Sɛnea Asafo Nhoma Adesua So Ahwɛfo Kyerɛ Ankorankoro Ho Anigye
1 Wɔyɛɛ Asafo Nhoma Adesua no na ama ‘wɔatumi de adwene asi ankorankoro biara honhom fam onyin so. . . . Ɛha na yehu Yehowa adɔe ne sɛnea ɔka ne nkurɔfo brɛoo no.” (om-TW kr. 75; Yes. 40:11) Nhoma adesua sohwɛfo no di dwuma titiriw wɔ mmoa a ɛte saa a wɔde ma mu.
2 Wɔ Nhoma Adesua Ase: Esiane sɛ wɔyɛ nhoma adesua akuw no nketenkete nti, nhoma adesua sohwɛfo no betumi ahu ne kuw mufo no yiye. (Mmeb. 27:23) Mpɛn pii no, onya hokwan ahorow ne wɔn bɔ fekuw dapɛn biara ansa na wɔafi adesua ase anaa bere a wɔapɔn no. Wɔ ɔsram no mu no, ɛkame ayɛ sɛ obetumi ne obiara a ɔwɔ ne kuw mu no abɔ nkɔmmɔ. Eyi boa ma nhoma adesua kuw no mufo nsuro sɛ wɔbɛkɔ ne nkyɛn bere a wɔrehyia sɔhwɛ ahorow anaasɛ wohia nkuranhyɛ no.—Yes. 32:2.
3 Nhoma adesua sohwɛfo no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔwɔ kuw no mu nyinaa nkuran ma wɔde wɔn ho ahyɛ adesua no mu. Ɔkwan biako a ɔnam so yɛ eyi ne sɛ ɔbɛyɛ adesua no wɔ ayamye ne ntoboase mu. (1 Tes. 2:7, 8) Ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa so ama wɔn nyinaa anya adesua no mu kyɛfa, a mmofra ka ho. Sɛ ebinom suro sɛ wɔbɛma mmuae a, obetumi aboa wɔn kokoam denam nhyehyɛe a obedi kan ne wɔn ayɛ ma wɔakenkan kyerɛwsɛm bi anaa wɔama nkyekyɛm pɔtee bi ho mmuae no so. Anaasɛ obetumi akyerɛ wɔn sɛnea wɔde wɔn ankasa nsɛm bɛma mmuae.
4 Sɛ nhoma adesua sohwɛfo no boafo yɛ asafo mu somfo a, ɔhwɛfo no bɛyɛ nhyehyɛe ama wahwɛ adesua no so pɛnkoro asram abien biara. Eyi ma ɔhwɛfo no hu ne boafo no yiye de nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so ma no. Hwɛ nhyehyɛe pa ara a wɔayɛ na aboa yɛn nuanom ma wɔatu mpɔn wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ mu!—Tito 1:9.
5 Wɔ Asɛnka Mu: Nhoma adesua sohwɛfo no asɛyɛde titiriw biako ne sɛ obedi anim wɔ asɛnka adwuma mu. (Num. 27:16, 17) Ɔyɛ nhyehyɛe a edi mu ma kuw adansedi na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa kuw no mufo nyinaa ma wɔanya anigye wɔ asɛnka adwuma mu. (Efe. 4:11, 12) Nea ɛbɛma watumi ayɛ eyi no, ɔde yɛ ne botae sɛ ɔne kuw no muni biara bɛnantew wɔ asɛnka mu. Ɔne ɔsom adwuma sohwɛfo no bom yɛ nhyehyɛe nso ma wɔn a wɔpɛ sɛ wotu mpɔn wɔ wɔn som adwuma no afã ahorow bi mu no nya mmoa fi adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw kɛse no hɔ.
6 Ɔhwɛfo a Ɔwɔ Ɔdɔ: Nhoma adesua sohwɛfo no kyerɛ wɔn a esiane wɔn nsɛm tebea horow nti wontumi nnya kyɛfa kɛse wɔ asɛnka adwuma mu no ho anigye. Ɔhwɛ hu sɛ wɔn a onyin nti wɔayɛ mmerɛw anaasɛ ɔyare ama wɔaka dan mu, ne wɔn a ɔyare a emu yɛ den anaa opira nti wontumi nyɛ pii no hu nsiesiei a ɛma wotumi de simma 15 ne akyi ba wɔ ɔsram mu bere a wɔantumi annya dɔnhwerew biako no. (Asafo Ɔsom Boayikuw no na wɔhwɛ hu onii ko a ɔfata ma saa nsiesiei yi.) Ɔkyerɛ wɔn a wɔwɔ ne kuw mu a wɔayɛ mmerɛw no nso ho anigye, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔasan ne asafo no afi wɔn dwumadi ase bio.—Luka 15:4-7.
7 Hwɛ aseda ara a yɛde ma sɛ nhoma adesua so ahwɛfo no fi ɔdɔ mu kyerɛ yɛn ho anigye! Adwene a wɔde si ankorankoro so no boa ‘wɔn nyinaa ma wodu gyidi ho biakoyɛ mu, na Kristo mayɛ ayɛ wɔn ma.’—Efe. 4:13.