Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/03 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase April 14
  • Dapɛn a Efi Ase April 21
  • Dapɛn a Efi Ase April 28
  • Dapɛn a Efi Ase May 5
Yɛn Ahenni Som—2003
km 4/03 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase April 14

Dwom 20

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde April 15 Ɔwɛn-Aban ne May 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de.

10 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma.

20 min: “Wɔhyerɛn sɛ Akanea.” Fa simma anum ɔkasa a egyina June 1, 1997, Ɔwɛn-Aban, kratafa 14-15, nkyekyɛm 8-13 so wie. Si nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛde Ahenni asɛm no kame obiara no so dua.

Dwom 134 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 21

Dwom 25

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

17 min: “So Ɛsɛ sɛ Wo Ba Kɔ Sukuu a Sukuufo no Te Hɔ?” Nsɛmmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm no nkyekyɛm 1-8 ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛ ɔwofo a ɔyɛ nhwɛso pa di ho dwuma.

20 min: “Ma Onnye” Bisabisa nnipa biako anaa baanu a wɔde ahokwafo a wɔyɛ no redi dwuma yiye ama Ahenni nneɛma anya nkɔso nsɛm. Ma wɔnka nea ɛboa wɔn ma wonya abotɔyam wɔ wɔn som adwuma mu ho asɛm.

Dwom 35 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 28

Dwom 51

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn April asɛnka ho akontaabu mma. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛnea wɔde May 1 Ɔwɛn-Aban ne May 8 Nyan! no bɛma.

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: “So Ɛsɛ sɛ Wo Ba Kɔ Sukuu a Sukuufo no Te Hɔ?” Ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmmisa ne mmuae susuw asɛm no nkyekyɛm 9-18 ho. Ɔpanyin a odii asɛm yi ho dwuma dapɛn a etwaam no ara nni eyi ho dwuma.

Dwom 164 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase May 5

Dwom 120

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nyansahyɛ ahorow a wɔde mae wɔ April 2002 Yɛn Ahenni Som, kratafa 2, wɔ ɔfã a n’asɛmti ne “Di Kan Yɛ Nhyehyɛe Ma Asram a Wobɛkɔ Akwamma No” ho asɛm tiawa.

20 min: “Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu.” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin de nsɛmmisa a wɔde ama no di ho dwuma. Ma atiefo nka asɛnka mu osuahu ntiantiaa a esi asɛm a wɔreka no so dua nkyerɛ. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, ma wɔnka Bible adesua a wofii ase wɔ mo asasesin mu ho asɛm na wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: Amanneɛbɔ Pa—Ɛde Anigye Ba. (Mmeb. 15:30) Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɛkyerɛ nea asafo no mmɔden soronko a wɔbɔe wɔ March ne April mu no de bae. Ma asafo no nka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a wonyae wɔ dwumadi a edidi so yi mu: (1) Mmoa a wɔyɛɛ onigyeni bi ma ɔbaa Nkaedi no bi, (2) akwampaefo aboafo adwuma a wɔyɛe, (3) nkuran a wɔhyɛɛ ɔdawurubɔfo bi a wayɛ mmerɛw ma ɔsan fii ne som adwuma ase wɔ asafo no mu, (4) obi a ɔyɛ foforo a wɔboaa no ma ofii ase kɔɔ asɛnka, ne (5) wɔn a wɔbaa Nkaedi no a wɔreboa wɔn. Di kan yɛ nsɛm yi a wɔbɛka no bi ho nhyehyɛe. Kamfo wɔn, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmmɔ wɔn ho mmɔden wɔ saa nnwuma yi mu daakye.

Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena