Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Baabi a wɔbɛkyerɛ anigye no, momfa Ahwehwɛde nhomawa no mma, na mommɔ mmɔden titiriw mfi Bible adesua ahorow ase. November: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ nkurɔfo wɔ bi dedaw a, mubetumi de Som Nokware Nyankopɔn Koro No anaa nhoma dedaw bi ama. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Ɔkwan foforo so no, mubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, The Bible—God’s Word or Man’s?, anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ama.
◼ Asafo ti no nni nhoma ahorow a adawurubɔfo mmiako mmiako kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔde nhoma a wɔkra ho nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔde krataa a asafo no de kra nhoma ɔsram biara no amena baa dwumadibea, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔpɛ sɛ ne nsa ka n’ankasa nhoma no atumi aka ho asɛm akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nhoma ahorow a wɔkra ma ankorankoro no ho asɛm ntra mo adwenem.
◼ Yɛrekae mpanyimfo sɛ wonni obiara a wɔatu no anaasɛ watwe ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no no ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no kratafa 21-22 no akyi.
◼ Wɔbɛma 2004 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no Kwasida, April 18, 2004. Yɛde ɔkasa no asɛmti no bɛma akyiri yi. Asafo ahorow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 18, 2004 adu.