Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/04 kr. 8
  • Asafo Nhoma Adesua—Nea Enti a Yehia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asafo Nhoma Adesua—Nea Enti a Yehia
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe no Boa Yɛn
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Sɛnea Asafo Nhoma Adesua So Ahwɛfo Kyerɛ Ankorankoro Ho Anigye
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Mmoa Wɔ Bere A Ɛsɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 6/04 kr. 8

Asafo Nhoma Adesua—Nea Enti a Yehia

1. Ɔkwan bɛn so na wofii Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no ase?

1 Wɔ 1895 mu no, wɔfrɛɛ Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, adesua akuw a na wosua Bible no sɛ “Dawn Circles.” Wɔde Millennial Dawn Nhoma no na ɛyɛɛ adesua no. Akyiri yi wɔbɛfrɛɛ nhyiam no sɛ “Berean Circles” a wɔyɛ Bible adesua. (Aso 17:11) Mpɛn pii no na kuw ketewaa bi hyiam wɔ obi fie anwummere wɔ bere a eye ma wɔn mu. Nhyiam ahorow yi na wɔde fii Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no ase.

2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa ‘ahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran’ wɔ nhoma adesua ase?

2 Nkuranhyɛ ne Mmoa: Esiane sɛ wɔhyɛ da ma nhoma adesua akuw no yɛ nketewa nti, wɔn a wɔkɔ no nya hokwan kɛse de da wɔn gyidi adi denam mmuae a wɔma no so. Eyi ma ‘obiara nam ne yɔnko gyidi so nya nkuranhyɛ.’—Rom. 1:12.

3, 4. Ɔkwan bɛn so na nhoma adesua nhyehyɛe no boa yɛn ma yɛyɛ yɛn som adwuma no?

3 Bere a yɛhwɛ sɛnea nhoma adesua sohwɛfo no kyerɛkyerɛ no, ebetumi aboa yɛn ma ‘yɛakura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Tim. 2:15) Hwɛ sɛnea osi Kyerɛwnsɛm a asɛm no gyina so no so dua. Obetumi de Bible nkutoo ati nsɛntitiriw no mu de awie adesua no, sɛ nhoma no ma ɛfata sɛ ɔyɛ saa a. Ne nhwɛso pa no betumi aboa yɛn ma yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn wɔ Kristofo som adwuma no mu.—1 Kor. 11:1.

4 Wɔ dapɛn biara adesua a nhoma adesua sohwɛfo no yɛ akyi no, odi asɛmpaka no anim. Ɔne ɔsom adwuma sohwɛfo no de biakoyɛ yɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe a ɛfata. Ɔpɛ sɛ ɔboa kuw no mufo nyinaa ma wodi wɔn Kristofo asɛyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛmpa no na wɔnyɛ asuafo no ho dwuma.—Mat. 28:19, 20; 1 Kor. 9:16.

5. Mmoa bɛn na wɔnam nhoma adesua so de ma?

5 Nhoma adesua sohwɛfo no dwen kuw no muni biara honhom fam yiyedi ho. Ɔda eyi adi wɔ asafo nhyiam ase ne bere a ɔne afoforo yɛ asɛnka adwuma no. Ɔhyɛ anuanom nkuran wɔ honhom fam nso bere a ɔkɔsrasra wɔn wɔ wɔn afie mu no. Ɛsɛ sɛ obiara fi ne pɛ mu kɔ nhoma adesua sohwɛfo no nkyɛn kogye honhom fam mmoa bere biara a ebehia no.—Yes. 32:1, 2.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na hyia a yɛn nuanom a wɔwɔ aman bi so hyiam sɛ akuw nketewa no ahyɛ wɔn den? (b) Ɔkwan bɛn so na w’ankasa woanya nhoma adesua nhyehyɛe no so mfaso?

6 Monhyɛ Mo Ho Mo Ho Den: Wɔ aman a wɔato Onyankopɔn nkurɔfo dwumadi ano hye wom mu no, anuanom taa hyiam sɛ akuw nketewa. Onua biako kae sɛ: “Ɛwom sɛ wɔbaraa yɛn Kristofo dwumadi no de, nanso bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, na yɛyɛ yɛn dapɛn biara nhyiam sɛ akuw a emufo yɛ 10 kosi 15. Nhyiam no ma yenyaa honhom fam ahoɔden fii yɛn Bible adesua ne yɛn fekubɔ wɔ adesua no akyi no mu. Na yɛde osuahu ahorow a yɛwɔ no toto afoforo de ho, na ɛboaa yɛn ma yehui sɛ yɛn mu biara rehyia ɔhaw koro no ara.” (1 Pet. 5:9) Momma yɛn nso, yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho den denam Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no a yɛbɛboa akosi ase no so.—Efe. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena