Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ April 28, 2003 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ March 3 kosi April 28, 2003 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de hwehwɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Nneɛma bɛn na ɛmma kasa nkɔ yɔɔ? [be-TW kr. 93]
2. Ampa Anaa Atoro: Ɛsɛ sɛ wɔkwati ɔkasa mu ɔhome, efisɛ etumi ma nkurɔfo adwene kyinkyin na ɛma wonya hokwan kasa bere a worekasa no. Kyerɛkyerɛ mu.
3. Mfaso bɛn na ɛwɔ adwene a ɛwɔ kasa mu so dua a wosi so ma ɔkasafo bi anaa nea ɔkenkan ade wɔ baguam no? (Neh. 8:8) [be-TW kr. 101]
4. Ɔkwan bɛn so na obi bɛfa asua sɛnea wosi adwene a ɛwɔ kasa mu so dua yiye? [be-TW kr. 102-3]
5. Nsɛntitiriw bɛn na ɛsɛ sɛ wusi so dua bere a worekenkan nhoma bi den wɔ Bible adesua ase anaa wɔ asafo nhyiam ase no? [be-TW kr. 105]
DWUMADI 1
6. Dɛn na awofo betumi ayɛ de atete wɔn mma ma ‘wɔatie, na wɔasua’ wɔ Kristofo nhyiam ase? (Deut. 31:12) [be-TW kr. 16]
7. Dɛn ne honhom fam paradise no? [w01-TW 3/1 kr. 8-10]
8. Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 8:1-3 kyerɛ sɛ nyansa a efi soro no wɔ hɔ ma nnipa nyinaa, na sɛnea Kolosefo 2:3 kyerɛ no, wobehu no wɔ he? [w01-TW 3/15 kr. 25, 28]
9. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa ama nkurɔfo ahu Onyankopɔn din? (Yoh. 17:6) [be-TW kr. 273-5]
10. “Ahenni ho asɛmpa” no ho nsɛm a ɛho hia paa bɛn na ɛsɛ sɛ nkurɔfo hu? (Mat. 24:14) [be-TW kr. 279-80]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. (a) Wɔ afeha a edi kan mu no, na dɛn ne “akyide a ɛbɔ ɔman” a wɔkaa ho asɛm wɔ Marko 13:14 no? (b) Dɛn na gyina a na “egyina nea ɛnsɛ” no kyerɛ?
12. Ɔkwan bɛn so na Luka Asɛmpa no da no adi sɛ na Yesu yɛ Dawid ahengua no dedifo fi awo mu? (Luka 3:23-38) [w92-TW 10/1 kr. 9 nky. 3]
13. Dɛn na na asɛm a Yesu kae a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Luka 12:2 no kyerɛ?
14. Wɔ Yesu mfatoho a ɛfa dwetɛbona a ɛyerae ho mu no, dɛn nti na sɛnea abɔfo no yɛɛ wɔn ade wɔ ho no yɛ nwonwa? (Luka 15:10) Ɛsɛ sɛ wɔn nhwɛso no ka yɛn dɛn?
15. Apam abien bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Luka 22:29?