Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/02 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 14
  • Dapɛn a Efi Ase October 21
  • Dapɛn a Efi Ase October 28
  • Dapɛn a Efi Ase November 4
Yɛn Ahenni Som—2002
km 10/02 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase October 14

Dwom 103

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnkenkan Numeri ti 25 ne Insight, Po 2, kratafa 419, nkyekyɛm 3-5, na afei wɔnhwɛ Warning Examples for Our Day video no mfa nsiesie wɔn ho mma nkɔmmɔbɔ a ɛbɛkɔ so wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ October 28 dapɛn no mu no. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde October 15 Ɔwɛn-Aban ne November 8 Nyan! no bɛma. Wɔ emu biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua asɛm a wɔde siw nkɔmmɔbɔ ano, a ɛne “Minim mo adwuma no ani so yiye dedaw” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kratafa 12.

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: “Sɛnea Asafo Nhoma Adesua So Ahwɛfo Kyerɛ Ankorankoro Ho Anigye.” Nsɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ a Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo di ho dwuma. Kyerɛkyerɛ sɛnea nhoma adesua nhyehyɛe no fii ase mu tiawa wɔ nnianim nsɛm no mu. (jv-E 237 nky. 4) Di kan yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo baanu anaa baasa nka sɛnea wɔanya mfaso wɔ wɔn ho anigye a wɔakyerɛ denam Asafo Nhoma Adesua so no ho asɛm.

Dwom 65 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 21

Dwom 206

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

35 min: “Bible Adesua Ahorow a Etu Mpɔn a Wobɛyɛ.” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔfata di ho dwuma. Ka nkyekyɛm 1 ne 2 no mu nsɛm tiawa fa yɛ nnianim nsɛm. Momfa nsɛmmisa ne mmuae nsusuw nkyekyɛm a aka no ho. Si so dua sɛ yɛde Nimdeɛ nhoma no yɛ Bible adesua te sɛ nea yɛyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no ara. Yɛkenkan nkyekyɛm no ansa na yɛabisa asɛm no. Ma wɔnyɛ Bible adesua a wɔasiesie no yiye ho ɔyɛkyerɛ abien. Nea edi kan no, kyerɛ sɛnea wɔtete osuani no ma osiesie ne ho denam emu nsɛntitiriw anaa ɔkasasin a ebua nsɛmmisa a wɔatintim no tẽẽ no ase a obetwitwa so. Nea ɛto so abien no, kyerɛ nea wobɛka de ahyɛ Bible suani no nkuran ma waba Baguam Ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban Adesua ase. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa mpaebɔ nsusuw asɛm no ho.

Dwom 193 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 28

Dwom 110

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkenkan nsɛm a wɔkyerɛw too hɔ wɔ da koro nhyiam titiriw ase no mfa nsiesie wɔn ho mma dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam no. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn October asɛnka akontaabu mmra. Ma onuawa bi mfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no nyɛ sɛnea wɔde November 1 Ɔwɛn-Aban ma ho ɔyɛkyerɛ, na ma onuabarima bi nyɛ sɛnea wɔde November 8 Nyan! ma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no mu biara akyi no, si emu asɛm bi a ɛhyɛ nkuran so dua tiawa.

12 min: Asafo mu osuahu ahorow. Ma asafo no mufo nka osuahu ahorow a wonyae bere a wɔrekɔ nhyiam titiriw no ne bere a wofi nhyiam no ase reba, bere a wɔwɔ nhyiam no ase, anaa bere a wɔredi adanse wɔ bɔnnɔ so wɔ adwumam, sukuu mu, bere a wɔredi gua, ne nea ɛkeka ho no nkyerɛ.

25 min: “Wofi Ayamye Mu Hyɛ Yɛn Nkuran sɛ Yentie Kɔkɔbɔ Nhwɛso Ma Yɛn Bere Yi.” Mma wo nnianim nsɛm nnu simma biako, na fa atiefo nkɔmmɔbɔ toa so ntɛm ara denam nsɛmmisa no mu biara a mubesusuw ho so. Yebesusuw No Blood—Medicine Meets the Challenge video no ho December mu.

Dwom 41 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 4

Dwom 66

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som no mu a ɛkyerɛ sɛnea yɛde Ahwehwɛde nhomawa ne Nimdeɛ nhoma no bɛma no ho asɛm tiawa. Yɛ akwan a wɔfa so de ma no mu biako ho ɔyɛkyerɛ.

