Bible Adesua Ahorow a Etu Mpɔn a Wobɛyɛ
1 Yesu ahyɛde a ɔde maa nokware Kristofo nyinaa ne sɛ ‘wɔnkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa n’asuafo.’ (Mat. 28:19) Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ Bible adesua ahorow a etu mpɔn a ɛboa asuafo no ma wɔyɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn nipasu mu na wohyira wɔn nkwa so ma Onyankopɔn. Esiane sɛ adwuma a ɛho hia yi yɛ yɛn som fã nti, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi biara de du yɛn adesuafo no koma mu. Dɛn na egye na ama yɛatumi ayɛ Bible adesua a etu mpɔn?
2 Wo Suban: Ɔdɔ na ɛkanyan ɔkyerɛkyerɛfo a otu mpɔn. (1 Yoh. 4:8) Ɛsɛ sɛ yɛde anigye nya asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa de gye wɔn a wotie yɛn no nkwa. Asuafo a yɛbɛyɛ no gye ahofama, boasetɔ, ne ɔpɛ. So wowɔ su a ɛte saa?
3 Ahosiesie Ho Hia: Ahosiesie a wobɛyɛ de akɔyɛ ofie Bible adesua no hwehwɛ pii sen adesua no a wobɛkenkan na woakenkan kyerɛw nsɛm kakra aka ho kɛkɛ no. Sɛ yebedu yɛn asuafo no komam a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye.
4 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa te ade a yɛrekosua no ase yiye. Ɛsɛ sɛ yedi kan kenkan kyerɛw nsɛm no hu sɛnea ɛfa adesua no mu nsɛm ne Bible suani no ho. Afei, nsɛntitiriw a ɛwom a yebetwitwa ase no bɛboa yɛn ma yɛatumi ada saa nsɛm no adi pefee. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: Yɛbɛyɛ dɛn atumi de adesua no mu nnyinasosɛm ne kyerɛw nsɛm no aboa osuani no ma wanya nkɔso? Nkyekyɛm no mu kyerɛw nsɛm no mu nea ɛwɔ he na mɛkenkan, na ɔkwan bɛn so na mede bedi dwuma? Ahosiesie yi gye bere, nanso ɛso bɛba wo suani no mfaso ankasa!
5 Adesua no Yɛ Mu: Hyɛ da boa osuani no ma onhu sɛnea adesua no mu nsɛm no fa ɔno ankasa ho, ne nea ɛsɛ sɛ ɔde nea wasua no yɛ. (Yak. 1:22; Kol. 3:10 ) Nka nea ɛsɛ sɛ wo suani no yɛ nkyerɛ no. Mfaso wɔ so paa sɛ wode nsɛmmisa ntiantiaa bi a woasusuw ho yiye bedi dwuma na aboa wo ma woahu sɛ osuani no te asɛm no ase na aboa osuani no nso ma n’ankasa asusuw nsɛm ho. (Mat. 16:13-16; 17:24-27) Mfatoho a asete nyɛ den, na ɛnkyere adwene bɛboa wo suani no ma wasusuw nea ɔresua no ho na wahu sɛnea ɔde bɛyɛ adwuma. (Mat. 13:34) Saa akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ yi na ɛmaa Yesu yɛɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no!
6 Wo ne wo suani no mmue Bible no mu na monkenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asisi so de refoa nea nkyekyɛm biara rekyerɛkyerɛ so no. (Heb. 4:12) Ma osuani no nhu sɛ nea ɔresua no yɛ Bible mu nokware ahorow na ɛnyɛ nnipa nkyerɛkyerɛ.—Yoh. 7:16.
7 Kae sɛ adesuafo a wɔhyɛ wɔn nkuran ma wodi kan siesie wɔn ho na wɔto nsa frɛ wɔn ntɛm ma wɔba asafo nhyiam ahorow daa no taa nya nkɔso ntɛmntɛm. Fa wo nhwɛso kyerɛkyerɛ wo suani no ma onsiesie ne ho. Fa baabi a woatwitwa nsɛntitiriw ase wɔ wo nhoma no mu no kyerɛ no. Hyɛ no nkuran bere nyinaa ma ɔnkenkan kyerɛw nsɛm a wɔmfaa emu nsɛm nkae no na ɔmfa n’ankasa nsɛm mma mmuae sen sɛ ɔbɛkenkan afi nhoma no mu kɛkɛ. Nte nka sɛ ɛsɛ sɛ musua ade du baabi pɔtee wɔ bere bi mu. Yɛ adesua no sɛnea osuani no nimdeɛ te, na yɛ no sɛnea ɛbɛma watumi ate ase yiye.
8 Sɛ musua ade wie a, bisa ntimu nsɛm no fa hu sɛ ɔtee nea wasua no ase anaa. (Mat. 13:51) Nea ɛbɛyɛ na wahu Yehowa ahyehyɛde no yiye no, hyɛ no nyansa sɛ ɔnkenkan Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi Ne Dɛn? nhomawa no, na ma ɔnhwɛ yɛn video ahorow te sɛ Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name anaa Our Whole Association of Brothers. Wɔ mo adesua a edi hɔ mfiase no, munsusuw nea musuae no mu nsɛntitiriw no ho tiawa.
9 Fa Wo Nhwɛso Kyerɛkyerɛ: Ɔsomafo Paulo sii hia a nhwɛso a wɔde kyerɛkyerɛ ho hia so dua. (Rom. 2:21, 22; 2 Kor. 6:3) Nhwɛso pa a wobɛyɛ wɔ w’asetram sɛ Kristoni no bɛboa wo suani no ma wahu sɛ Yehowa Adansefo yɛ nea wɔka no ampa.
10 Boasetɔ, ahokeka, ne anigye a wode bɛkyerɛkyerɛ no bɛma asɛm a woka no atɔ asom yiye, na ama wo suani no anya obu ama wo sɛ ɔkyerɛkyerɛfo.
11 Kyerɛ wo suani no ho anigye sɛ obi a obetumi abɛyɛ Kristoni onua anaa onuawa. Fa nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ den na ɛhyɛ nkuran so kyerɛkyerɛ wo suani no ma onnya adwempa na onhu nneɛma pa wɔ afoforo ho. ‘Ma w’abrabɔ mfata asɛmpa no’ bere nyinaa.—Fil. 1:27.
12 Adesua no a wobɛyɛ no dapɛn biara na woadu hɔ bere ano no bɛma osuani no ahu sɛ wubu ne Bible nkyerɛkyerɛ no ahiasɛm. Kyerɛkyerɛ wo suani no ahobrɛase, ahotew, sɛnea ɔbɛkyerɛ honhom fam nneɛma ho anisɔ, ne nsi a ɔbɛyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu.—1 Kor. 11:1.
13 Ɛyɛ hokwan ne asɛyɛde a anibere wom sɛ wobɛtete nkurɔfo ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo. Ma ɔdɔ a wowɔ ma nnipa no nkanyan wo mma wonyɛ nea wubetumi nyinaa bere a woresiesie wo ho ama Bible adesua ahorow ne ne yɛ no. Nokwarem no, ɛdenam Yehowa mmoa so no, wubetumi ayɛ Bible adesua ahorow a etu mpɔn.—1 Tim. 4:15, 16.