Yɛn Asetra a Yɛbɛma Ɛne Yɛn Ahosohyira Ahyia
1 Sɛ́ wɔbɔɔ wo asu nnansa yi ara anaasɛ bere tenten ni no, akyinnye biara nni ho sɛ wokae saa bere titiriw no wɔ w’asetram. Yɛn asubɔ nyɛ yɛn ho so a yehyira sɛ yɛbɛsom yɛn nkwa nna nyinaa no awiei, na mmom ne mfiase, na ɛsɛ sɛ ɛkɔ so daa. (1 Yoh. 2:17) Dɛn na ɛhwehwɛ na ama yɛatra ase ma ɛne yɛn ahosohyira ahyia?
2 Di Kristo Nhwɛso Akyi: Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, ‘ofii n’adwuma ase,’ na ɔkaa “Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no.” (Luka 3:23; 4:43) Saa ara na bere a yɛde asubɔ yɛɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne no, yɛbɛyɛɛ asɛmpa no ho asomfo a wɔapaw yɛn. Ebia ebehia bere ne mmɔdenbɔ kɛse na yɛanya yɛn asetram ahiade titiriw de, nanso yɛn adwuma titiriw paa ne Kristofo som adwuma no. (Mat. 6:33) Sɛ́ anka wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no bɛbɔ mmɔden ahwehwɛ ahode anaa edin no, wɔhwehwɛ sɛ ‘wɔbɛkamfo wɔn som’ mmom, sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no. (Rom. 11:13) So w’ani sɔ hokwan a wode resom Yehowa no, na woreyɛ nea wubetumi nyinaa?
3 Sɛnea Yesu yɛe no, ɛsɛ sɛ ‘yesiw ɔbonsam kwan.’ (Yak. 4:7) Satan sɔɔ Yesu hwɛe wɔ N’asubɔ akyi, na saa ara na n’ani sã Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nnɛ no. (Luka 4:1-13) Esiane sɛ yɛwɔ Satan wiase nti, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so, na yɛkwati biribiara a ebetumi asɛe yɛn adwene anaa yɛn koma. (Mmeb. 4:23; Mat. 5:29, 30) Wotu Kristofo fo sɛ ‘wonnnidi Yehowa pon so na bere koro no ara wɔadidi ahonhommɔne pon so.’ (1 Kor. 10:21) Eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ anigyede a ɛmfata, fekubɔne, ne Intanɛt so asiane ho. Ɛsan hwehwɛ sɛ yɛbɛpo nhoma biara a ɛyɛ awaefo de. Eyinom ne Satan mfiri afoforo a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛatra ase ma ɛne yɛn ahosohyira ahyia.
4 Fa Onyankopɔn Nsiesiei Ahorow Di Dwuma: Nea ɛbɛyɛ na Yehowa aboa yɛn ma yɛatra ase ma ɛne yɛn ahosohyira ahyia no, wama yɛn mmoa denam N’asɛm ne Kristofo asafo no so. Ma Bible akenkan nyɛ w’asetra fã na bɔ Yehowa mpae daa. (Yos. 1:8; 1 Tes. 5:17) Ma w’ani nnye asafo nhyiam ahorow ho. (Dw. 122:1) Wo ne wɔn a wosuro Yehowa na wodi n’ahyɛde so no mmɔ.—Dw. 119:63.
5 Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, wubetumi atra ase ma ɛne w’ahosohyira ma Yehowa no ahyia na wode anigye asom no daa.—Dw 22:26, 27; Fil. 4:13.