13 min: Mma W’ani Nwu Asɛmpa no Ho. (Rom. 1:16) Abofra bi ka ne haw kyerɛ n’agya. Abofra no mpɛ sɛ ɔbɛda ne ho adi sɛ Yehowa Dansefo efisɛ osuro sɛ n’atipɛnfo bedi ne ho fɛw. Agya no da abofra no ase sɛ waka nokware. Agya no ka sɛnea atipɛnfo nhyɛso nti Petro yɛɛ n’ade bere bi ho asɛm kyerɛ no. (Mat. 26:69-74) Agya no de afotu a edi hɔ yi ma no sɛ: Ɛnsɛ sɛ yɛn ani wu Kristofo a yɛyɛ no ho da. (Marko 8:38) Mfaso wɔ so sɛ wobɛda wo ho adi sɛ Ɔdansefo wɔ sukuu mu. Sɛ akyerɛkyerɛfo hu sɛ woyɛ Ɔdansefo a, wɔn mu pii bɛkyerɛ obu ama wo gyidi ahorow, na wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wode wo ho ahyɛ nnwuma bi a w’ani nnye ho mu. Ɛda adi sɛ mmofra a wɔn bra asɛe remmɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wo ma woayɛ biribi a enye. Wo sukuufo afoforo bɛte nea enti a wo ne ɔbea anaa ɔbarima bi nyɛ nhyehyɛe mfi adi, na womfa wo ho nhyɛ sukuu agumadi, anaa sukuu adesua akyi nneyɛe mu no ase ntɛm. Agya no ne abofra no susuw nsɛm bi a ɛwɔ asɛmti ketewa “Publicly Declaring Your Friendship With God” [“Wo Ne Onyankopɔn Adamfofa a Wobɛda no Adi Wɔ Baguam”] a ɛwɔ Young People Ask nhoma no kratafa 315-318 ho sɛnea bere bɛma kwan. Abofra a wadu ne mpanyin afe so no da ase wɔ afotu pa no ho.

22 min: Momfa Mo Ho Nhyɛ Onyankopɔn Ase—Munsiw Ɔbonsam Kwan. (Yak. 4:7) Ɔpanyin de nsɛmmisa a wɔde ama wɔ ha no di dwuma ne atiefo bɔ da koro nhyiam titiriw dwumadi a wɔyɛe nnansa yi ara no ho nkɔmmɔ. Ma asafo no nka sɛnea wɔatumi de nea wosuae no adi dwuma ho asɛm. (Wubetumi adi kan de afã horow ama anuanom binom.) Si dwumadi no afã a edidi so yi so dua: (1) “Yɛn Ho a Yɛde Bɛhyɛ Onyankopɔn Ase Wɔ Wiase a Ɛwɔ Nkoayɛ Mu no Mu.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛkwati wiase mfiri? (2) “Ahobrɛase a Ɛfata a Yɛda no Adi sɛ Abusua Mufo.” Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ wɔhyɛ mmusua ntam nkitahodi mu den wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? (3) “Mommoa Asuafo a Wɔyɛ Foforo no Mma Wonnyina Yehowa Afã Pintinn.” Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo no ma wɔadi akwanside ahorow a ɛsɔ wɔn gyidi hwɛ no so? (4) “Nea Ɔbonsam a Yebesiw no Kwan Kyerɛ.” Dɛn na ɛbɛma yɛatumi ne Ɔbonsam adi asi na yɛadi nkonim? Ɔkwan bɛn so na honhom fam akode a wɔaka ho asɛm wɔ Efesofo 6:11-18 no betumi abɔ yɛn ho ban? (w92-TW 5/15 21-3) (5) “Mmabun a Wotumi Ko Tia Ɔbɔnefo No” ne “Mmabun a Wonya Wɔn Ho a Wɔde Hyɛ Onyankopɔn Ase so Mfaso.” Dɛn ne Satan mfiri a ɛsɛ sɛ mmofra ko tia no bi? Ɔkwan bɛn so na mmofra nam wɔn ho a wɔde hyɛ Yehowa ase no so nya nhyira? (w90-E 8/1 13-14, nky. 15-17; [Vol. 111, No. 15 TW]) (6) “Wo Ho a Wode Bɛhyɛ Onyankopɔn Ase so Mfaso a Wubenya.” Kyerɛkyerɛ sɛnea Kristofo da ahobrɛase adi ma aban mpanyimfo, adwumawuranom, abusua mufo, ne wɔ Kristofo asafo no mu. Su ahorow bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa?

Dwom 185 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena