Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase August 12
Dwom 76
13 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde August 15 Ɔwɛn-Aban ne September 8 Nyan! ma. Wɔ emu biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua asɛm a wɔde siw nkɔmmɔbɔ kwan, a ɛne “Adɛn nti na motaa ba ha saa?” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kratafa 12.
20 min: “Fa Honhom Fam Botae Ahorow Sisi W’anim.” Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, fa daa akwampae ne asɛmpatrɛw ne Betel adwuma ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɛwɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 114-16 ka ho.
12 min: Mo asafo no mu osuahu ahorow. Ma asafo no nka osuahu ahorow a wɔanya bere a wɔde So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho di dwuma no. So wɔafi Bible adesua bi ase? Sɛ saa a, kyerɛ sɛnea wofii ase anaasɛ yɛ osuahu no biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ. Ka adaka “Hokwan Ahorow a Yɛde Bɛkyekyɛ Kratawa No” a ɛwɔ December 2001 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4 no mu ho asɛm.
Dwom 123 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 19
Dwom 182
15 min: Asafo mu nkaebɔ. “So Wokɔ Asɛnka Daa?” Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, fa osuahu a ɛwɔ 2000 Yearbook no kratafa 51 nkyekyɛm 3 ka ho.
15 min: Dɛn na Esiw Wɔn Kwan? Atiefo nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ. Wɔ yɛn som adwuma no mu no, yɛtaa hyia nkurɔfo a wɔmpɛ sɛ wɔka wɔn gyidi ho asɛm. Eyi yɛ akwanside a ebetumi asiw yɛn kwan wɔ Ahenni asɛm no ho. Sɛ yehu nea enti a obi mpɛ sɛ ɔkasa a, eyi betumi aboa yɛn ma yɛafa ɔkwan bi a ɛbɛma yɛama onipa no akyerɛ n’adwene so. Munsusuw sɛnea yebetumi asakra asɛm a yɛka kyerɛ no mu bere a yehyia nnipa a wodidi so yi ho: (1) Wɔn a wɔyɛ anibiannaso wɔ nyamesom, mpo wɔn ankasa de ho. (2) Wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔpo nyamesom amanne a wɔn abusua ne wɔn nananom a wɔawuwu de wɔn ho hyɛɛ mu no. (3) Wɔn a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛka wɔn gyidi ho asɛm esiane sɛ wonni Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm titiriw biara wɔ ho nti. (4) Wɔn a nnaadaasɛm a asɔretiafo ka no ama wɔanya yɛn ho adwene a ɛnteɛ. Sakra nea wɔakyerɛw no mu sɛnea ehia na ama ɛne mo asasesin mu tebea ahyia, na twe adwene si su a motaa hyia no so. Fa ɔyɛkyerɛ tiawa kyerɛ sɛnea wɔkanyan obi ma wɔne no bɔ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ ka ho.
15 min: “Da Kristofo Nokwaredi Adi Bere a Wotu Wo Busuani Bi No.” (Nkyekyɛm 1-8) Ɔpanyin a ɔfata yiye di ho dwuma bere a ɔde nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma no. Ma onuabarima bi a onim akenkan yiye nkenkan nkyekyɛm no biara den.
Dwom 136 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 26
Dwom 189
13 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ma daa ɔkwampaefo anaa ɔkwampaefo boafo mfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no nyɛ sɛnea wɔde September 1 Ɔwɛn-Aban ma ho ɔyɛkyerɛ, na ma asafo mu ɔdawurubɔfo nyɛ sɛnea wɔde September 8 Nyan! ma ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran ma wɔmfa kyerɛwsɛm bi nni dwuma wɔ wɔn asɛm mu.
17 min: “Yɛ Nkitahodifo!” Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnkenkan Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no ti a ɛne “Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu” a ɛwɔ kratafa 62-5 no.
15 min: “Da Kristofo Nokwaredi Adi Bere a Wotu Wo Busuani Bi No.” (Nkyekyɛm 9-14) Ɔpanyin a ɔfata yiye di ho dwuma bere a ɔde nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma no. Ma onuabarima bi a onim akenkan yiye nkenkan nkyekyɛm no biara den.
Dwom 125 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 2
Dwom 84
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn August asɛnka akontaabu mma. Fa bere tiaa bi ka “Wo Ne Wo Mma Nkenkan Ade” a ɛwɔ May 1, 1999, Ɔwɛn-Aban no kratafa 25 no ho asɛm.
20 min: Siesie Wo Ho Ansa na Woakɔ. Nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ. Nhyehyɛe pa boa ma yetu mpɔn wɔ asɛnka mu. Enti, di kan: (1) Gye nhoma a wubehia no. (2) Hwɛ hu sɛ wowɔ afie afie kyerɛwtohɔ a ɛdɔɔso ne pɛn anaa pɛnsere. (3) Sɛ wobɛfa kar a, yɛ akwantu ho nhyehyɛe a ɛfata. (4) Susuw sankɔhwɛ a woyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛyɛ no ho. (5) Siesie nea wobɛka no. Sɛ wo na wobɛhwɛ asɛnka nhyiam no so a, gye asasesin a ɛso. Wo ne atiefo no nsusuw akwan abien anaa abiɛsa a mobɛfa so de Creation nhoma no ama wɔ asɛnka mu wɔ September mu no ho. Yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ no mu biako ho ɔyɛkyerɛ, na kenkan kyerɛwsɛm biako wom.—Hwɛ nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ September 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 8 ne June 1995 de no kratafa 8.
15 min: Asafo mu ahiade. Anaasɛ ma asafo no nka osuahu ahorow a wɔanya bere a wodi adanse bɔnnɔ so no, te sɛ ebia asɛmpa no a wɔka kyerɛɛ nkurɔfo wɔ baabi a wɔde kar sisi, lɔre mu, agodibea, aguadidan mu, ne mmeae foforo a ɔmanfo kɔ hɔ no. Yɛ osuahu no biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 99 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.