Wofi Ayamye Mu Hyɛ Yɛn Nkuran sɛ Yentie Kɔkɔbɔ Nhwɛso Ma Yɛn Bere Yi
Yɛn nyinaa betumi ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebekura yɛn mudi mu no mu den denam asuade a yenya fii Bible drama ho video a wɔato din Warning Example for Our Day (Kɔkɔbɔ Nhwɛso Ma Yɛn Bere Yi) a yɛde bedi dwuma no so. Ansa na wobɛhwɛ no, yɛsrɛ sɛ kenkan Numeri ti 25 ne ɛho nsɛm a ɛwɔ Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 419, nkyekyɛm 3-5 no. Afei bua nsɛmmisa yi: Ná henanom ne Moabfo, na dɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔne wɔn nnni ako? (Deut. 2:9) Ɔkwan bɛn so na Bileam bɔɔ pɔw sɛ ɔnam Moabfo so bɛsɛe Israel man no? Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ aka kakra ma Israelfo adu Bɔhyɛ Asase so no, wɔantumi annyina sɔhwɛ titiriw bi ano?—1 Kor. 10:11, 12.
Bere a worehwɛ Warning Examples video no, susuw asetra afã horow anan a sɛ yebetumi adi nokware ama Onyankopɔn na yɛanya n’anim dom a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so titiriw nnɛ no ho. (1) Suban: Ɔkwan bɛn so na Israelfo binom daa suban a ɛmfata adi wɔ Yehowa ne ne nhyehyɛe ahorow ho? Ɛnde, su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi? (2) Fekubɔ: Dɛn nti na na Yehowa mpɛ sɛ Israelfo no fa Moabfo nnamfo? (Ex. 34:12; Mmeb. 13:20) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpaw yɛn nnamfo wɔ nyansam? (3) Abrabɔ: Bɔne a anibere wom bɛn na fekubɔne maa Israelfo bɛyɛ 23,000 de wɔn ho kɔhyɛɛ mu? (1 Kor. 10:8) Ɛnnɛ, dɛn na atwetwe Onyankopɔn nkurɔfo binom ma wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu, nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn ho ban? (4) Ɔsom: Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ Israelfo no hwɛe wɔ sɛnea wɔn som di mu fa ho? Anifere kwan so abosonsom bɛn na ebinom betumi de wɔn ho ahyem nnɛ, nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati?—Kol. 3:5.
Wɔ drama no mu no, ɔkwan bɛn so na wohyiraa Yamin wɔ nokwaredi a ɔde bɔɔ ne bra no ho? Ɛdenam saa video yi so no, nkuranhyɛ a efi ayamye mu bɛn na Sodikuw no de rema nokware Kristofo nyinaa? Sɛ woyɛ abusua ti a, dɛn nti na wote nka sɛ nyansa wom sɛ w’abusua bɛsan ahwɛ video yi bere ne bere mu?