Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/02 kr. 3
  • Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2003

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2003
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Akwankyerɛ
  • DWUMADI NHYEHYƐE
Yɛn Ahenni Som—2002
km 10/02 kr. 3

Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2003

Akwankyerɛ

Wɔ 2003 mu no, nhyehyɛe a yebedi akyi de ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no na edidi so yi.

NHOMA A EBEGYINA SO: Twi Bible Foforo no, Ɔwɛn-Aban [w-TW], Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso [be-TW] “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” (1990 De) [si-E], ne Reasoning From the Scriptures (1989 De) [rs-E].

Ɛsɛ sɛ wɔde dwom, mpaebɔ, ne nnianim nsɛm tiawa fi sukuu no ase wɔ BERE ANO, na afei wɔtoa so sɛnea edidi so yi:

ƆKASA SU: Simma 5. Sukuu sohwɛfo no, ɔfotufo boafo, anaa ɔpanyin foforo a ɔfata begyina Ɔsom Sukuu nhoma no so akyerɛkyerɛ ɔkasa su bi mu. (Wɔ asafo horow a mpanyimfo kakraa bi wom mu no, wobetumi de asafo mu ɔsomfo bi a ɔfata adi dwuma.) Ɛsɛ sɛ wosusuw nnaka a ɛwɔ nkratafa bi a wɔakyerɛ mu nsɛm ka ho, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ ɛnka ho. Ɛsɛ sɛ ogyaw dwumadi no. Eyinom wɔ hɔ titiriw ma dwuma a ankorankoro de bedi ne kokoam afotu.

DWUMADI 1: Simma 10. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo yɛ, na ebegyina Ɔwɛn-Aban anaa Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso, anaasɛ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” so. Ɛsɛ sɛ wɔde simma du ma no sɛ afotu kasa a wɔremmisa nsɛm a wobebua de atĩ mu. Ɛnyɛ botae no ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu kɛkɛ, na mmom sɛ wɔde adwene besi asɛm a wɔresusuw ho no so mfaso so, na wɔasi nea ɛbɛboa asafo no paa so dua. Ɛsɛ sɛ wɔde asɛmti a wɔde ama no di dwuma. Wɔhwɛ kwan sɛ anuanom a wɔde ɔkasa yi ma wɔn no bɛhwɛ adi wɔn bere so. Sɛ ɛho hia a, wobetumi de kokoam afotu ama.

BIBLE AKENKAN MU NSƐNTITIRIW: Simma 10. Wɔ simma asia a edi kan no mu no, ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata ma asɛm no fa mo ahiade ho yiye. Obetumi aka dapɛn no Bible akenkan dwumadi no fã biara ho asɛm, efisɛ onua a ɔbɛyɛ dwumadi a Ɛto so 2 no renka nkyekyɛm ahorow a ɔbɛkenkan no ho asɛm. Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ asɛm a wɔde ama sɛ yɛnkenkan no mua kɛkɛ. Nea ɔde bɛyɛ ne botae titiriw ne sɛ ɔbɛboa atiefo no ma wɔahu nea enti ne sɛnea asɛm no ho wɔ mfaso ma yɛn. Ɛno akyi no, ɔkasafo no de simma anan bɛfrɛ atiefo no ma wɔanya dwumadi no mu kyɛfa denam nsɛmmisa abien a edidi so yi ho mmuae ntiantiaa (anibu 30 anaa nea ennu saa) a wɔbɛma so: “Dɛn na wuhui wɔ dapɛn yi Bible akenkan no mu a ɛso bɛba wo mfaso wɔ wo som adwuma anaa w’asetra mu?” na “Dɛn na ama wo gyidi ne anisɔ a wowɔ ma Yehowa no ayɛ kɛse?” Afei sukuu sohwɛfo no bɛma asuafo no akɔ wɔn adesua adan mu.

DWUMADI 2: Simma 4. Eyi yɛ akenkan bi a wɔde bɛma onuabarima bi. Akenkan no bɛyɛ nea ɛtaa fi Bible no mu. Pɛnkoro wɔ ɔsram no mu no, saa dwumadi yi bɛyɛ asɛm bi a wɔapaw afi Ɔwɛn Aban no mu. Osuani no bɛkenkan asɛm no nkutoo a nnianim asɛm anaa nsɛm a wɔde wie nka ho. Wɔ dapɛn biara mu no, asɛm a wɔbɛkenkan no bɛsesa kakra nanso ɛsɛ sɛ wɔde simma anan anaa nea esua sen saa kenkan. Ɛsɛ sɛ sukuu sohwɛfo no kenkan dwumadi no mu ansa na wakyekyɛ, na ɔma ɛne mfe a asuafo no adi ne wɔn mmɔdenbɔ hyia. Nea sukuu sohwɛfo no bɛma ahia no titiriw ne sɛ ɔbɛboa asuafo no ma wɔakenkan asɛm no ate ase, wɔama akɔ yɔɔ, wɔasi adwene a ɛwom so dua yiye, ayɛ ɛnne mu nsakrae, ahome wɔ baabi a ɛfata, na wɔakenkan asɛm no sɛnea wɔkasa daa.

DWUMADI 3: Simma 5. Wɔde eyi bɛma onuawa. Asuafo a wonya dwumadi yi bɛpaw sɛnea wɔbɛyɛ no anaasɛ wɔbɛpaw nea ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 82 no bi ama wɔn. Ɛsɛ sɛ osuani no de asɛmti a wɔde ama no no di dwuma na ɔma ɛfa sɛnea tebea no te pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn asasesin no mu asɛnka adwuma no fã bi ho. Sɛ wɔankyerɛ baabi a wobenya nsɛm a wɔbɛka no afi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma ahorow a akoa nokwafo ne ɔbadwemma ayɛ no mu de nya nsɛm a ɔde bedi ɔfã yi ho dwuma. Ɛsɛ sɛ wɔde ɔkasa a wɔakyerɛ baabi a wobenya asɛm no wɔ no ma asuafo a wɔyɛ foforo. Nea sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ohu paa ne sɛnea osuani no kyerɛkyerɛ asɛm a wɔde ama no no mu na ɔboa ofiewura no ma odwen Kyerɛwnsɛm no ho na ɔma ɔte ɔkasa no mu nsɛntitiriw ase. Ɛsɛ sɛ asuafo a wɔde dwumadi yi ma wɔn no yɛ wɔn a wonim akenkan. Sukuu sohwɛfo no bɛma wɔn ɔhokafo biako.

DWUMADI 4: Simma 5. Ɛsɛ sɛ osuani no kyerɛkyerɛ asɛmti a wɔde ama no no mu. Sɛ wɔankyerɛ baabi a wobenya nsɛm a wɔbɛka no afi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma ahorow a akoa nokwafo ne ɔbadwemma ayɛ no mu de nya nsɛm a ɔde bedi ɔfã yi ho dwuma. Sɛ wɔde ma onuabarima a, ɛsɛ sɛ ɔma no sɛ ɔkasa na ɔma ɛfa atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so no ho. Anaasɛ sukuu sohwɛfo no betumi akyerɛ sɛ esiane sɛ onua no redi ɔkasa su bi ho dwuma nti, obetumi ayɛ ne dwumadi no te sɛ nea ɔwɔ asɛnka mu. Sɛ wɔde ma onuawa a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ Dwumadi 3 no. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow, ɛsɛ sɛ mode dwumadi a wɔde agyiraehyɛde bi ahyɛ ho no ma anuanom mmarima nkutoo ma wɔma no sɛ ɔkasa.

BERE SODI: Ɛnsɛ sɛ ɔkasa biara, anaa nsɛm a ɔfotufo no bɛka no boro bere a wɔde ama no so. Sɛ bere a wɔde ama sɛ wɔmfa nyɛ Dwumadi 2 kosi 4 no so a, ɛsɛ sɛ wɔde anifere ma wotwa so. Sɛ anuanom mmarima a wɔrema ɔkasa a wɔde fi ase a ɛfa ɔkasa su ho, wɔn a wɔyɛ Dwumadi 1, anaa Bible akenkan mu nsɛntitiriw no di boro bere a wɔde ama wɔn no a, ɛsɛ sɛ wɔde kokoam afotu ma wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa hwɛ wɔn bere yiye. Dwumadi no nyinaa: Simma 45, dwom ne mpaebɔ nka ho.

AFOTU: Simma 1. Sɛ osuani biara wie ne dwumadi a, sukuu sohwɛfo no de simma biako pɛ bɛka ɔkasa no fã bi a odii ho dwuma yiye ho asɛm a ɛfata. Ɛnyɛ botae no ne sɛ ɔbɛma no “mo” kɛkɛ, mmom no, ɔbɛkyerɛ nea nti a dwumadi no afã a ɛte saa no tu mpɔn. Obetumi de kokoam afotu foforo ama no wɔ nhyiam no akyi anaa wɔ bere foforo mu.

ƆFOTUFO BOAFO: Mpanyimfo kuw no betumi apaw ɔpanyin a ɔfata, sɛ obi wɔ hɔ saa a, de no aka sukuu sohwɛfo no ho sɛ ne fotufo boafo. N’asɛyɛde ne sɛ, sɛ ehia a, ɔde kokoam afotu bɛma anuanom a wɔyɛ Dwumadi 1 ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no. Ɛho nhia sɛ ɔde afotu ma ne mfɛfo mpanyimfo ne asafo mu asomfo wɔ ɔkasa a ɛte saa biara akyi. Saa nhyehyɛe yi befi ase wɔ 2003 mu na ɛno akyi no wobetumi asakra mu.

AFOTU KRATASIN: Ɛwɔ nhoma no mu.

NTIMU: Simma 30. Wɔ asram abien biara mu no, sukuu sohwɛfo no bɛyɛ nea yɛasua no ho ntimu. Yebedi kan asusuw ɔkasa su bi ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw a wɔakyerɛ wɔ atifi hɔ no ho ansa na yɛayɛ ntimu no. Ntimu no begyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ asram abien a atwam no mu, ne dapɛn no ara mu de no so.

DWUMADI NHYEHYƐE

Jan. 6 Bible akenkan: Mateo 1-6 Dwom 91

Ɔkasa Su: Yɛma Wo Akwaaba Ba Teokrase Ɔsom Sukuu no Mu (be-TW kr. 5 ¶1–kr. 8 ¶1)

No. 1: Kyerɛ Onyankopɔn Asɛm Ho Anisɔ (be-TW kr. 9 ¶1-5)

No. 2: Mateo 4:1-22

No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Nna a Edi Akyiri no Ho Sɛnkyerɛnne Ka Nokware Kristofo? (rs-E kr. 238 ¶2-3)

No. 4: Dɛn na Yesu Reyɛ Mprempren?

Jan. 13 Bible akenkan: Mateo 7-11 Dwom 40

Ɔkasa Su: Kenkan Bible no Daa (be-TW kr. 10 ¶1−kr. 12 ¶3)

No. 1: “Muntu Mmirika Saa Ara” (w01-TW 1/1 kr. 28-31)

No. 2: Mateo 9:9-31

No. 3: Nea Enti a Yɛka Asɛm No Kyerɛ Afoforo

No. 4: Dɛn Nti na Yehowa Adansefo Ka Sɛ Nna a Edi Akyiri no Fii Ase 1914? (rs-E kr. 239 ¶2–kr. 240 ¶1)

Jan. 20 Bible akenkan: Mateo 12-15 Dwom 133

Ɔkasa Su: Akenkan a Emu Da Hɔ (be-TW kr. 83 ¶1-5)

No. 1: Wubetumi Agyina Abasamtu Ano! (w-01-TW 2/1 kr. 20-3)

No. 2: Mateo 13:1-23

No. 3: So Obi Bɛka Wɔ Asase Yi So Bere a Mprempren Wiase Nhyehyɛe Yi Aba Awiei No? (rs-E kr. 240 ¶2-5)

No. 4: So Onyankopɔn Sakra?

Jan. 27 Bible akenkan: Mateo 16-21 Dwom 129

Ɔkasa Su: Sɛnea Wɔkenkan Ade Ma Emu Da Hɔ (be-TW kr. 84 ¶1–kr. 85 ¶3)

No. 1: Sɛnea Bere Twam Ntɛmntɛm (si-E kr. 278-9 ¶1-6)

No. 2: w01-TW 1/15 kr. 20 ¶20–kr. 21 ¶24

No. 3: Dɛn na Ɛbɛma Wiase Ayɛ Biako?

No. 4: Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Bere Pii Twam Ansa na Wasɛe Abɔnefo? (rs-E kr. 241 ¶1-3)

Feb. 3 Bible akenkan: Mateo 22-25 Dwom 139

Ɔkasa Su: Nsɛm a Wɔka Ma Emu Da Hɔ (be-TW kr. 86 ¶1-6)

No. 1: “Monhwɛ Sɛnea Mutie Asɛm Yiye” (be-TW kr. 13 ¶1–kr. 14 ¶4)

No. 2: Mateo 22:15-40

No. 3: Sɛnea Yehu Sɛ Nsɛnkyerɛnne no Ne Bere a Yɛwom Mprempren Yi Hyia (rs-E kr. 241 ¶5–kr. 242 ¶2)

No. 4: Hena Ara Ne Akoa Nokwafo Ne Ɔbadwemma no Ankasa?

Feb. 10 Bible akenkan: Mateo 26-28 Dwom 27

Ɔkasa Su: Sɛnea Wɔkasa Ma Emu Da Hɔ (be-TW kr. 87 ¶1–kr. 88 ¶3)

No. 1: Sɛnea Wubenya Nokware Anigye (w01-TW 3/1 kr. 4-7)

No. 2: Mateo 26:6-30

No. 3: Nea Enti a Mennom Nnubɔne

No. 4: Dɛn Ne Onipa Asetra Atirimpɔw? (rs-E kr. 243 ¶3–kr. 244 ¶4)

Feb. 17 Bible akenkan: Marko 1-4 Dwom 137

Ɔkasa Su: Nsɛmfua Din a Wɔbobɔ No Yiye—Nneɛma a Ɛsɛ Sɛ Wususuw Ho (be-TW kr. 89 ¶1–kr. 90 ¶2)

No. 1: Sɛnea Wobu Bere Wɔ Bible Mu (si-E kr. 279-80 ¶7-13)

No. 2: w01-TW 2/15 kr. 25 ¶10–kr. 26 ¶14

No. 3: So Wɔbɔɔ Nnipa sɛ Wɔntra Ase Bere Tiaa Bi na Afei Wonwu? (rs-E kr. 245 ¶1-3)

No. 4: Nea Enti a Kyakyatow Nye

Feb. 24 Bible akenkan: Marko 5-8 Dwom 72

Ɔkasa Su: Akwan a Wobɛfa So Ama Nsɛmfua Bobɔ Atu Mpɔn (be-TW kr. 90 ¶3–kr. 92)

Ntĩmu

Mar. 3 Bible akenkan: Marko 9-12 Dwom 195

Ɔkasa Su: Kasa a Ɛkɔ Yɔɔ (be-TW kr. 93 ¶1–kr. 94 ¶3)

No. 1: Ɔkasa a Wubetie Bere a Wɔresusuw Nsɛm Ho, ne Wɔ Amansin ne Amantam Nhyiam Ase (be-TW kr. 15 ¶1–kr. 16 ¶5)

No. 2: Marko 10:1-22

No. 3: Sɛnea Onyankopɔn Betumi Ahyɛ Yɛn Den

No. 4: Dɛn na Yebetumi Agyina So Akyerɛ sɛ Yɛbɛtra Ase Daa? (rs-E kr. 246 ¶5-7)

Mar. 10 Bible akenkan: Marko 13-16 Dwom 187

Ɔkasa Su: Sɛnea Yebetu Mpɔn Ma Yɛn Kasa Akɔ Yɔɔ (be-TW kr. 94 ¶4–kr. 96 ¶2, adaka a ɛwɔ kr. 95 mu nsɛm nka ho)

No. 1: Dɛn Ne Honhom Fam Paradise No? (w01-TW 3/1 kr. 8-11)

No. 2: Marko 13:1-23

No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Daakye Asetra Ho Anidaso a Yɛwɔ no Bɛbam? (rs-E kr. 246 ¶8–kr. 247 ¶1)

No. 4: So Onyankopɔn Kɔ Ɔman Biako Afã Wɔ Nnipa Akodi Mu?

Mar. 17 Bible akenkan: Luka 1-3 Dwom 13

Ɔkasa Su: Sɛnea Wubedi Dodow Po So (be-TW kr. 95, adaka)

No. 1: “Nhyira Ne Onipa a Ohu Nyansa” (w01-TW 3/15 kr. 25-8)

No. 2: Luka 3:1-22

No. 3: So Ɛfata sɛ Wobɛsom Yesu?

No. 4: So Ɛho Hia Sɛ Woware Wɔ Mmara Kwan So? (rs-E kr. 248 ¶2–kr. 249 ¶2)

Mar. 24 Bible akenkan: Luka 4-6 Dwom 156

Ɔkasa Su: Home a Wɔde Dan Adwene Kɔ Asɛm Foforo So (be-TW kr. 97 ¶1–kr. 98 ¶6)

No. 1: So Wote Nka Sɛ Wɔnte Wo Ase? (w01-TW 4/1 kr. 20-3)

No. 2: Luka 6:1-23

No. 3: Dɛn Na Nkaedi no Kyerɛ? (rs-E kr. 266 ¶1–kr. 267 ¶1)

No. 4: So Kristofo Betumi Ahwɛ Kwan sɛ Onyankopɔn Bɛbɔ Wɔn Ho Ban?

Mar. 31 Bible akenkan: Luka 7-9 Dwom 47

Ɔkasa Su: Ɔhome Ma Ɛso Duasi, Ɔhome a Wɔnam Tie Asɛm (be-TW kr. 99 ¶1–kr. 100 ¶4)

No. 1: ‘Suro Nokware Nyankopɔn No Na Di Ne Mmara Nsɛm So’ (be-TW kr. 272 ¶1–kr. 275 ¶4)

No. 2: w01-TW 3/15 kr. 18 ¶17–kr. 19 ¶20

No. 3: Nea Ɛma Yehu Sɛ Bible no Fi Onyankopɔn Hɔ

No. 4: Dɛn na Nkaedi Abodoo ne Bobesa no Gyina Hɔ Ma? (rs-E kr. 267 ¶2-3)

Apr. 7 Bible akenkan: Luka 10-12 Dwom 68

Ɔkasa Su: Adwene a Ɛwom a Wosi So Dua Yiye (be-TW kr. 101 ¶1–kr. 102 ¶3)

No. 1: ‘Yesu Ho Adanse a Yebedi’ (be-TW kr. 275 ¶4–kr. 278 ¶4)

No. 2: Luka 10:1-22

No. 3: Henanom Na Ɛsɛ sɛ Wodi Abodoo na Wɔnom Bobesa no Bi Wɔ Awurade Anwummeduan Ase? (rs-E kr. 267 ¶5–kr. 268 ¶1)

No. 4: Amammerɛ Bɛn na Ɛkɔɔ So Wɔ Ayeforohyia a Edi Kan no Mu? (rs-E kr. 249 ¶3-4)

Apr. 14 Bible akenkan: Luka 13-17 Dwom 208

Ɔkasa Su: Sɛnea Yebetu Mpɔn Wɔ Adwene a Ɛwɔ Ɔkasa Bi Mu So Dua a Yebesi Mu (be-TW kr. 102 ¶4–kr. 104 ¶3)

No. 1: “Ahenni Ho Asɛmpa Yi” (be-TW kr. 279 ¶1–kr. 281 ¶4)

No. 2: Luka 15:11-32

No. 3: Sɛnea Yɛbɛbɔ Yɛn Ho Ban Wɔ Adaemone Nkɛntɛnso Ho

No. 4: Mpɛn Dodow Ahe na Ɛsɛ sɛ Wɔyɛ Nkaedi no, Na Bere Bɛn? (rs-E kr. 269 ¶1-2)

Apr. 21 Bible akenkan: Luka 18-21 Dwom 23

Ɔkasa Su: Nsɛntitiriw a Wosi So Dua (be-TW kr. 105 ¶1–kr. 106 ¶2)

No. 1: Mmere Mu Nsakrae a Yehowa Fi Nyansa Ne Ɔdɔ Mu De Ama (si-E kr. 280 ¶14-17)

No. 2: w01-TW 4/15 kr. 6 ¶19–kr. 7 ¶22

No. 3: Sɛnea Owusɔre Anidaso no Ka Yɛn Asetra

No. 4: So Bible no Pene Aware Dodow So? (rs-E kr. 250 ¶1–kr. 251 ¶2)

Apr. 28 Bible akenkan: Luka 22-24 Dwom 218

Ɔkasa Su: Ɛnne Nnyigyei a Ɛfata Atiefo (be-TW kr. 107 ¶1–kr. 108 ¶4)

Ntĩmu

May 5 Bible akenkan: Yohane 1-4 Dwom 31

Ɔkasa Su: Ɔkwan a Wobɛfa so Ama Wo Nne Nnyigyei Atu Mpɔn (be-TW kr. 108 ¶5–kr. 110 ¶1)

No. 1: Wubetumi Ama Sɛnea Wokae Ade no Atu Mpɔn (be-TW kr. 17 ¶1–kr. 19 ¶1)

No. 2: Yohane 2:1-25

No. 3: So Onyankopɔn Kasa Tia Mmosa a Wɔde Di Dwuma?

No. 4: Dɛn Ne Onyankopɔn Adwene Wɔ Aware Mu Ntetewmu Ho? (rs-E kr. 251 ¶3)

May 12 Bible akenkan: Yohane 5-7 Dwom 150

Ɔkasa Su: Ɛnne Nsakrae—Siesie Wo Nne Nnyigyei (be-TW kr. 111 ¶1–kr. 112 ¶2)

No. 1: Ebetumi Asi Wo Yiye Ɛmfa Ho Sɛnea Wɔtetee Wo (w01-TW 4/15 kr. 25-8)

No. 2: Yohane 5:1-24

No. 3: Nea Enti a Ntease Nni Nkrabea Nkyerɛkyerɛ no Mu

No. 4: Dɛn Na Bible no Ka Wɔ Awaregyae ne Ware a Wɔsan Ware Bio no Ho? (rs-E kr. 252 ¶1-4)

May 19 Bible akenkan: Yohane 8-11 Dwom 102

Ɔkasa Su: Ɛnne Nsakrae—Sakra Sɛnea Wo Kasa Kɔ Bɔkɔɔ Anaa Ntɛmntɛm No (be-TW kr. 112 ¶3-kr. 113 ¶1)

No. 1: ‘Nyansa Bɛma Yɛn Nna Adɔɔso’ (w-01-TW 5/15 kr. 28-31)

No. 2: Yohane 10:16-42

No. 3: Wɔ Tete No, Dɛn Nti Na Onyankopɔn Maa Ware a Obi Ware Ne Nua no Ho Kwan? (rs-E kr. 252 ¶5–kr. 253 ¶1)

No. 4: Sɛnea Wubetumi Agyina Adwennwene Ano

May 26 Bible akenkan: Yohane 12-16 Dwom 24

Ɔkasa Su: Ɛnne Nsakrae—Sakra Sɛnea Wo Nne Ano Yɛ Den Mu (be-TW kr. 113 ¶2–kr. 114 ¶3)

No. 1: Afe no Ne Kyerɛwsɛm No (si-E kr. 280-2 ¶18-23)

No. 2: w01-TW 5/1 kr. 14 ¶4–kr. 15 ¶7

No. 3: Nea “Wiase no Fã a Yɛrenyɛ” no Kyerɛ

No. 4: Dɛn Na Ebetumi Aboa Ma Aware Ayɛ Papa? (rs-E kr. 253 ¶2-5)

June 2 Bible akenkan: Yohane 17-21 Dwom 198

Ɔkasa Su: Fa Nkate Kasa (be-TW kr. 115 ¶1–kr. 116 ¶4)

No. 1: Dwuma a Onyankopɔn Honhom Di Wɔ Nsɛm a Wɔkae Mu (be-TW kr. 19 ¶2–kr. 20 ¶3)

No. 2: Yohane 20:1-23

No. 3: Dɛn Na Ebetumi Aboa Ma Aware Ayɛ Papa? (rs-E kr. 254 ¶1-4)

No. 4: So Nyamesom a Wɔahyehyɛ Ho Hia?

kJune 9 Bible akenkan: Asomafo no Nnwuma 1-4 Dwom 92

Ɔkasa Su: Anigye a Ɛfata Asɛm No (be-TW kr. 116 ¶5–kr. 117 ¶3)

No. 1: Hyɛ Yehowa Mu Ahotoso a Wowɔ no Mu Den (w01-TW 6/1 kr. 7-10)

No. 2: Asomafo no Nnwuma 4:1-22

No. 3: Dɛn na Yebetumi Asua Afi Maria Ho Kyerɛwtohɔ a Ɛwɔ Bible Mu no Mu? (rs-E kr. 254 ¶5–kr. 255 ¶2)

No. 4: So Onyankopɔn Kyerɛ Ɔkwan a Yɛfa so Som Ho Anigye?

June 16 Bible akenkan: Asomafo no Nnwuma 5-7 Dwom 2

Ɔkasa Su: Ɔhyew a Yɛbɛda no Adi (be-TW kr. 118 ¶1–kr. 119 ¶4)

No. 1: Bɔneka a Ɛma Ahotɔ (w01-TW 6/1 kr. 28-31)

No. 2: Asomafo no Nnwuma 7:1-22

No. 3: Sɛnea Yehowa Adansefo Yɛ Soronko Wɔ Ɔsom Afoforo Ho

No. 4: So na Maria Yɛ Ɔbaabun Ampa Bere a Ɔwoo Yesu No? (rs-E kr. 255 ¶3-4)

June 23 Bible akenkan: Asomafo no Nnwuma 8-10 Dwom 116

Ɔkasa Su: Nkate a Yɛbɛda no Adi (be-TW kr. 119 ¶5–kr. 120 ¶4)

No. 1: Monhwɛ Nyisaa ne Akunafo Wɔ Wɔn Ahohia Mu (w01-TW 6/15 kr. 9-12)

No. 2: w01-TW 6/1 kr. 12 ¶1–kr. 13 ¶5

No. 3: So Maria Kɔɔ So Yɛɛ Ɔbaabun? (rs-E kr. 255 ¶5–kr. 256 ¶2)

No. 4: Nea Enti a Asafo Nhyiam Horow a Yɛbɛkɔ Ho Hia na Yɛanyin Wɔ Honhom Fam

June 30 Bible akenkan: Asomafo no Nnwuma 11-14 Dwom 167

Ɔkasa Su: Hia a Nipadua a Wɔde Si Asɛm So Dua ne Anim Yɛbea Ho Hia (be-TW kr. 121 ¶1-4)

Ntĩmu

July 7 Bible akenkan: Asomafo no Nnwuma 15-17 Dwom 38

Ɔkasa Su: Nipadua a Wɔde Si Asɛm So Dua Ne Anim Yɛbea a Yɛde Bedi Dwuma (be-TW kr. 122 ¶1–kr. 123 ¶3)

No. 1: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wobata Akenkan Ho? (be-TW kr. 21 ¶1–kr. 23 ¶3)

No. 2: Asomafo no Nnwuma 15:1-21

No. 3: Sɛnea Yegyina Yehowa Tumidi Akyi

No. 4: So Na Maria Yɛ Onyankopɔn Maame? (rs-E kr. 256 ¶3–kr. 257 ¶2)

July 14 Bible akenkan: Asomafo no Nnwuma 18-21 Dwom 32

Ɔkasa Su: Atiefo Animhwɛ Wɔ Asɛnka Mu (be-TW kr. 124 ¶1–kr. 125 ¶4)

No. 1: Mma Adwenem Naayɛ Nnsɛe Wo Gyidi (w01-TW 7/1 kr. 18-21)

No. 2: Asomafo no Nnwuma 19:1-22

No. 3: So Na Bɔne Nni Maria Ho Bere a Onyinsɛnee No? (rs-E kr. 257 ¶3–kr. 258 ¶1)

No. 4: Nea ‘Onyankopɔn Ahenni a Yɛbɛhwehwɛ Kan No’ Kyerɛ

July 21 Bible akenkan: Asomafo no Nnwuma 22-25 Dwom 222

Ɔkasa Su: Atiefo Animhwɛ Bere a Worema Ɔkasa (be-TW kr. 125 ¶5–kr. 127 ¶1)

No. 1: So Wowɔ Afoforo Ho Abotare Ampa? (w01-TW 7/15 kr. 21-3)

No. 2: Asomafo no Nnwuma 24:1-23

No. 3: So Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ampa?

No. 4: So Maria De Ne Honam Nipadua na Ɛkɔɔ Soro? (rs-E kr. 258 ¶2-3)

July 28 Bible akenkan: Asomafo no Nnwuma 26-28 Dwom 14

Ɔkasa Su: Wo Nne Ankasa a Wode Kasa Wɔ Asɛnka Adwuma Mu (be-TW kr. 128 ¶1–kr. 129 ¶1)

No. 1: Wɔmfa Nkyerɛwde Ohunu Mfi Mfe Kan Ase (si kr. 282 ¶24-6)

No. 2: w01-TW 7/1 kr. 14 ¶5-8

No. 3: So Ɛyɛ Papa sɛ Yɛbɛbɔ Mpae Afa Maria So sɛ Ntamgyinafo? (rs-E kr. 258 ¶4–kr. 259 ¶1)

No. 4: Sɛnea Yɛkyerɛ Obu Ma Nkwa Akyɛde No

Aug. 4 Bible akenkan: Romafo 1-4 Dwom 106

Ɔkasa Su: Wo Nne Ankasa a Wode Bɛkasa Wɔ Asɛnka Agua So (be-TW kr. 129 ¶2–kr. 130 ¶1)

No. 1: Sɛnea Wobɛbata Akenkan Ho (be-TW kr. 23 ¶4–kr. 26 ¶5)

No. 2: Romafo 2:1-24

No. 3: So Watra Ase Pɛn?

No. 4: So Wɔde Nidi Soronko Maa Maria Wɔ Afeha a Edi Kan Kristofo Asafo no Mu? (rs-E kr. 259 ¶3–kr. 260 ¶3)

Aug. 11 Bible akenkan: Romafo 5-8 Dwom 179

Ɔkasa Su: Wo Nne Ankasa a Wode Bɛkenkan Ade Wɔ Baguam (be-TW kr. 130 ¶2-4)

No. 1: ‘Ɔtreneeni Benya Nhyira’ (w01-TW 7/15 kr. 24-7)

No. 2: Romafo 5:6-21

No. 3: So Wowɔ Ɔbaabun Maria Mu Gyidi? (rs-E kr. 260 ¶4–kr. 261 ¶2)

No. 4: So Ɛsɛ sɛ Wugye Di sɛ, sɛ Obi Wu a Wɔsan Wo no Bio?

Aug. 18 Bible akenkan: Romafo 9-12 Dwom 206

Ɔkasa Su: Yɛn Ho a Yɛma Ɛtew Ma Nidi Ba Asɛm a Yɛka no Ho (be-TW kr. 131 ¶1-3)

No. 1: Ma Suban Nni Mmoa Wo (w01-TW 8/1 kr. 19-22)

No. 2: w01-TW 8/15 kr. 22 ¶10-13

No. 3: So Nnipa Asakra Bible No?

No. 4: So Awurade Adidi Ase Abodoo ne Bobesa a Wose Ɛsakra Yɛ Yesu Honam ne Ne Mogya Ankasa no Yɛ Nokware? (rs-E kr. 262 ¶1–kr. 263 ¶2)

Aug. 25 Bible akenkan: Romafo 13-16 Dwom 43

Ɔkasa Su: Sɛnea Ani a Ewu Ade ne Adwenemtew Ka Obi Ntadehyɛ ne N’ahosiesie (be-TW kr. 131 ¶4–kr. 132 ¶3)

Ntĩmu

Sept. 1 Bible akenkan: 1 Korintofo 1-9 Dwom 48

Ɔkasa Su: Ahosiesie a Ɛfata Yiye So Mfaso (be-TW kr. 132 ¶4–kr. 133 ¶1)

No. 1: Ɔkwan a Wɔfa so Sua Ade (be-TW kr. 27 ¶1−kr. 31 ¶2)

No. 2: 1 Korintofo 3:1-23

No. 3: Dɛn Na Yohane 6:53-57 Kyerɛ? (rs-E kr. 263 ¶3-4)

No. 4: So Ohia Ma Korɔnbɔ Yɛ Nea Ɛteɛ?

Sept. 8 Bible akenkan: 1 Korintofo 10-16 Dwom 123

Ɔkasa Su: Ahosiesie a Ɛfata Nto Afoforo Hintidua (be-TW kr. 133 ¶2-4)

No. 1: Di Wo Nkɔso Mu Akwanside Ahorow So! (w01-TW 8/1 kr. 28-30)

No. 2: 1 Korintofo 12:1-26

No. 3: Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Kwan Ma Nneɛma Bɔne Ba?

No. 4: So Yesu na Ɔde Mass a Wodi Sii Hɔ? (rs-E kr. 264 ¶1–kr. 265 ¶5)

Sept. 15 Bible akenkan: 2 Korintofo 1-7 Dwom 16

Ɔkasa Su: Sɛnea Wogyina Hɔ Yiye ne Nnwinnade a Ɛho Tew (be-TW kr. 133 ¶5–kr. 134 ¶4)

No. 1: Mmabunbere a Wobɛma Ayɛ Nea Mfaso Wɔ So (w01-TW 8/15 kr. 4-7)

No. 2: 2 Korintofo 6:1–7:1

No. 3: Sɛnea Ɛsɛ sɛ Kristoni Bu Wiase Atumfoɔ (rs-E kr. 270 ¶1-3)

No. 4: So Asase a Wɔyɛ So Fĩ no Ho Asɛm Haw Onyankopɔn?

Sept. 22 Bible akenkan: 2 Korintofo 8-13 Dwom 207

Ɔkasa Su: Sɛnea Wɔbrɛ Ɔkasa mu Ahoyeraw Ase (be-TW kr. 135 ¶1–kr. 137 ¶2)

No. 1: Sɛnea Wubetumi Asisi Gyinae Pa (w01-TW 9/1 kr. 27-30)

No. 2: 2 Korintofo 8:1-21

No. 3: Nea Ɛba Ɔkra no So Wɔ Owu Akyi

No. 4: Kyerɛw Nsɛm a Ɛkyerɛ Sɛnea Ɛsɛ sɛ Kristoni Yɛ N’ade Wɔ Honam Fam Akodi Ho (rs-E kr. 271 ¶1-4)

Sept. 29 Bible akenkan: Galatifo 1-6 Dwom 163

Ɔkasa Su: Sɛnea Wubenya Akokoduru (be-TW kr. 137 ¶3–kr. 138 ¶5)

No. 1: Bible Mu Mmere Atitiriw So Mfaso Kɛse (si-E kr. 282-3 ¶27-30)

No. 2: w01-TW 9/1 kr. 15 ¶8–kr. 17 ¶11

No. 3: Tebea Horow Bɛn mu na Onyankopɔn Maa Israelfo Kwan Ma Wodii Ako? (rs-E kr. 271 ¶5–kr. 273 ¶1)

No. 4: Ɔkwan a Yɛfa so Hu sɛ Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi

Oct. 6 Bible akenkan: Efesofo 1-6 Dwom 99

Ɔkasa Su: Sɛnea Akasam a Wɔde Di Dwuma Ho Hia (be-TW kr. 139 ¶1–kr. 140 ¶2)

No. 1: Adesua So Wɔ Mfaso (be-TW kr. 31 ¶3–kr. 32 ¶4)

No. 2: Efesofo 2:1-22

No. 3: Nyansa Wom sɛ Yebenya Onyankopɔn mu Gyidi

No. 4: Kyerɛw Nsɛm Bɛn na Enya Kristofo Adwene Wɔ Amammuisɛm So Tumi? (rs-E kr. 273 ¶2–kr. 274 ¶1)

Oct. 13 Bible akenkan: Filipifo 1–Kolosefo 4 Dwom 105

Ɔkasa Su: Fa Akasam Di Dwuma Yiye (be-TW kr. 140 ¶3–kr. 142 ¶1)

No. 1: Nantew ‘Ɔkwan Tee So’ (w-01-TW 9/15 kr. 24-8)

No. 2: Filipifo 2:1-24

No. 3: Kyerɛwnsɛm Bɛn na Ɛkyerɛ Sɛnea Ɛsɛ Sɛ Kristofo Yɛ Wɔn Ade Wɔ Ɔmampɛ Ho Guasodeyɛ Horow Ho? (rs-E kr. 274 ¶2–kr. 275 ¶3)

No. 4: Nea Yehowa Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ Nnɛ

Oct. 20 Bible akenkan: 1 Tesalonikafo 1–2 Tesalonikafo 3 Dwom 145

Ɔkasa Su: Bible a Wɔde Bua Asɛm (be-TW kr. 143 ¶1-3)

No. 1: Sɛnea Yehowa Bu Bere (si kr. 283-4 ¶31-3)

No. 2: w01-TW 10/15 kr. 23 ¶6–kr. 24 ¶9

No. 3: Henanom na Wɔkɔ Soro?

No. 4: So Afã Biara a Kristofo Nni no Kyerɛ Sɛ Wɔn Mpɔtam Hɔfo Yiyedi Ho Nhia Wɔn? (rs-E kr. 276 ¶1)

Oct. 27 Bible akenkan: 1 Timoteo 1–2 Timoteo 4 Dwom 46

Ɔkasa Su: Sɛnea Yɛbɛma Dwuma a Yɛde Bible Di no Atu Mpɔn (be-TW kr. 144 ¶1-4)

Ntĩmu

Nov. 3 Bible akenkan: Tito 1–Filemon Dwom 30

Ɔkasa Su: Bible a Wɔhyɛ Nkuran Ma Wɔde Di Dwuma (be-TW kr. 145-6)

No. 1: Sɛnea Wɔde Bible Yɛ Nhwehwɛmu (be-TW kr. 33 ¶1–kr. 35 ¶2)

No. 2: Filemon 1-25

No. 3: So Asetra Wɔ Pɛyɛ mu Bɛyɛ Mfonoe?

No. 4: Dɛn Nti na Wɔde Edin Yehowa no Di Dwuma Wɔ New World Translation Of The Christian Greek Scriptures no Mu? (rs-E kr. 278 ¶1-3)

Nov. 10 Bible akenkan: Hebrifo 1-8 Dwom 149

Ɔkasa Su: Kyerɛwnsɛm a Wɔda no Adi Ɔkwan Pa so no So Mfaso (be-TW kr. 147 ¶1–kr. 148 ¶2)

No. 1: Henok ne Onyankopɔn Nantewee Wɔ Amumɔyɛ Wiase Bi Mu (w01-TW 9/15 nkr. 29-31)

No. 2: Hebrifo 2:1-18

No. 3: Mmuae a Yɛde Bɛma Wɔn a Wɔka Sɛ, ‘Mowɔ Mo Ankasa Mo Bible’ No (rs-E kr. 279 ¶1-4)

No. 4: Ɔkwan Bɛn so na Wɔde Wɔn a Wobenya Owusɔre no Nnwuma Bebu Wɔn Atɛn?

Nov. 17 Bible akenkan: Hebrifo 9-13 Dwom 144

Ɔkasa Su: Nsɛm a Ɛfata a Yɛbɛka De Ada Kyerɛw Nsɛm Adi (be-TW kr. 148 ¶3–kr. 149 ¶2)

No. 1: Nokwafo a Obi Bɛyɛ no Kyerɛ Dɛn? (w01-TW 10/1 kr. 20-3)

No. 2: Hebrifo 9:11-28

No. 3: So Wɔahyehyɛ Onyankopɔn Abɔde a Wɔwɔ Soro No? (rs-E kr. 280 ¶2-3)

No. 4: Nea Enti a Mfaso Wɔ so sɛ Yɛbɛbɔ Ɔbra Pa

Nov. 24 Bible akenkan: Yakobo 1-5 Dwom 88

Ɔkasa Su: Wɔda Nkate Adi Wɔ Asɛm a Wosi So Dua Yiye Mu (be-TW kr. 150 ¶1-2)

No. 1: Nsɛm a Esisi a Yebehu Bere a Esisi No (si-E kr. 284-5 ¶1-4)

No. 2: w01-TW 11/1 kr. 12 ¶15–kr. 13 ¶19

No. 3: Ahobrɛase So Mfaso

No. 4: Ɔkwan Bɛn na Onyankopɔn Faa so De Akwankyerɛ Maa N’asase so Asomfo Wɔ Tete Mmere Mu? (rs-E kr. 281 ¶1-2)

Dec. 1 Bible akenkan: 1 Petro 1–2 Petro 3 Dwom 54

Ɔkasa Su: Si Nsɛmfua a Ɛfata so Dua (be-TW kr. 150 ¶3–kr. 151 ¶2)

No. 1: Sɛnea Wubesua sɛ Wode Nnwinnade a Wɔde Yɛ Nhwehwɛmu Bedi Dwuma (be-TW kr. 35 ¶3–kr. 38 ¶4)

No. 2: 1 Petro 1:1-16

No. 3: So Bible no Kyerɛ Sɛ Nokware Kristofo Bɛyɛ Ahyehyɛde? (rs-E kr. 282 ¶1-4)

No. 4: Sɛnea Ɛsɛ sɛ Kristo Agyede Afɔrebɔ no Ka Yɛn Asetra

Dec. 8 Bible akenkan: 1 Yohane 1–Yuda Dwom 22

Ɔkasa Su: Akwan a Wɔfa so Si Nsɛm so Dua (be-TW kr. 151 ¶3–kr. 152 ¶5)

No. 1: Bɔ W’ahonim Ho Ban (w01-TW 11/1 kr. 4-7)

No. 2: 1 Yohane 3:1-18

No. 3: Nea Enti a Yentumi Mfa Mmea a Wɔyɛ Wɔn Basabasa Ho Asodi Nto Bible no So

No. 4: So Onyankopɔn Nokware Asomfo Hyehyɛ Kristoman Asɔre Ahorow Mu? (rs-E kr. 283 ¶1-3)

Dec. 15 Bible akenkan: Adiyisɛm 1-6 Dwom 219

Ɔkasa Su: Kyerɛwnsɛm a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Ɛteɛ So (be-TW kr. 153 ¶1–kr. 154 ¶3)

No. 1: Noa Gyidi Bu Wiase No Fɔ (w-TW 01 11/15 kr. 28-31)

No. 2: Adiyisɛm 2:1-17

No. 3: Yɛyɛ Dɛn Hu Yehowa Ahyehyɛde no Fã a Aniwa Tua No? (rs-E kr. 283 ¶4–kr. 284 ¶2)

No. 4: Nea Enti a Kristofo Nni Buronya

Dec. 22 Bible akenkan: Adiyisɛm 7-14 Dwom 6

Ɔkasa Su: Kyerɛwnsɛm mu Nkyerɛkyerɛmu a Yɛbɛma Ada Hɔ (be-TW kr. 154 ¶4–kr. 155 ¶4)

No. 1: Wubetumi Akwati Honhom Mu Komayare (w01-TW 12/1 kr. 9-13)

No. 2: w01-TW 12/15 kr. 17 ¶10–kr. 18 ¶13 (ase hɔ asɛm ka ho)

No. 3: Sɛnea Wubegyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano

No. 4: Ɔkwan Bɛn so na Yebetumi Akyerɛ Obu Ama Yehowa Ahyehyɛde No? (rs-E kr. 284 ¶3-7)

Dec. 29 Bible akenkan: Adiyisɛm 15-22 Dwom 60

Ɔkasa Su: Fi Kyerɛwnsɛm Mu Susuw Nsɛm Ho (be-TW kr. 155 ¶4–kr. 156 ¶4)

Ntĩmu

[Ase hɔ nsɛm]

Fa ma anuanom mmarima nkutoo.

Sɛ bere ma kwan a, munsusuw mmua a mode bɛma wɔ nsɛm a wɔka, anoyi, ne nea ɛkeka ho a ebedi mo asasesin mu ahiade ho dwuma yiye no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena