Yɛwɔ Adwinnade Foforo a Yɛde Befi Adesua Horow Ase!
1 Ná Amerikani bea no yɛ Roma Katolekni mapa. Ogyinaa asɔre no nkyerɛkyerɛ akyi denneennen. Ɔkɔɔ Vatican nsrahwɛ mpo. Nanso, bere a Yehowa Dansefo baa ne fie no, ɔpenee so ne no yɛɛ ofie Bible adesua. Dɛn ntia? Efisɛ na ɔpɛ sɛ ohu nea ɛwɔ Bible no mu, na na n’asɔre no nyɛ ofie Bible adesua. Osuahu yi kyerɛ yɛn dɛn? Ɛda adi sɛ yennim obi a ɔbɛpene so ma yɛne no ayɛ Bible adesua.—Ɔsɛnk. 11:6.
2 So woatwentwɛn wo nan ase pɛn sɛ wobɛka akyerɛ nkurɔfo sɛ yɛpɛ sɛ yɛne obiara a n’ani gye Bible ho sua ade? So obiara a ɔte wo mpɔtam hɔ no nim sɛ yɛne nkurɔfo sua ade yi a wontua hwee? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ wonim? Denam adwinnade foforo bi a yɛde bedi dwuma no so! Ɛyɛ kratawa fɛfɛ bi a ekura nkratafa asia a wɔato din sɛ So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? Ma yɛnhwehwɛ kratawa yi mu nsɛmti nketewa no mu mmiako mmiako.
3 “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokenkan Bible No?” Nkyerɛkyerɛmu a kratawa no de ma yɛ anigye yiye. Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ “Onyankopɔn akwankyerɛ a ɔdɔ wom” wɔ Bible no mu, na ɛkyerɛ sɛnea yebetumi akɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu akɔhwehwɛ mmoa, ne ɔkwan a yebetumi afa so anya n’akyɛde a ɛne daa nkwa no mu no mu. (1 Tes. 2:13) Kratawa no twe adwene si Bible mu “nokware ahorow a ɛma nhumu” te sɛ sɛ yewu a dɛn na ɛba yɛn so, ne nea enti a ɔhaw pii wɔ asase so no so. Ɛka “Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu” a sɛ yɛde di dwuma a, ɛma yenya honam fam mfaso, anigye, anidaso, ne su afoforo a ɛyɛ anigye ho asɛm. Kratawa no twe adwene si ade foforo biako a enti ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible—daakye ho nkɔmhyɛ ahorow a ɛkyerɛ nea ɛreba nnansa yi ara—no so.—Adi. 21:3, 4.
4 “Mmoa a Ɛbɛma Woate Bible no Ase”: Kratawa no ka sɛ: “Yɛn nyinaa hia mmoa na ama yɛate Onyankopɔn Asɛm ase.” Afei ɛkyerɛkyerɛ ɔkwan a yɛfa so sua Bible no mu: “Ɛtaa yɛ papa sɛ yebesua Bible no nkakrankakra, na yɛde mfitiase nkyerɛkyerɛ afi ase.” Bere a kratawa no reka no pefee sɛ “Bible no ne nhoma a ɛsɛ sɛ yegye tom no,” ɛhyɛ da bɔ Ahwehwɛde nhomawa no din sɛ ɛne nhoma a ɛbɛboa osuani no ma “wate Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a ɛfa nneɛma ahorow pii ho no ase.” Asɛmti ketewa a edi hɔ no bisa asɛm bi a ɛho hia.
5 “So Wopɛ sɛ Wode Bere Bi Sua Bible no Dapɛn Biara na Ama Woate Ase?” Kratawa no kyerɛkyerɛ mu sɛ wobetumi ayɛ Bible adesua no ho nhyehyɛe wɔ bere ne beae a eye ma osuani no, sɛ ebia ne fie anaa telefon so. Henanom na wobetumi anya nkɔmmɔbɔ yi mu kyɛfa? Kratawa no bua sɛ: “W’abusuafo nyinaa. Nnamfo biara a wobɛfrɛ wɔn nso betumi anya mu kyɛfa bi. Anaa sɛ wopɛ a wobetumi ne wo nkutoo abɔ nkɔmmɔ no.” Bere tenten ahe na ɛsɛ sɛ obi de sua ade? Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wubetumi de dɔnhwerew biako asi hɔ asua Bible no dapɛn biara. Sɛ wubetumi de bere pii anaa kakraa bi asua dapɛn biara a, Adansefo no betu wɔn ho ama aboa wo.” Ɛno ne asɛm no! Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ma ɛne osuani biara nsɛm tebea hyia.
6 “Yɛto Nsa Frɛ Wo sɛ Besua Ade”: Kratasin bi wɔ kratawa no so a obiara a ne nsa bɛka bi no nam so betumi abisa Ahwehwɛde nhomawa no bi anaasɛ wama wɔabɛsra no akyerɛkyerɛ no yɛn ofie Bible adesua nhyehyɛe a wontua hwee no mu. Wɔde kɔla ahorow ayɛ Ahwehwɛde nhomawa no akyi mfonini no wɔ kratawa no akyi. So wuntumi nhu nea enti a kratawa yi bɛhyɛ komapafo pii nkuran ma wɔagye yɛn mmoa atom? Afei, ɔkwan bɛn so na yebetumi de adwinnade foforo yi adi dwuma ma ɛso aba mfaso kɛse?
7 Henanom na Yebetumi Ama Wɔn Kratawa no Bi? Yebetumi de kratawa no ama nkurɔfo tẽẽ anaasɛ yɛagyaw bi ama wɔn a yɛanto wɔn wɔ fie no. Yebetumi akyekyɛ no afie afie, abɔnten so, ne asasesin a nnwuma wom mu. Fa ma nkurɔfo, sɛ́ ebia wogye yɛn nhoma no bi anaasɛ wonnye bi no. Fa hyɛ nsɛmma nhoma anaa nhoma foforo a wogye mu. Sɛ worekyerɛw nkrataa akɔma w’abusuafo a wonnye nni ne anigyefo a, fa bi hyɛ mu. Ka kyerɛ wɔn a wo ne wɔn kasa telefon so sɛ wode bi bɛmena wɔn. Fa bi hyɛ wo ho bere nyinaa na kyekyɛ bere a worekodi gua, wote bɔs anaa kar mu, ne bere a woredi adanse bɔnnɔ so. Fa bi ma obiara a ɔba wo fie. Fa bi ma w’abusuafo, afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, ne amannifo foforo. Bɔ mmɔden sɛ wode kratawa yi bi bɛma obiara a wubehyia no! Afei dɛn na edi hɔ?
8 Sɛ Wɔyɛ Ho Biribi Ntɛm Ara Ɛ: Nnipa bi bɛyɛ ho biribi ntɛm ara denam ka a wɔbɛka sɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔne wɔn yɛ Bible adesua no so. Enti, bere biara a wobɛkɔ asɛnka no hwɛ hu sɛ wode Ahwehwɛde nhomawa no abien bɛhyɛ wo ho bere nyinaa—osuani no de biako, na wode biako. Sɛ onipa no pɛ a, fi adesua no ase ntɛm ara. Bue kratafa abien na kenkan “Sɛnea Wode Nhomawa Yi Bedi Dwuma” no kyerɛ no. Afei kɔ adesua 1 no so, na kyerɛ no sɛnea yesua no. Dɛn na ebetumi ayɛ mmerɛw asen eyi?
9 Sɛ Wo Tiefo Hia Bere a Ɔde Besusuw Asɛm no Ho A: Bɔ mmɔden sɛ wobɛsan akɔ ne nkyɛn bio a woremma bere pii ntwam. Sɛ woyɛ saa a, hwɛ hu sɛ wode Ahwehwɛde nhomawa no bi bɛkɔ. Kyerɛ no emu nsɛm a ɛwɔ kratafa abien no. Ma ɔmpaw asɛm a n’ani gye ho sen biara no. Dan kɔ so na mumfi ase nsusuw adesua a ɔpawee no ho.
10 Nsɛmma Nhoma a Yɛde Ma a Yebedi Akyi: Sɛ wode kratawa no kaa nsɛmma nhoma ho mae a, wubetumi afa saa kwan yi so akɔyɛ sankɔhwɛ: “Bere a mebaa ha no, m’ani gyei sɛ memaa wo Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no bi. Ebia wuhui sɛ na nsɛmma nhoma no asɛmti a ɛda so ankasa ne Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ. Ɛnnɛ m’ani begye ho sɛ mɛkyerɛkyerɛ dekode a Ahenni yi yɛ ne nea ɛbɛkyerɛ ama wo ne w’abusua mu akyerɛ wo.” Afei bue Ahwehwɛde nhomawa no adesua 6. Fi ase kenkan nkyekyɛm a edi kan no na mommɔ ho nkɔmmɔ sɛnea ofiewura no bere bɛma kwan. Afei yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba da foforo na moabewie adesua asɛm no.
11 Mma Nkratawa no Nsa Wɔ Wo Ho: Ɔsom adwuma sohwɛfo ne anuanom a wɔhwɛ nhoma so no bɛhwɛ ma asafo no anya Hu Bible No kratawa no bi bere nyinaa. Fa bi hyɛ wo kotoku anaa sika kotoku mu, wo kar, w’adwumam, wɔ sukuu, wo fie aboboano—baabiara a wo nsa betumi aka bi ntɛm ara. Na fa bi hyɛ w’asɛnka bag mu nso ma wɔn a ɛtɔ mmere bi a wuhyia wɔn a wubetumi ne wɔn abɔ Bible mu nkɔmmɔ no.
12 Ɛmmra sɛ Yehowa Behyira Yɛn Mmɔdenbɔ So: Botae a Kristofo nyinaa hwehwɛ ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ obi nokware no. (Mat. 28:19, 20) So woreyɛ ofie Bible adesua mprempren? Sɛ woreyɛ bi a, so wubetumi anya bere ama foforo wɔ wo dapɛn dapɛn nhyehyɛe mu? Sɛ wo ne obi nyɛ adesua mprempren a, akyinnye biara nni ho sɛ wo yam a anka wowɔ bi. Bɔ mpae ma Yehowa nhyira mmɔden a wobɔ sɛ wubenya obi a wubetumi ne no asua ade no so. Afei yɛ saa mpae no ho adwuma.—1 Yoh. 5:14, 15.
13 Yɛwɔ adwinnade foforo a yɛde befi adesua ahorow ase! Hu mu nsɛm no yiye. Kyekyɛ pii. Yɛ nea wubetumi biara ‘sɛ wobɛyɛ yiye, anya wo ho nnwuma pa fam, akyɛ ade fɛw so, na woama wo nsa ateɛ’ wɔ nea woasua afa Onyankopɔn Asɛm ho no ho.—1 Tim. 6:18.
[Kratafa 4 adaka]
HOKWAN AHOROW A YƐDE BƐKYEKYƐ KRATAWA NO
◼ Da biara da nkɔmmɔbɔ mu
◼ Bere a obi gye yɛn nhoma no bi
◼ Bere a yɛanto obiara wɔ fie
◼ Bere a yɛyɛ sankɔhwɛ ahorow
◼ Bere a yehyia obi wɔ abɔnten so adansedi mu
◼ Bere a yedi adanse wɔ asasesin a nnwuma wom mu
◼ Bere a yedi adanse bɔnnɔ so
◼ Bere a yɛkyerɛw nkrataa
◼ Bere a yɛte bɔs anaa kar mu
◼ Bere a obi ba yɛn fie
◼ Bere a yɛne abusuafo, afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, ne amannifo foforo bɔ nkɔmmɔ