Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase August 11
Dwom 101
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde August 15 Ɔwɛn-Aban ne September 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Ma wɔnyɛ sɛnea wodi obi a osiw nkɔmmɔbɔ ano a ɔka sɛ “Minni adagyew” ho dwuma wɔ emu biako mu.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kratafa 11.
15 min: “Suasua Yehowa Papayɛ.”a Ma atiefo nka osuahu ntiantiaa mfa nkyerɛ sɛnea ayamye a wɔdaa no adi buee kwan ma wodii adanse. Kamfo asafo no wɔ mmɔden a wɔabɔ de aboa mfɛfo gyidifo no ho.
20 min: “Akwampae Adwuma no Mu Nhyira Ahorow.”b Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Ma ɔkwampaefo biako anaa baanu nka mfaso a wɔanya afi akwampae adwuma a wɔyɛ no mu. Ka sɛ obiara a n’ani gye akwampae adwuma no ho betumi akogye akwammisa kratasin no bi afi ɔkyerɛwfo no hɔ.
Dwom 11 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 18
Dwom 82
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Munsusuw “Nhyehyɛe Foforo a Wɔayɛ Ama Ahenni Asa So Nhomakorabea Ahorow” no ho tiawa. Ka nea ɔbɛhwɛ Ahenni Asa so Nhomakorabea so no ho asɛm.
15 min: “Adwuma a Ɛma Abotɔyam.”c Di kan yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo baanu anaa baasa nka sɛnea Kristofo som adwuma no ma wonya abotɔyam ho asɛm.
18 min: “Momma Yensiesie Beae a Yɛsom Yiye.”d (Nkyekyɛm 1-5) Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ne 4 ho a, ka nhyehyɛe a moayɛ a mode siesie Ahenni Asa so ho asɛm. Ka biribiara a ɛsɛ sɛ mudi ho dwuma ho asɛm. Kamfo asafo no wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobesiesie baabi a wohyiam ma nokware som no ma ayɛ nea ɛfata no ho.
Dwom 114 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 25
Dwom 175
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde September 1 Ɔwɛn-Aban ne September 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Wɔ ɔyɛkyerɛ ahorow no biara mu no, ma ɔwofo bi ne ne babarima anaa ne babea a wadu mpanyin afe so mmobɔ nsɛm a wɔbɛka de nsɛmma nhoma ama so. Wosusuw asɛm a wɔka kyerɛ a wɔde ama no mu biara ho ansa na wɔayɛ ɔyɛkyerɛ no.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: Fa Akokoduru Ka Asɛmpa No. (1 Tes. 2:2) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Kyerɛkyerɛ nea enti a nnipa pii suro sɛ wɔbɛka Ahenni asɛm no akyerɛ afoforo no mu. Eyi te saa wɔ wɔn a wɔde mfirihyia pii aka asɛmpa no mpo fam. Ka osuahu ahorow a ɛwɔ December 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 25; December 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 25; ne April 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, kratafa 31 no bi ho asɛm. Ma atiefo nka sɛnea wotumi nyaa akokoduru de kaa asɛmpa no mmere bi a na wosuro no. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wonnya Yehowa mu ahoɔden a egyina December 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 23-4, so no fa wie.
Dwom 125 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 1
Dwom 84
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn August asɛnka akontaabu mma. Ka nhoma a yɛde bɛma September ho asɛm. Di kan ma ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nka osuahu ahorow a ɛhyɛ den a wɔanya bere a na wɔredi adanse wɔ bɔnnɔ so wɔ nhyiam bi ase, akwamma bere mu, anaa mmere foforo wɔ asram a atwam no mu nkyerɛ.
15 min: So Wudi Wo Bɔhyɛ a Ɛne sɛ Wobɛsan Akɔ no So? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina September 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 10-11, wɔ asɛmti a ɛne “Akwan Foforo a Yɛbɛfa So Adi Yɛn Bɔhyɛ So” no so. Sɛ yehyia nkurɔfo a wɔkyerɛ anigye wɔ asɛnka mu a, yɛtaa yɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛtoa nkɔmmɔbɔ no so bere foforo. So yɛsan kɔ ampa sɛnea yɛhyɛ bɔ no? Ka Bible nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yedi yɛn bɔhyɛ so ho asɛm. Ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea wonyaa nhyira bere a wɔsan kɔɔ ntɛm ara no.
20 min: “Momma Yensiesie Beae a Yɛsom Yiye.”e (Nkyekyɛm 6-12) Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Si hia a ɛho hia sɛ mubesiesie Ahenni Asa no yiye so dua, na twe adwene si adaka a ɛwɔ kratafa 5 no so. Ka mo Ahenni Asa no tebea ho asɛm tiawa, na ka nhyehyɛe biara a moayɛ a mode besiesie anaasɛ mode bɛma adi mũ ho asɛm.
Dwom 41 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.