Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/03 kr. 5-6
  • Krataa A Efi Sodikuw No Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa A Efi Sodikuw No Hɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2003
Yɛn Ahenni Som—2003
km 1/03 kr. 5-6

Krataa A Efi Sodikuw No Hɔ

Anuanom Adɔfo:

Ɛyɛ yɛn anigye yiye sɛ yɛrekyerɛw mo! Yɛkamfo mo wɔ ɔdɔ ne ahofama a mokɔ so da no adi no ho. Mubetumi ahu afi Yearbook yi mu sɛ yetumi yɛɛ nneɛma pa pii wɔ ɔsom afe a etwaam no mu. Ɔsom afe a etwaam no nso, yɛde bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem biako yɛɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no, na yɛhyɛɛ nkurɔfo nkuran tẽẽ sɛ wɔmmɛn Yehowa. So ɛnyɛ hokwan na yɛanya sɛ yɛne yɛn Nyankopɔn onuonyamfo, ne yɛn soro Agya no bɛyɛ yɔnko adwumayɛfo?—1 Kor. 3:9.

Sɛ yɛhwɛ adwuma a ɛda yɛn anim no a, yɛwɔ ahotoso sɛ mobɛkɔ so asuasua Onyankopɔn asomfo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no nsiyɛ ne wɔn gyidi no. Sɛ nhwɛso no, na ɔsomafo Paulo ani gye sɛ obetu mpɔn wɔ Ahenni nneɛma a na ɔbɛma anya nkɔso no mu. Ɛda adi sɛ ɛyɛ mfe a ɔde traa Efeso no mu afe a etwa to mu na ɔkyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Kristofo asafo a na ɛwɔ Korinto no. Ɛdefa nneɛma a na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wɔ bere tiaa a na ɛda n’anim ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mɛtra Efeso makosi Pentekoste; efisɛ wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me, na akwansiwfo dɔɔso.”—1 Kor. 16:8, 9.

Ná Paulo abɔ ne tirim sɛ obetu kwan akɔ Makedonia ne Korinto. Nanso, ohui sɛ sɛ ɔtwɛn kakra wɔ Efeso a, obenya hokwan de ayɛ adwuma a mfaso wɔ so wɔ hɔ. Ná Paulo yɛ fakaa; ohuu tebea a eye a na obetumi ama Ahenni nneɛma anya nkɔso wɔ baabi a ɔwɔ pɛɛ no, ma enti ɔyɛɛ nsakrae wɔ ne bere nhyehyɛe mu ma ɛne no hyiae. Na ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba abue ama Paulo, na na n’ani gye sɛ ɔde hokwan no bedi dwuma.

Ná saa a ɔbɛyɛ no bɛhwehwɛ sɛ ɔyɛ adwuma pii—asɛmpa no a ɔbɛka ne asafo a ɛwɔ Efeso no a na ɔbɛhyɛ no den. Paulo ka kyerɛɛ mpanyimfo a na wɔwɔ asafo a ɛwɔ saa kurow no mu akyiri yi sɛ: “Mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo gua so ne afi mu, na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.”—Aso. 20:20, 21.

Saa ara na mo nuanom adɔfo mmarima ne mmea de hokwan ahorow a abue ama mo no redi dwuma. Sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, afe a etwaam no, mo mu binom a wɔn dodow yɛ 789,938 tumi totoo wɔn nneɛma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya akwampae adwuma no fã bi mu kyɛfa. Mo mu binom atu kwan akɔ asase ano tɔnn sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛsom sɛ asɛmpatrɛwfo. Mode nsi retrɛw asɛmpa no mu na morehyɛ asafo horow no den. Mo mu binom asua kasa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi aboa nnipa a wɔte bɛn mo a wɔka ɔman foforo so kasa no. Bio nso, afoforo atoto wɔn nneɛma yiye ma wɔatumi ayɛ adwuma wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu, anaasɛ wɔakɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Ebinom mpo ahu sɛ ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba abue ama wɔn wɔ sukuu mu, adwumam, anaa tebea horow a wobetumi adi adanse a etu mpɔn, te sɛ telefon so. Osuahu ahorow a yɛanya fi wiase nyinaa di adanse sɛ Onyankopɔn nkurɔfo, mmofra ne mpanyimfo, nyinaa de anigye rehwehwɛ na wɔrenya hokwan ahorow a wɔde bɛkyerɛkyerɛ afoforo nokware no wɔ baabiara.

Munya awerɛhyem sɛ Yehowa hu mo mmɔdenbɔ no nyinaa na ɔkyerɛ ho anisɔ kɛse. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.” (Heb. 6:10) Monkɔ so nsiesie mo ho sɛ mode hokwan ahorow a ɛbɛma nokware som anya nkɔso no bɛyɛ adwuma. Mo mu binom betumi atrɛw mo som adwuma mu. Yɛn nyinaa betumi abɔ mmɔden ama yɛn som adwuma atu mpɔn kɛse.

Ɔsɔretia bata yɛn asɛnka adwuma a yɛreyɛ no ho. Kae sɛ bere a Paulo kae sɛ ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba abue ama no no, ɔkyerɛwee sɛ: “Akwansiwfo dɔɔso.” Paulo fam no, na saa asɔretiafo no yɛ Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa, a wɔn mu binom tow hyɛɛ no so tẽẽ, na afoforo nso nam sum ase bɔɔ ne ho pɔw.—Aso. 19:24-28; 20:18, 19.

Yehyia tebea a ɛte saa ara nnɛ. Bere a yɛrebɛn nneɛma nhyehyɛe bɔne no awiei yi, yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia ɔsɔretia pii. Satan afa “abufuw kɛse,” na wɔn a wɔsom Onyankopɔn no titiriw na ne bo afuw wɔn. (Adi. 12:12) Mommma mo werɛ mmfi da sɛ Satan ne ‘wiase sodifo.’ Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.”—Yoh. 14:30; 15:19.

Yɛasi yɛn bo sɛ yɛremma obiara nsɛe Onyankopɔn mu gyidi a yɛwɔ anaasɛ yɛremma yɛn nsam ngow wɔ asɛnka adwuma no mu. Yenim sɛ nkurɔfo bɛkɔ so atow ahyɛ yɛn so na wɔabɔ yɛn ho pɔw. Nanso, yɛbɛkɔ so aka Ahenni no ho asɛmpa no, bere a yɛwɔ ahotoso sɛ Yesu bɛpɛtɛw Satan ne ne dɔm wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no. Asɔretiafo antumi amma ɔsomafo Paulo ammua n’ano. Na saa ara na wɔrentumi mma Yehowa asomfo mmua wɔn ano nnɛ. Ɛmfa ho sɛnea Satan bo afuw, ne sɛnea wiase no tan yɛn no, Yehowa honhom reyɛ adwuma denneennen wɔ N’asomfo so. Monhwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛanya wɔn a wɔrebɔ asɛmpa no ho dawuru no dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 6,304,645!

Yɛn mpaebɔ ne sɛ mobɛkɔ so de hokwan a abue no adi dwuma de ama Yehowa Ahenni fɛfɛ no ho nneɛma anya nkɔanim. Munnya awerɛhyem sɛ yedwen mo mu biara ho bere a yɛde “ɔnokoro” som Ɔsorosoroni, Yehowa Nyankopɔn no.—Sef. 3:9.

Mo nuanom,

Yehowa Adansefo Sodikuw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena