Mmusua Ti—Munkura Honhom Fam Nhyehyɛe Pa Mu
1 Ɛmfa ho sɛ Daniel traa Babilon a na abosonsom ne ɔbrasɛe ahyɛ hɔ ma mfe pii no, wohuu no sɛ obi a na ɔsom Yehowa “daa.” (Dan. 6:16, 20) Ɔkwan bɛn so na okuraa ne honhom fam yiyedi mu? Bible kyerɛwtohɔ da no adi sɛ na ɔwɔ nhyehyɛe pa wɔ nokware som a na ɔde ma no mu. Sɛ nhwɛso no, na ɔbɔ mpae mprɛnsa da biara wɔ ne dan atifi. (Dan. 6:10) Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔwɔ nhyehyɛe pa ma honhom fam dwumadi ahorow te sɛ Mmara no a na ɔbɛkenkan. Ne saa nti bere a Daniel hyiaa sɔhwɛ a ɛde ne nkwa too asiane mu no, wanhinhim wɔ ɔsom a na ɔde ma Yehowa no mu, na wɔnam anwonwakwan so gyee no.—Dan. 6:4-22.
2 Saa ara na ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ‘kɔ so wɛn bere nyinaa.’ (Efe. 6:18) Wiase a yɛte mu no “da ɔbɔne no mu.” (1 Yoh. 5:19) Ɔsɔretia anaa sɔhwɛ ahorow betumi asɔre mpofirim na asɔ yɛn gyidi ahwɛ. Wɔ ahohiahia kɛse no mu no, Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ Onyankopɔn asomfo so denneennen, na ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔrennya baabiara mfa no. Eyi bɛhwehwɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa to Yehowa so koraa.—Hes. 38:14-16.
3 ‘Ade titiriw biako ne sɛ yɛbɛma Bible akenkan, ne adesua, ne ɛho asɛm a yɛbɛka no atu mpɔn, na yɛde abɔ yɛn bra.’ Saa na afe 1998 ɔmantam nhyiam drama a n’asɛmti ne “Mmusua—Momma Bible a Mobɛkenkan no Daa Nyɛ Mo Asetra Kwan!” no nnianim asɛm no kae. Ɛtoaa so sɛ: “Sɛ mmusua di nhyehyɛe a ɛte saa akyi daa, na sɛ wɔma Bible mu nsɛm no yɛ anigye a, Bible adesua ho nhyehyɛe yi betumi anya abusua no so nkɛntɛnso kɛse. Ɛma yɛn nimdeɛ dɔɔso. Ɛhyɛ yɛn gyidi den. Na ɛma yenya nkurɔfo a yebetumi ahwɛ wɔn asua wɔn—mmarima ne mmea a wɔtraa ase tete mmere mu a na wɔn gyidi yɛ den—a wobetumi ahyɛ yɛn nkuran na ama yɛatumi agyina nokware no akyi.” Bere a yesusuw honhom fam nhyehyɛe pa afã horow ho no, ɛsɛ sɛ mmusua ti hwehwɛ akwan a wobetumi afa so ama wɔn mmusua honhom fam nhyehyɛe atu mpɔn.
4 Munsusuw Onyankopɔn Asɛm Ho Daa: “Sɛ Onyankopɔn Ahenni di tumi a obiara nsɔre ntia na n’apɛde yɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro a, nnipa atirimɔdenfo—anaa aboa biara mpo—‘renyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio.’ (Yes. 11:9; Mat. 6:9, 10)” Saa nsɛm yi puei wɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2001 mu nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ September 11 no mu. Hwɛ awerɛkyekye ara a saa nkaesɛm yi yɛe! Sɛ́ abusua ti no, so wo ne w’abusua susuw Bible mu asɛm ne ɛho nkyerɛkyerɛmu no ho daa? Mfaso wɔ eyi so paa. Sɛ ɛyɛ den sɛ mubehyiam anɔpa a, mubetumi ayɛ saa akyiri yi wɔ da no mu. Agya bi kae sɛ: “Anwummere adidibere ayɛ bere pa a yetumi hyiam susuw Bible kyerɛwsɛm a wɔde ma yɛn da biara da no ho.”
5 Sɛ mowɔ nhyehyɛe pa a mode hwɛ daa asɛm no mu sɛ abusua dedaw a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛkamfo mo. Ebia mubetumi anya eyi so mfaso kɛse denam Bible no fã bi a mobɛkenkan wɔ bere koro no ara mu no so. Ebinom de ayɛ wɔn su sɛ wɔbɛkenkan Bible no ti a woyii da no mu asɛm fii mu no nyinaa. Afoforo nso paw Bible no mu nhoma ahorow bi kenkan no nnidiso nnidiso. Da biara Bible akenkan bɛboa mo abusua no ma moanya Yehowa ho suro pa a ɛremma monyɛ ade a ɛnsɔ n’ani, na ɛbɛhyɛ ɔpɛ a mowɔ sɛ mobɛyɛ n’apɛde no mu den.—Deut. 17:18-20.
6 Sɛ mode bere kakra susuw mfaso a ɛwɔ asɛm no so ho wɔ mo abusua Bible akenkan nhyehyɛe ne daa asɛm a mobɛhwɛ mu daa no mu a, mubenya so mfaso pii. Ɔsom Sukuu adesua nhoma no de nyansahyɛ ma wɔ kratafa 60 sɛ: “Ebia mobɛpaw dapɛn no mu Bible akenkan nkyekyɛm kakraa bi . . . na afei moabisa nsɛm te sɛ eyi: ‘Ɔkwan bɛn so na eyi ma yɛn akwankyerɛ? Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nkyekyɛm ahorow yi adi dwuma wɔ asɛnka mu? Dɛn na ɛma yehu wɔ Yehowa ne ɔkwan a ɔfa so yɛ nneɛma no ho, na ɔkwan bɛn so na ɛma ne ho anisɔ a yɛwɔ no yɛ kɛse?’” Honhom fam nkɔmmɔbɔ a ɛte saa bɛboa mo abusua no mufo nyinaa ma ‘moahu ade a Yehowa pɛ yiye.’—Efe. 5:17.
7 Abusua Adesua: Abusua adesua a mobɛyɛ no dapɛn biara no yɛ ɔkwampa a mmusua ti nam so da no adi kyerɛ wɔn mma sɛ honhom fam nneɛma na edi kan. Aberante bi ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na Paapa abrɛ fi adwumam araa ma enti sɛ ɔtɔ hɔ a ontumi nsɔre, nanso ne nyinaa akyi no, na yɛyɛ adesua no, na eyi boaa yɛn ma yehuu aniberesɛm a ɛyɛ.” Mmofra nso betumi aboa ma nhyehyɛe no ayɛ yiye. Abusua bi a emufo yɛ baakron sɔre nnɔnnum yɛ wɔn abusua adesua esiane sɛ wonnya bere foforo biara nti.
8 Sɛ abusua adesua betu mpɔn a, ɛsɛ sɛ abusua ti no ‘hwɛ ne nkyerɛkyerɛ yiye.’ (1 Tim. 4:16) Ɔsom Sukuu adesua nhoma no ka wɔ kratafa 32 sɛ: “Yebetumi aka ma afata sɛ w’ankasa abusua mu nhwehwɛmu a wobɛyɛ no na efi abusua adesua a etu mpɔn ase. Ɔkwan bɛn so na w’abusuafo renya honhom fam nkɔso? . . . Sɛ wo ne wo mma wɔ asɛnka mu a, so ɛnhaw wɔn sɛ wɔbɛda wɔn ho adi akyerɛ wɔn atipɛnfo sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo? So wɔn ani gye abusua Bible akenkan ne adesua nhyehyɛe a woayɛ no ho? So wɔrefa Yehowa kwan so wɔ wɔn asetra mu ankasa? Sɛ wohwɛ wɔn yiye a, sɛ́ abusua ti no, wubehu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi aboa abusua no muni biara ama wanya honhom fam su ahorow.”
9 Asafo Nhyiam Ahorow: Ɛsɛ sɛ ahosiesie a mobɛyɛ ama nhyiam ne kɔ a mobɛkɔ no yɛ dapɛn no mu ade titiriw. (Heb. 10:24, 25) Ɛtɔ mmere bi a mubetumi abom asiesie mo ho ama nhyiam ahorow no bi sɛ abusua. Sɛ́ anka mobɛtwɛn ma aka akyi dodo no, so mubetumi ayɛ nhyehyɛe adi kan asiesie mo ho ato hɔ? Nhyehyɛe pa a mobɛyɛ wɔ eyi mu no bɛma dwumadi a moyɛ wɔ nhyiam ahorow mu ne mfaso a munya fi mu no atu mpɔn.—Mmeb. 21:5.
10 Honhom fam nhyehyɛe a etu mpɔn gyina yɛ a mobɛyɛ no yiye na moayɛ no daa no so. Na sɛ nsɛm tebea ma ɛyɛ den sɛ mubesiesie mo ho ama nhyiam ahorow no nyinaa nso ɛ? Ɔsom Sukuu adesua nhoma no de nyansahyɛ ma wɔ kratafa 31 sɛ: “Kwati afiri a ɛne sɛ wubetu mmirika ahwɛ nsɛm no mu de akyerɛ sɛ woasua, anaa nea enye koraa no, sɛ worensua emu bi koraa esiane sɛ wuntumi nyɛ ne nyinaa nti. Mmom no, hwɛ nea wubetumi asua, na sua no yiye. Yɛ no dapɛn biara. Bere kɔ so no, bɔ mmɔden sɛ wobɛtrɛw mu ma aka nhyiam afoforo.”
11 Sɛ mmusua du nhyiam ase ntɛm a, eyi boa ma wosiesie wɔn adwene yiye sɛ wɔde beyi Yehowa ayɛ na wonya akwankyerɛ a ɔde ma no mu mfaso. So ɛyɛ su a mo abusua no wɔ? Ɛhwehwɛ sɛ mototo nneɛma yiye na obiara boa wɔ fie hɔ. Sɛ muhu sɛ mo abusua no yɛ nneɛma ahopere so kitikiti wɔ anwummere a mobɛkɔ nhyiam no a, so mubetumi ayɛ nsakrae bi wɔ mo nhyehyɛe mu? So nneɛma bi wɔ hɔ a mubetumi adi kan adi ho dwuma ato hɔ? Sɛ adwuma akyere abusua no muni bi so a, so wɔn a aka no betumi aboa no? Sɛ mufi fie ntɛm kakra a, so ɛbɛtew ahokyere no so? Nhyehyɛe pa boa ma asomdwoe ba abusua no ne asafo no nyinaa mu.—1 Kor. 14:33, 40.
12 Asɛnka: Bere pɔtee a mobɛhyɛ ama asɛnka no nso ka honhom fam nhyehyɛe pa ho. Aberante bi a wɔfrɛ no Jayson ka sɛ: “Wɔ m’abusua mu no, na yɛde Memeneda anɔpa biara kɔ asɛnka. Na eyi ye ma me efisɛ bere dodow a mekɔ asɛnka no, dodow no ara na mihu ɛso mfaso, na dodow no ara na m’ani gye ho.” Saa ara na nnipa pii a wɔtetee wɔn wɔ Adansefo mmusua mu no ahu sɛ bere pɔtee a na wɔhyɛ de kɔ asɛnka dapɛn biara no boaa wɔn ma wonyaa nkɔso sɛ Kristofo asomfo.
13 Nhyehyɛe pa nso betumi aboa ma bere a mo abusua no de kɔ asɛnka no ayɛ anigye na ɛso aba mfaso. Mobɛyɛ dɛn na moatumi ayɛ eyi? Ɔwɛn-Aban a ɛbae July 1, 1999, kratafa 21 de nyansahyɛ a edi so yi mae sɛ: “So ɛyɛ a bere ne bere mu no wode bere a mode yɛ mo abusua adesua no bi boa w’abusuafo ma wosiesie wɔn ho ma asɛnka adwuma dapɛn no? Saa a wobɛyɛ no betumi ayɛ mfaso kɛse. (2 Tim. 2:15) Ebetumi aboa ma wɔn asɛnka adwuma ayɛ nea mfaso wɔ so na ɛsow aba. Bere ne bere mu no, mubetumi de bere a mode yɛ adesua no nyinaa asiesie mo ho wɔ saa kwan no so. Mpɛn pii no, mubetumi adi asɛnka adwuma ho dwuma wɔ nkɔmmɔ ntiatiaa a mobɛbɔ mu wɔ abusua adesua no awiei anaa bere foforo wɔ dapɛn no mu.” So mo abusua no asɔ eyi ahwɛ?
14 Monkɔ So Nnya Nkɔso: So nea yɛasusuw ho yi ama moahu mmeae a mo abusua no rebɔ mmɔden? Kamfo wɔn na bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wɔn nkuran wɔ eyi mu. Sɛ muhu sɛ muhia sɛ mutu mpɔn wɔ mmeae pii a, munni kan mpaw emu biako anaa abien nni ho dwuma. Sɛ ɛbɛka mo honhom fam nhyehyɛe ho a, mompaw biako anaa abien foforo nni ho dwuma. Monna adwempa ne ntease adi. (Fil. 4:4, 5) Honhom fam nhyehyɛe pa a mobɛyɛ ama mo abusua no gye mmɔdenbɔ ankasa, nanso mfaso wɔ so efisɛ Yehowa hyɛ yɛn bɔ sɛ: ‘Nea ɔbɔ kwan fa so no, mɛma wahu Nyankopɔn nkwagye.’—Dw. 50:23.