So Ɛsɛ sɛ Wo Ba Kɔ Sukuu a Sukuufo no Te Hɔ?
1 Awofo a wodwen wɔn mma ho nyinaa pɛ sɛ wɔma wɔn mma nya mfiase pa wɔ asetram, na nhomasua a edi mũ na ɛkari pɛ ho hia na ama wɔatumi adu saa botae no ho. Mpɛn pii no, nhomasua ma wonya adwuma yɛ daakye na ɛboa mmofra ma wonyin bɛyɛ mpanyimfo a wotumi hwɛ wɔn ho ne wɔn ankasa mmusua. Ɛwom sɛ nhomasua a ɛfata a Kristofo a wɔyɛ awofo bɛma wɔn mma anya ho hia de, nanso wɔde mpaebɔ susuw asɛyɛde bi a ɛho hia sen saa koraa—wɔn mma honhom fam yiyedi—ho.—Fil. 1:10.
2 Wɔ Ghana no, awofo hyia asɛnnennen titiriw bi wɔ wɔn mma nhomasua ho. Wɔ mmeae pii no, sukuu ahorow a ɛwɔ hɔ no nyɛ papa. Ntoaso sukuu nni nkurow bi mu a mmofra betumi atoa wɔn nhomasua so wɔ hɔ. Eyi nti awofo pii si gyinae de wɔn mma kɔ sukuu a sukuufo no te hɔ, a mpɛn pii no, wɔwɔ nnwinnade a ɛsɛ na ɛhɔ nhomasua tu mpɔn no. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi daa no adi sɛ Adansefo mma a wɔwɔ ɔman yi mu nyinaa no pii kɔ sukuu a sukuufo no te hɔ. Wɔ mmeae bi no, ɛwom sɛ sukuu a sukuufo no kɔ bɛda fie a ɛfata wɔ hɔ de, nanso awofo de wɔn mma kɔ sukuu a sukuufo no te hɔ. Awofo foforo ma wɔn mma ankasa paw sukuu a sukuufo no te hɔ. So asiane wɔ sukuu a sukuufo no te hɔ mu a ebetumi aka mmofra no honhom fam yiyedi? Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ awofo susuw ho?
3 Sukuufo Foforo Nkɛntɛnso: Sukuu a sukuufo no te hɔ bi betumi ayɛ nea wɔn gyinapɛn wɔ nhomasua mu korɔn. Na sukuufo ne akyerɛkyerɛfo no abrabɔ fam gyinapɛn nso ɛ? Sukuufo pii nhu mfomso biara a ɛwɔ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim ho. Wobu korɔnbɔ, atorodi, ne nnaadaa sɛ nneyɛe a ɛnhaw adwene. Esiane sɛ Adansefo mma ne wɔn nyɛ adwene nti, mpɛn pii no, wɔtaa wɔn, di wɔn ho fɛw, de nhyɛso a emu yɛ den ba wɔn so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn ho bɛhyɛ wiase nneyɛe mu. (1 Pet. 4:4) Nokwarem no, eyi ne nea ɛrekɔ so wɔ sukuu ahorow nyinaa mu. Nanso sɛ yɛn mma wɔ sukuu a sukuufo no te hɔ mu a, wɔne wɔn mfɛfo sukuufo tra nnɔnhwerew 24 da biara. Fekubɔne a yɛn mma wom bere nyinaa yi de nkakrankakra betumi asɛe wɔn gyidi, na ama wɔahwe ase honhom fam. Esiane sɛ mmofra no nni wɔn awofo nkyɛn bere tenten nti, ebetumi ama wɔafa asetra kwan abien so, ayɛ wɔn ade ɔkwan biako so wɔ sukuu mu na wɔayɛ wɔn ade ɔkwan foforo so wɔ fie bere a wɔne wɔn awofo wɔ hɔ no.—Dw. 26:4.
