Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/02 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2002
Yɛn Ahenni Som—2002
km 10/02 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Sɛ obi kyerɛ ho anigye a, fa Ahwehwɛde nhomawa no ma no, na bɔ mmɔden titiriw sɛ wubefi Bible adesua ahorow ase. November: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaasɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ nkurɔfo wɔ eyinom bi dedaw a, mubetumi de nhoma dedaw bi ama. Sɛ munni nhoma dedaw no bi a, mubetumi ahwɛ sɛ asafo ahorow a ɛbemmɛn no wɔ pii a. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Anaasɛ mubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, The Bible—God’s Word or Man’s?, anaasɛ Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So ama. Sɛ mo asafo no nni nhoma foforo a mubetumi de ama no bi a, yɛsrɛ sɛ monhwɛ sɛ asafo ahorow a ɛbemmɛn no bi wɔ pii a mubetumi agye bi de ayɛ adwuma anaa. January: Nhoma biara a wotintimii ansa na afe 1988 reba a mo asafo no wɔ bi. Sɛ munni eyinom mu biara a, yɛsrɛ sɛ monhwɛ sɛ asafo ahorow a ɛbemmɛn no wɔ nhoma dedaw pii a, mubetumi agye bi de ayɛ adwuma. Asafo ahorow a wonni nhoma dedaw no betumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ ama.

◼ Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu no yɛ “Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2003” no, na ɛsɛ sɛ wode sie na wode di dwuma wɔ afe 2003 nyinaa mu.

◼ Yɛde “Congregation Meeting Information” kratasin foforo (S-5) remena asafo ahorow nyinaa. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no hyehyɛ eyi. Ɛho hia sɛ moma baa dwumadibea no nsa ka mo telefon nɔma a wɔnam so betumi ne asafo no adi nkitaho. Sɛ telefon no nyɛ ɔpanyin bi de a, yɛsrɛ sɛ monkyerɛw “c/o” nni nɔma no anim. Afei nso, sɛ bere a mode yɛ mo asafo nhyiam ahorow no bɛsesa January 1 a, ɛsɛ sɛ mokyerɛ nsakrae ahorow yi wɔ kratasin no so ansa na mode amena.

◼ Nhoma a Ebi Aba Bio:

Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?—Ewe

◼ Kasɛt Foforo a Ebi Aba:

Asetra a Abotɔyam Wom—Sɛnea Wubetumi Anya—Engiresi

Monto Ayeyi Nnwom—Engiresi

◼ Video Foforo a Ebi Aba:

The Greatest Man Who Ever Lived—On Videocassette, (Po 7)—Amerika Mum Kasa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena