Adwuma a Egye Ahobrɛase
1 Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yennya ahobrɛase adwene, na yɛmmfa bɔne nntua bɔne so ka, na mmom, yenhyira afoforo.’ (1 Pet. 3:8, 9) Akyinnye biara nni ho sɛ saa afotu no fa asɛnka adwuma no ho. Nokwarem no, Kristofo som adwuma no betumi asɔ yɛn ahobrɛase ahwɛ.
2 Ahobrɛase yɛ su a ɛboa yɛn ma yegyina tebea a enye ano. Sɛ yɛreka asɛm no a, yɛkɔ wɔn a yennim wɔn nkyɛn bere a wɔmfrɛɛ yɛn, a yenim sɛ ebinom bɛyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Egye ahobrɛase na yɛakɔ so aka asɛm no wɔ tebea a ɛte saa mu. Wɔ asasesin bi a na emu yɛ den yiye mu no, anuanom mmea akwampaefo baanu bi yɛɛ afie afie adwuma toaa so mfirihyia abien a obiara antie wɔn! Nanso, wogyinaa mu, na ɛnnɛ asafo abien na ɛwɔ saa beae hɔ.
3 Aniammɔnho Ano a Yebegyina: Ahobrɛase bɛboa yɛn ma yɛasuasua Yesu bere a afoforo nkyerɛ ayamye anaasɛ wɔda aniammɔnho adi kyerɛ yɛn no. (1 Pet. 2:21-23) Wɔ ofie bi mu no, ɔbea bi yeyaw onuawa bi, na ɔbea no kunu nso foaa no so, na wɔhyɛɛ onuawa no sɛ omfi fie hɔ. Onuawa no serewee kɛkɛ na ɔkae sɛ ɔwɔ anidaso sɛ ɔne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ bere foforo. Eyi kaa awarefo no araa ma bere a Ɔdansefo foforo kɔɔ hɔ no, wotiee no na wogyee nsa a ɔto frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra nhyiam wɔ Ahenni Asa so no so. Ná onuawa a wodii kan buu no animtiaa no wɔ hɔ, na obekyiaa wɔn san dii wɔn adanse. Yɛn nso yebetumi adwudwo wɔn a wontie asɛm no bere a yɛda ‘odwo ne obu a emu dɔ adi no.’—1 Pet. 3:15; Mmeb. 25:15.
4 Kwati Ahantan: Bible mu nimdeɛ a yɛwɔ no mma yennya biribiara a yebegyina so abu nkurɔfo animtiaa anaasɛ yɛbɛka nsɛm a ɛmfata afa wɔn ho. (Yoh. 7:49) Mmom no, Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnnka obiara ho asɛmmɔne.’ (Tito 3:2) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ komam sɛnea Yesu yɛe no a, yɛma afoforo nya abotɔyam. (Mat. 11:28, 29) Ahobrɛase a yɛda no adi no ma nkurɔfo kyerɛ yɛn asɛm no ho anigye.
5 Yiw, ahobrɛase boa yɛn ma yegyina mu wɔ asasesin a emu yɛ den mu. Ebetumi adwudwo wɔn a wontie asɛm no koma, na ama afoforo akyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛma Yehowa a “ɔdom ahobrɛasefo” no ani gye.—1 Pet. 5:5.