4 Susuw aberantewaa bi a wadu ne mpanyin afe so a wabɔ asu a ɔkɔɔ sukuu a sukuufo no te hɔ wɔ Ghana no suahu a ɛyɛ awerɛhow no ho hwɛ. Wɔ afe a edi kan mu no, ne yɔnko sukuuni abeawa bi kyerɛɛ ne ho anigye wɔ nna fam. Wampene so, na ɔka kyerɛɛ n’awofo. N’awofo kaee no asiane ahorow a ɛwɔ hɔ no, na wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnhwɛ ne ho yiye. Nanso bere kɔɔ so no, esiane sɛ abeawa no ne ne mfɛfo sukuufo no kɔɔ so hyɛɛ no nti, ogyaee ne ho mu bɔɔ aguaman. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nneyɛe bɔne yi mu siei afe biako ne fã kosii sɛ awiei koraa no ɛbɛdaa adi na wotuu no fii asafo no mu.
5 Ɛyɛ nokware sɛ, sɛ sukuufo a wɔkɔ sukuu a wɔte hɔ no nam nsɛm a wɔka ne wɔn nneyɛe so da wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo a, eyi tumi boa wɔn. Ebetumi aba sɛ sukuu mpanyimfo no renhyɛ wɔn mma wɔmfa wɔn ho nhyɛ atoro som nneyɛe a ɛne yɛn gyidi nhyia mu. Ebia wɔn mfɛfo sukuufo rentwetwe wɔn nkɔ nneyɛe ne nkɔmmɔbɔ a ɛho ntew mu. Afei nso, ɛda adi sɛ wɔremfa nneyɛe bɔne nsusuw wɔn a wɔde Kristofo nnyinasosɛm bɔ wɔn bra no, na akyerɛkyerɛfo ne mfɛfo sukuufo betumi abu wɔn.
6 Nanso, nneɛma nkɔ so saa bere nyinaa. Mpɛn pii no, soronko a abofra bi yɛ no ma mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo taa no, na wodi ne ho fɛw. Esther hyiaa nhyɛso a emu yɛ den fii sukuufo ne akyerɛkyerɛfo hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obebu Bible nnyinasosɛm ahorow so. Wɔhyɛɛ ɔne Adansefo foforo sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ anigyede a ɔbrasɛe wom, nna mu ɔbrasɛe, ne atoro som nneyɛe mu. Sɛ wɔampene so ne wɔn mfɛfo sukuufo a wɔyɛ mpanyimfo sen wɔn no anna a, na wɔfa ɔkwan bi so bɔ wɔn atoro sobo twe wɔn aso denneennen wɔ ho. Esther bisa sɛ: “Wubetumi akɔ so ako atia nsɛm tebea a ɛtete saa akosi bere bɛn?”
7 Akyerɛkyerɛfo Nkɛntɛnso: Ebetumi aba sɛ wubenya akyerɛkyerɛfo bi a wɔn bra asɛe a wɔde tumi a wɔwɔ di dwuma ɔkwammɔne so na wɔne sukuufo a wɔkyerɛ wɔn ade nya nna mu kyɛfa mpo wɔ sukuu biara mu. Nanso, ɛda adi yiye sɛ wɔ sukuu a sukuufo no te hɔ mu no, wɔmmɔ akyerɛkyerɛfo a wɔte saa no nneyɛe ho amanneɛ. Akyerɛkyerɛfo foforo fi adwempa mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtete mmofra ma wɔabɛyɛ ɔmamma a wɔn so wɔ mfaso, na wɔama wɔn asetra afata wiase a wɔte mu no. Nanso Adansefo mma hyia ɔhaw foforo wɔ eyi mu. Ɛnyɛ bere nyinaa na wiase no gyinapɛn ahorow ne Kristofo nnyinasosɛm hyia. Bere a akyerɛkyerɛfo hyɛ sukuufo nkuran sɛ wɔmma wɔn asetra mfata wiase yi no, Yesu kae sɛ n’akyidifo bɛyɛ wɔn a “wɔnyɛ wiase no fã.”—Yoh. 17:16, NW.
8 Hokwan Pii a Wonnya Mpue: Nea ɛnte sɛ sukuupɔn a sukuufo no tumi di akɔneaba sɛnea wɔpɛ no, ntoaso sukuu mma mmofra no kwan mma wompue pii. Sukuufo no wɔ akyerɛkyerɛfo no nkɛntɛnso ase. Sukuu a sukuufo no te hɔ mu mpanyimfo pii mmu yɛn gyidi ahorow, na wɔmma Adansefo mma kwan mma wɔnkɔ asafo nhyiam ahorow. Sukuu ahorow bi a ɛyɛ nyamesom ahyehyɛde de hyɛ yɛn mmofra no daa ma wɔkɔ asɔre, na wɔahyɛ ebinom ma wɔde wɔn ho ahyɛ atoro som nneyɛe mu mpo. Sukuu pii mma ɛhɔnom mpanyimfo ne Adansefo mma nkɔyɛ asafo nhyiam ahorow, na ɛnam so ma sukuufo no ankasa yɛ wɔn asafo nhyiam ahorow. Esiane anohyeto ahorow yi nti asafo nhyiam a wɔyɛ no dapɛn biara no mu dodow no ara pa yɛn mma no bi ti so, wɔbɛyɛ wɔn a wɔntaa nkɔ asɛnka, na wɔmma wɔn kwan mma wɔnkɔ Nkaedi mpo!
9 “Mommma Wɔnnnaadaa Mo!”: Awofo binom wɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn mma honhom fam yiyedi bɛto asiane mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nhomasua a “eye” ama wɔn. Wɔtwe adwene si Kristofo mmabun bi a wɔkɔɔ sukuu a sukuufo no te hɔ na mprempren wɔyɛ mpanyimfo ne akwampaefo so sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ “sukuu a sukuufo no te hɔ nyɛ bɔne” ankasa. Nanso, akoa nokwafo ne ɔbadwemma no de kɔkɔbɔ yi maa awofo wɔ March 15, 1997, Ɔwɛn-Aban, kratafa 26, nkyekyɛm 3 sɛ: “Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekubɔne sɛe ɔbra pa.’ (1 Korintofo 15:33, NW) Ɛnsɛ sɛ wɔdaadaa awofo a wɔyɛ Kristofo ma wosusuw sɛ bere a wɔn mma ne wɔn a wɔnsom Nyankopɔn bɔ bere nyinaa no, wɔn honhom fam yiyedi rensɛe. Nkakrankakra, ebetumi aba sɛ mmofra a wosuro Nyankopɔn no remmu Kristofo gyinapɛn ahorow sɛ ɛyɛ ade titiriw, na wobetumi ahwere honhom fam nneɛma ho anisɔ a wɔwɔ nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a eyi nna adi mma awofo nhu kosi bere a wɔn mma no befi sukuu no mu. Mpɛn pii no, ebedu saa bere no, na aka akyiri dodo sɛ wobesiesie tebea no.”
10 Clement asɛm no yɛ eyi ho nhwɛso. Ɔka sɛ, “Ná m’ani gye nokware no ho, na na me ne anuanom kɔ asɛnka. Ne titiriw no, na mede me ho hyɛ yɛn abusua Bible adesua ne Asafo Nhoma Adesua mu, na na m’ani gye. Nanso, minya kɔɔ sukuu a sukuufo no te hɔ a na madi mfirihyia 14 no pɛ, na migyaee nokware no koraa. Mfirihyia anum a midii wɔ sukuu mu hɔ nyinaa no, mankɔ asafo nhyiam da. Esiane fekubɔne nti, mede me ho hyɛɛ nnubɔnenom, sigaretnom, ne asabow mu.”
11 Awofo Asɛyɛde: Onyankopɔn Asɛm da no adi pefee sɛ awofo ankasa na ɛsɛ sɛ wodi wɔn mma honhom fam ahiade ahorow ho dwuma. Yɛn mma hia mmoa bere nyinaa na ama wɔanantew nkwa kwan no so. Ehia sɛ yɛne wɔn yɛ Bible adesua daa, wonya asɛnka mu kyɛfa, na wɔkɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa. Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma di nkitaho daa na ama wɔatumi ahu wiase nkɛntɛnso bɔne anaa biribiara a ebetumi asɛe wɔn honhom fam yiyedi a ɛreda adi wɔ wɔn asetram no. (1 Kor. 15:33; Mmeb. 20:11) Awofo begye atom ntɛm ara sɛ eyi nyɛ adwuma a ɛyɛ mmerɛw! Sɛ wo mma wɔ fie na sɛ egye mmɔdenbɔ kɛse ansa na wode mmoa ama wɔn da biara, abɔ mpae ama wɔn bere nyinaa a, ɛnde wɔbɛyɛ dɛn bere a wɔafi wo nkyɛn kɔ akyirikyiri wɔ sukuu a sukuufo no te hɔ, a wonnya awofo mmoa a wɔde ma daa no?
12 Awofo binom de wɔn mma ama abusuafo anaa Adansefo foforo sɛ wɔnhwɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ sukuu a sukuufo no te hɔ. Wɔanya adwene sɛ saa mpanyimfo yi betumi ahwɛ nneɛma a wɔn mma no yɛ ne wɔn nneyɛe so ama wɔn. Nanso, Paulo kyerɛw awofo sɛ: “Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Ɛbɛyɛ dɛn na awofo betumi de Onyankopɔn afotu yi ayɛ adwuma bere a wɔn mma ne obi foforo na ɛte anaasɛ wɔwɔ akyirikyiri wɔ sukuu mu, baabi a ebia wobetumi asra wɔn pɛnkoro anaa mprenu pɛ wɔ ɔsram mu no? Sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo de wɔn mma kɔhyɛ sukuu a ɛte saa mu a, asɛm bɛn na na wɔreka akyerɛ mmofra no? Eyi: Sɛ́ nhomasua ho hia koraa sen hyia a yehyiam som ne asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa a wobenya—na ɛho hia koraa mpo sen mudi mu a wobekura ama Onyankopɔn no! Gyinapɛn abien a ɛte saa betumi anya nkɛntɛnso bɔne wɔ abofra no gyidi so.—2 Tim. 1:5.
13 So Nneɛma Foforo Wɔ Hɔ a Wobetumi Ayɛ? Dɛn na awofo betumi ayɛ bere a ɛte sɛ nea nneɛma abien pɛ na ɛwɔ hɔ a wobetumi apaw mu biako—sukuu a sukuufo no te hɔ anaa sukuu a sukuufo kɔ bɛda fie a wonni nnwinnade a ɛsɛ—no? Kristofo a wɔyɛ awofo a wɔn ho akokwaw ayɛ nhyehyɛe ma wɔkyerɛ wɔn mma ade wɔ fie de ka nhomasua a wonya wɔ sukuu a ɛbɛn wɔn mu no ho. Awofo foforo ankasa nso de bere si hɔ de kyerɛ wɔn mma ade. Mmusua bi atu akɔtra mmeae bi a sukuu a sukuufo no kɔ bɛda fie papa wɔ. Nhyehyɛe a ɛte saa betumi ayɛ den, ayɛ nea ahokyere wom, na ɛka nso wom, nanso awofo a wɔn ho akokwaw wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛfa saa ahokyere yi mu sen sɛ wɔbɛma wɔn mma honhom fam yiyedi atɔ asiane mu.—Fil. 1:10; Efe. 5:15.
14 Na sɛ ɛte sɛ nea ɔkwan foforo biara nni hɔ a wubetumi afa so, na nea wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma wo ba no akɔ sukuu a sukuufo no te hɔ nso ɛ? Esiane sɛ daa nkwa a wo ba no benya ho asɛm wom nti, awofo a wɔyɛ teokrasefo a wɔwɔ dɔ no de mpaebɔ besusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho anibere so bere a wɔrepaw sukuu no: So sukuu no mpanyimfo bɛkyerɛ obu ama yɛn Kristofo gyidi ahorow? So wɔremma me ba no nkɔ asafo nhyiam dodow no ara, na wɔremma no kwan mma onnya asɛnkakɔ mu kyɛfa? So sukuu no mpanyimfo bɛma ɛhɔnom asafo mu mpanyimfo kwan ma wɔne mmofra no abɛyɛ asafo nhyiam wɔ sukuu hɔ? So metumi ayɛ ma wɔrenhyɛ me ba no mma ɔmfa ne ho nhyehyɛ wiase nneyɛe anaa atoro som mu? So metumi akɔsra me ba no dapɛn biara ahyɛ no nkuran, na mahwɛ ne honhom fam nkɔso? Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo ntumi nyɛ nhyehyɛe ahorow a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no a, ɛnde ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔbɛhwehwɛ sukuu foforo ama wɔn ba no.
15 Awofo a wɔn ho akokwaw nim sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, sukuu, obusuani anaa obi foforo biara nni hɔ a obetumi atete wɔn mma ma wɔayɛ Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so, ma afata. Eyi yɛ wɔn asɛyɛde! (Gal. 6:5; Deut. 6:6, 7) Wosi aniberesɛm a eyi yɛ so dua wɔ asɛm bi a efi honhom mu no mu: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Tim. 5:8) Nsɛm tebea gu ahorow paa na ɛsɛ sɛ abusua biara ankasa paw sukuu a wɔn ba bɛkɔ. Nanso, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wɔbɛma mmofra no ankasa apaw sukuu a wɔpɛ! Ɛsɛ sɛ mo a moyɛ awofo no paw bi ma wɔn.
16 Esiane asiane ahorow a ɛwɔ sukuu a sukuufo no te hɔ mu ma mmofra nti, Kristofo a wɔyɛ awofo a wɔde wɔn mma kɔ hɔ a wɔnhwɛ nyɛ honhom fam nhyehyɛe pa mma wɔn no nyɛ nhwɛso pa na ebetumi ama Kristoni bi ayɛ nea ɔmfata mma hokwan ahorow wɔ asafo no mu.—1 Tim. 3:4, 5, 12, 13; 5:8; Tito 1:6, 7.
17 Sɛnea Kristofo a wɔyɛ awofo nim no yiye no, egye ahokokwaw, boasetɔ, ne bere pii na ama wɔde Yehowa ho dɔ adua abofra mu. Esiane sɛ daa nkwa a abofra no benya wɔ asɛm no mu nti, ɛsɛ sɛ awofo de mpaebɔ susuw ho anibere so ansa na wɔasi gyinae sɛ ebia wɔde wɔn ba kumaa no bɛkɔ sukuu a sukuufo no te hɔ wɔ mfe a ɛho hia paa a abofra de nya ne su atitiriw no mu anaa. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ ade a wonsusuw ho nkɔ akyiri sɛ wɔde abofra honhom fam yiyedi bɛsesa sukuu a sukuufo no te hɔ nhomasua!
18 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” (Mmeb. 22:3) So ɛnyɛ nea eye koraa sɛ wubesiw tebea bɔne bi kwan sen sɛ wobɛma aba ansa na woasiesie no akyiri yi? Esiane sɛ “ade nyinaa awiei abɛn” nti, ɛsɛ sɛ awofo susuw asɛmmisa a ɛne “So ɛsɛ sɛ wo ba kɔ sukuu a sukuufo no te hɔ?” no ho anibere so.—1 Pet. 4:7; Mat. 16:26.