Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Wubetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So? Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Wubetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?, ne Will There Ever Be a World Without War? ama wɔ baabi a ɛfata. September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? Ansa na mobɛkra bi afi Betel de aka ho no, yɛsrɛ sɛ mummisa asafo ahorow a ɛbemmɛn no nhwɛ sɛ ebia wɔwɔ bi a aka gu hɔ anaa. October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Sɛ obi kyerɛ ho anigye a, fa Ahwehwɛde nhomawa no ma no na bɔ mmɔden titiriw sɛ wubefi Bible adesua ase. November: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaasɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ nkurɔfo wɔ eyinom bi dedaw a, wubetumi de nhoma bi a akyɛ ama. Sɛ munni bi wɔ hɔ a, mubetumi abisa ahwɛ sɛ ebia asafo ahorow a ɛbɛmmɛn mo no wɔ nhoma dedaw bi a aka gu hɔ anaa.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra 2003 Calendar of Jehovah’s Witnessess ne Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2003 bere a wɔrekra nhoma wɔ September mu no.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔhwehwɛ mu wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.
◼ Ɛsɛ sɛ mokan nhoma ne nsɛmma nhoma a mowɔ nyinaa no dodow wɔ August 31, 2002, anaa bere a aka kakraa bi na saa da no adu no. Nhomakan yi te sɛ nea nhoma sohwɛfo no yɛ ɔsram biara no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw dodow nkabom no hyɛ “Literature Inventory” kratasin (S-18) no so. Mubetumi agye nsɛmma nhoma a mowɔ no dodow afi asafo biara nsɛmma nhoma so ahwɛfo hɔ. Asafo biara a ɛhwɛ nhomakra so no nsa bɛka “Literature Inventory” nkratasin (S-18) no abiɛsa. Yɛsrɛ sɛ momfa biako mmena Asafo ti no ansa na September 6 atwam. Momfa biako nto mo nneɛma mu. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a morekan no. Ɛsɛ sɛ asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo hwɛ nhomakan no so. Ɔno ne wɔn ɔhwɛfo guamtrani no de wɔn nsa bɛhyɛ kratasin no ase.
◼ Asafo mu ɔkyerɛwfo no bɛhyehyɛ ɔsom akontaabu no nyinaa wɔ Asafo Dwumadi Mu Nhwehwɛmu Ho Amaneɛbɔ kratasin (S-10) no so. Ɔde boasetɔ nso bɛkyerɛkyerɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo biara a ebia ɔbɛboa no ma wɔahyehyɛ akontaabu no. Eyi bɛma wɔahyehyɛ nsɛm a wohia fi “Congregation’s Publisher Record” nkratasin (S-21) so no pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Asafo Dwumadi Mu Nhwehwɛmu Ho Amanneɛbɔ kratasin (S-10) no yiye fɛfɛɛfɛ na ɔsom boayikuw no hwɛ mu yiye na wɔde mena ansa na September 10 adu.
◼ Yenyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo a ɛyɛ 68,596 wɔ April mu. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, ɔdawurubɔfo biara yɛɛ Bible adesua bɛyɛ abien. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani gye adwuma pa a yɛyɛe no ho. Momma yɛn nyinaa mfa yɛn akontaabu mma ntɛm wɔ ɔsram biara awiei na ama yɛaboa ma yɛanya akontaabu pa.