Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase January 13
Dwom 69
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde January 15 Ɔwɛn-Aban ne January 22 Engiresi Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de.
20 min: “Mmusua Ti—Munkura Honhom Fam Nhyehyɛe Pa Mu.” Sɛ woma nnianim kasa tiawa a egyina nkyekyɛm 1-3 so no wie a, fa nkyekyɛm 4-13 yɛ atiefo nkɔmmɔbɔ. Bisabisa ɔwofo biako anaa baanu nsɛm. Dɛn na aboa wɔn mmusua ma wɔanya honhom fam dwumadi ho nhyehyɛe pa? Mmɔdenbɔ bɛn na eyi hwehwɛ? Ɔkwan bɛn so na wɔanya so mfaso? Ka nkyekyɛm 14 no mu nsɛm tiawa fa wie.
15 min: “Yɛn Asetra a Yɛbɛma Ɛne Yɛn Ahosohyira Ahyia.”a Sɛ mususuw nkyekyɛm 3 ho wie a, bisabisa aberante anaa ababaa bi a wabɔ asu nsɛm tiawa. Efi bere a ɔbɔɔ asu no, sɔhwɛ ahorow bɛn na wahyia? Dɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa saa sɔhwɛ ahorow no ano? Ɔkwan bɛn so na wanya ne nkwa so a ohyira maa Yehowa no so mfaso?
Dwom 22 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 20
Dwom 44
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
15 min: So Worehwehwɛ Kyerɛwnsɛm no Mu Daa? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2003 no nni dwuma yiye. Munsusuw nnianim asɛm a ɛwɔ kratafa 3-4 no ho. Fa sɛnea mmusua betumi abom asusuw daa asɛm ho no ho nyansahyɛ ahorow ma. Nea ɛbɛyɛ na wɔahu mfaso a ɛwɔ so sɛ wobesusuw daa asɛm ho da biara no, munsusuw ɔsram a edi hɔ no mu daa asɛm ne ɛho nkyerɛkyerɛmu abien anaa abiɛsa ho sɛ nhwɛso. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa bi a ɛfa okunu ne ɔyere a wɔabom resusuw ɛnnɛ asɛm ne ɛho nkyerɛkyerɛmu no ho nka ho.
22 min: “Fa Kasa Kronn no Kyerɛkyerɛ Afoforo.”b Sɛ mususuw nkyekyɛm 6 ho wie a, ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu kratafa 4 no mu biako nyɛ sɛnea wofi Bible adesua ase wɔ obi aboboano bere a wɔreyɛ sankɔhwɛ no ho ɔyɛkyerɛ. Ma wonsusuw Ahwehwɛde nhomawa no nkyekyɛm biako ho nka ho. Ma ɔdawurubɔfo no mmisa asɛm bi wɔ nkyekyɛm a edi hɔ no mu na ɔnka sɛ ɔbɛba abebua wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu mfa nwie. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsusuw ho nhwɛ sɛ ebia nkurɔfo a wɔkɔ wɔn nkyɛn no mu bi ani begye ho sɛ osua Bible no wɔ saa kwan yi so anaa.
Dwom 68 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 27
Dwom 92
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mma. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde February 1 Ɔwɛn-Aban ne February 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ma ɔdawurubɔfo no mfa So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no mma ofiewura no—nea wannye nsɛmma nhoma ne nea ogye bi no nyinaa—mfa nwie. Kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi akɔsra wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma bere a yɛde kratawa ma wɔn no mu tiawa.—Hwɛ December 2001 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4, nkyekyɛm 10.
20 min: “Krataa a Efi Sodikuw no Hɔ.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Si emu nsɛntitiriw no so dua na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ sɛ wɔn nsa ka afe 2003 Yearbook no a, wɔnkenkan ne nyinaa.
15 min: Boa Afoforo ma Wɔmmɛn Yehowa. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Yɛde nhoma foforo no bɛma wɔ February mu. Munsusuw asɛm a wɔka kyerɛ akenkanfo a ɛwɔ kratafa 3 no ho, na si nhoma no afã ahorow bi so dua. Afã anan no mu biara twe adwene si Yehowa su atitiriw no biako so. Eti bi a ɛkyerɛ sɛnea Yesu daa saa su no adi ne eti bi a ɛka sɛnea yɛn nso yebetumi ayɛ saa wom. Mfonini ahorow 17 a emu biara fa kratafa biako a wɔagyina Bible mu nsɛm so ayɛ wom. “Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho” no boa yɛn ma yesusuw asɛm no afã foforo a ɛho hia ho. Munsusuw adaka, “Nsɛm a Yebetumi Aka De Bɛn Yehowa Nhoma no Ama” no ho, na ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa nsɛm no mu biako nyɛ ɔyɛkyerɛ.
Dwom 124 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 3
Dwom 9
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw Asɛmmisa Afã ho. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔmfa “Please Follow Up” (S-43) kratasin no nni dwuma bere a wohyia nkurɔfo a wɔka kasa foforo, sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ krataa a wɔkyerɛw no December 15, 1998, a wɔde kɔmaa asafo ahorow nyinaa mu no. Ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ yɛde kratasin yi di dwuma sɛ ɛba mpo sɛ onii no nkyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye a.
12 min: Munsuasua Wɔn Gyidi. Bisabisa ɔpanyin bi a ofi ahobrɛase ne nokwaredi mu asom Yehowa mfirihyia pii nsɛm. (Heb. 13:7) Ɔkwan bɛn so na osuaa nokware no? Akwanside ahorow bɛn na na ɛsɛ sɛ odi so bere a na ɔreba nokware no mu no? Honhom fam nsiesiei anaa nkuranhyɛ bɛn na ɛboaa no ma onyaa nkɔso? Dɛn na ɔyɛe ma wɔpaw no sɛ ɔpanyin? (1 Tim. 3:1) Dɛn na aboa no ma wakari pɛ wɔ asafo no mu asɛyɛde ahorow ne honam fam adwuma ne abusua mu asɛyɛde ahorow ho dwumadi mu? (1 Tim. 5:8) Ɔte nka dɛn wɔ hokwan a wanya de boa afoforo wɔ asafo no mu no ho?
18 min: “Adwuma a Egye Ahobrɛase.”c Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ho a, ma atiefo nka nyansahyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛnea sɛ obi a ɔwɔ yɛn asasesin mu bɔ mmɔden sɛ obedi yɛn ho fɛw anaasɛ ɔbɛyɛ aniammɔnhosɛm akyerɛ yɛn, sɛ ebia ɔne yɛn begye akyinnye, anaasɛ ɔfa yɛn ho abufuw a, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ne ho no nkyerɛ. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, fa Insight, Po 1, kratafa 1160, nkyekyɛm 3 mu nsɛm ka ho.
Dwom 133 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.