremia 35:18, 19 kyerɛ no, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma nnɛyi Rekabfo kuw no? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ su-TW kr. 131 nky. 7.]
16. Ɔkwan bɛn so na na Nefilim no yɛ “abran akɛse” ne “abirɛmpɔn”? (Gen. 6:4) [w00-TW 4/15 kr. 27 nky. 9]
17. Ɔkwan bɛn so na Baruk ankɔ so ankari pɛ wɔ honhom fam, na dɛn na yebetumi asua afi ne suahu no mu? (Yer. 45:1-5) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w97-TW 8/15 kr. 21 nky. 14-16.]
18. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Yeremia 50:38 nyaa mmamu? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ dp-TW kr. 150 nky. 2-3.]
19. Sɛnea Kwadwom 1:15 kyerɛ no, dɛn na nea ɛtoo Yerusalem, “Yuda babea” no kyerɛ ma Kristoman? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ adaka a ɛwɔ w88-TW 9/1 kr. 27 no mu.]
20. Dɛn na asɛm ‘Yi abotiten na pɔn ahemmotiri’ a wɔakyerɛw wɔ Hesekiel 21:26 no kyerɛ? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-TW 11/1 kr. 17 nky. 16.]
Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:
21. Ɔhobrɛasefo da ․․․․․․․․ adi, na onim ․․․․․․․․ ne nea obetumi ayɛ. (Mika 6:8) [w00-TW 3/15 kr. 21 nky. 1-2]
22. Ɛwom sɛ ebia honhom kronkron no renyi ․․․․․․․․ mfi hɔ de, nanso ebetumi aboa yɛn ma ․․․․․․․․. (1 Kor. 10:13; 2 Kor. 4:7) [w00-TW 4/1 kr. 11 nky. 6]
23. Odiyifo Daniel hui wɔ Yeremia nhoma horow mu sɛ Yerusalem amamfoyɛ bedi ․․․․․․․․ ; ba a ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ no hyɛ yɛn gyidi den wɔ Yehowa ․․․․․․․․ mu tumi mu. (Yer. 25:12; Dan. 9:2) [si-E kr. 129 nky. 37]
24. Ɛsɛ sɛ Kwadwom nhoma no kanyan nokware asomfo ma wɔyɛ ․․․․․․․․ na ․․․․․․․․, na ɛyɛ kɔkɔbɔ a ․․․․․․․․ ma wɔn a wobu Yehowa Nyankopɔn animtiaa no. [si-E kr. 132 nky. 13]
25. Abraham nhwɛso a ɛne sɛ ogyae nsɛm mu bere a odi akasakasa ho dwuma no hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma ․․․․․․․․ anaa ․․․․․․․․ sɛe yɛne yɛn nuanom ntam abusuabɔ a ɛsom bo no. (Gen. 13:5-12) [w00-TW 8/15 kr. 24 nky. 3-4]
Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:
26. Hiob buu Yehowa (nimdeɛ; mmɔborohunu; atemmu) sɛ ɛsom bo ma enti ɔne ne nkoa dii wɔ (ntease; mmɔborohunu; atɛntrenee) mu. (Hiob 31:13, 14) [w00-TW 3/15 kr. 26 nky. 1]
27. Wɔ Yeremia 16:2-4 no, wɔmaa odiyifo no ahyɛde sɛ ɛnsɛ sɛ ɔware (na ama wada ahofama adi; wayɛ sigya a Mesia no dii no ho mfonini; na asi so dua sɛ asɛm a Yehowa ka faa Yerusalem sɛe ho no bɛbam). [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w78-E 4/15 kr. 31 nky. 2.]
28. Wɔ Mmebusɛm 4:7 no, nyansa kyerɛ sɛ (obi nim nokwasɛm ahorow; ohu abusuabɔ a ɛda nokwasɛm ahorow no ntam; ɔde nimdeɛ ne ntease di dwuma). [w00-TW 5/15 kr. 21 nky. 1]
29. Onipa biara ntumi nhu sɛnea na wɔbɔ Onyankopɔn din wɔ mfitiase Hebri Bible mu no pefee efisɛ wɔde (ɛnne nkyerɛwde nkutoo; anom nkyerɛwde nkutoo) na ɛkyerɛw Hebri a wɔde kyerɛwee Bible no. [rs-E kr. 195 nky. 1]
30. Onyankopɔn teaseɛnam a wɔka ho asɛm wɔ Hesekiel ti 1 no gyina hɔ ma (Onyankopɔn Mesia Ahenni; Yehowa abɔfo honhom fam ahyehyɛde; nkitaho a Yehowa ne nkaefo no di) no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-TW 11/1 kr. 9 nky. 5.]
Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:
Deut. 7:25, 26; Mmeb. 4:18; 5:21; Yer. 46:28; Rom. 15:4
31. Ahyɛde yi de nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo bu ahoni biara a ebia na wɔsom wɔn kan no ma. [rs-E kr. 186 nky. 3]
32. Ɔkwan pɔtee a Yehowa fa so de awerɛkyekye ma ne N’asɛm a wɔakyerɛw a daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye ho asɛm wom no. [w00-TW 4/15 kr. 5 nky. 4]
33. Ɛnsɛ sɛ awofo nteɛso tra so anaasɛ ɛkɔ akyiri sen atirimpɔw nti a wɔde nteɛso ne nkyerɛkyerɛ ma no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ kl-TW kr. 148 nky. 20.]
34. Esiane sɛ Yehowa ma n’asomfo tumi te n’atirimpɔw ase nkakrankakra nti, nimdeɛ a ɛkɔ anim pii no taa hwehwɛ sɛ obi yɛ nsakrae wɔ ne nsusuwii mu. [rs-E kr. 205 nky. 4]
35. Ɛmfa ho sɛ wɔyɛ nna ho afide bi wɔ kokoam no, Onyankopɔn hu. [w00-TW 7/15 kr. 31 nky. 3]