Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase September 8
Dwom 10
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnhwɛ nsɛm a wɔkyerɛw too hɔ wɔ ɔsom afe a etwaam no mu ɔmansin nhyiam dwumadi no mu mfa nsiesie wɔn ho mma dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam no. Fa kratafa 4 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde September 1 Ɔwɛn-Aban ne September 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a ɔwofo bi ne ne babarima anaa ne babea a wadu mpanyin afe so resiesie wɔn ho ama nsɛmma nhoma adwuma. Wɔka asɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho asɛm tiawa ansa na wɔayɛ ɔyɛkyerɛ no.
10 min: Baa Dwumadibea Krataa. Ɔdawurubɔfo bi a wakyɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, asafo mu panyin, ne ɔdawurubɔfo kumaa nkɔmmɔbɔ. Ɔdawurubɔfo kumaa no bisa ɔdawurubɔfo a ɔwɔ osuahu no sɛ ebia wahu krataa a efi baa dwumadibea a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no anaa. Ɔdawurubɔfo a ɔwɔ osuahu no kyerɛkyerɛ mu sɛ na baa dwumadibea krataa no ba Yɛn Ahenni Som mu wɔ 1960 ne 1970 mfe no mu. Afei wosusuw krataa a ɛwɔ kratafa a edi kan no ho, na wosi emu nsɛntitiriw so dua.
25 min: “Mmabun—Monto Nhyɛase Pa Mma Daakye.”a Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma, na ɔde nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, si bere nyinaa som adwuma no mu anigye ne nhyira ahorow so dua.
Dwom 170 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 15
Dwom 199
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
10 min: “Som Nyankopɔn Nhoma no a Yebesua.” Ɔkasa a nhoma adesua sohwɛfo ma. Twe adwene si adesua ho nhyehyɛe no so. Sɛ moresusuw nkyekyɛm anan no ho a, fa nsɛm a ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 28, nkyekyɛm 1, ne kratafa 70 no ka ho.
25 min: ‘Bata Yehowa Ho na Yɛ Papa.’ (Dw. 37:3) Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina nsɛmmisa a edidi so yi so a esi ɔsom afe a etwaam no ɔmansin nhyiam dwumadi mu nsɛntitiriw so dua. Ma atiefo nka sɛnea wotumi de nsɛntitiriw no dii dwuma sɛ ankorankoro ne mmusua no ho asɛm. Monka dwumadi no afã yi ho asɛm: (1) “Yehowa Mu Ahotoso a Yɛbɛda no Adi.” Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya Yehowa mu ahotoso wɔ yɛn asetram biribiara mu? (it-2-E kr. 521) Ɔkwan bɛn so na Watch Tower Publications Index betumi aboa yɛn? (2) “Ko Tia Asetra mu Ahuhude.” (Ɔsɛnk. 2:4-8, 11) Nnwuma hunu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛko tia, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? (3) “Monkwati Bɔne—Monyɛ Papa.” Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde Yehowa gyinapɛn ahorow di dwuma? (Yes. 5:20) Nnwuma pa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ? (4) “Yehowa Mu Ahotoso a Yebekura Mu.” Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina pintinn wɔ ɔtaa ne sɔhwɛ ahorow mu? Dɛn nti na ɛho behia sɛ yegyaw nneɛma bi ma Yehowa? (5) “So Wobebu Wo sɛ Wofata Onyankopɔn Ahenni No?” (Kol. 1:10) Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛkɔ so nantew sɛnea ɛfata Yehowa? (6) “Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Ahotoso.” Ɔkwan bɛn so na eyi bɛka yɛn asetra?
Dwom 58 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 22
Dwom 7
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ma wɔmfa kratafa 4 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛfata a ɛkyerɛ sɛnea wɔde September 15 Ɔwɛn-Aban ne October 8 Nyan! no bɛma. Emu biako mu no, ma wɔnyɛ sɛnea sukuuni anaa ɔwofo bi redi sukuu kyerɛkyerɛfo adanse.
15 min: Dɛn na Yɛyɛe Wɔ Afe a Etwaam no Mu? Ɔsom adwuma sohwɛfo ka asafo no akontaabu ma 2003 ɔsom afe no mu nneɛma titiriw ho asɛm. Kamfo asafo no wɔ nneɛma pa a mutumi yɛe no ho. Fa kyerɛwtohɔ a ɔmansin sohwɛfo yɛe wɔ ne nsrahwɛ a etwa to no mu nsɛm a ɛfata ka ho. Ka botae biako anaa abien a mubetumi adu ho wɔ afe a ɛreba no ho asɛm.
20 min: So Ɔsom Ahorow Nyinaa Sɔ Onyankopɔn Ani? Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Reasoning nhoma no so. Kyerɛ sɛnea wobetumi ne obi asusuw asɛm yi ho. (rs-E kr. 322-3) Ka akwan kakra a wobetumi afa so ahu nokware som ho asɛm. (rs–E kr. 328-30) Yɛn asɛnka adwuma no boa afoforo ma wotumi paw ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani.—Kol. 1:9, 10.
Dwom 39 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 29
Dwom 194
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn September asɛnka akontaabu mma. Ka nhoma a yɛde bɛma October ho asɛm. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa mfa nkyerɛ sɛnea wɔde Ahwehwɛde nhomawa no fi Bible adesua ase.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: “Monhyɛ Ahobrɛase.”b Ma atiefo nka sɛnea kyerɛw nsɛm no yɛ adwuma ho asɛm.
Dwom 224 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 6
Dwom 170
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛrebɔ mmɔden kɛse sɛ yebefi ofie Bible adesua ahorow ase ɔsram yi. Ka May 2002 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1, nkyekyɛm 1 mu asɛm tiawa.
15 min: “Bɔ Mmɔden Yɛ Nea Ehia Kan!” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina asɛm bi a n’asɛmti ne eyi a ɛwɔ September 1, 1998, Ɔwɛn-Aban, kratafa 19 so. Ka mmere a mobɛyɛ teokrase nnwuma bi wɔ asram dodow bi a ɛreba mu, na hyɛ obiara nkuran ma wɔnhyɛ saa mmere yi agyirae wɔ wɔn kalenda so. Ma atiefo nka nea wɔyɛ a ɛmma wɔnhwere honhom fam nsiesiei ahorow no ho asɛm.
20 min: Atipɛnfo Nhyɛso a Wobɛko Atia. Bisabisa ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo bi a wɔtetee no Kristofo abusua mu nsɛm. Twe adwene si nsɛntitiriw bi a wɔapaw afi February 15, 2003, Ɔwɛn-Aban mu so. Nhyɛso bɛn na onua no hyiae wɔ sukuu? (kr. 24 nky. 3; kr. 25 nky. 4-5) So ohyiaa nkɛntɛnso bɔne fii afoforo hɔ? (kr. 26 nky. 4-6) So ɔda so ara hyia atipɛnfo nhyɛso bere a wayɛ panyin yi? Dɛn na aboa no ma wako atia hyɛ a afoforo hyɛ no sɛ ɔnyɛ nea wɔpɛ no? Si mfaso a ɛwɔ fekubɔ pa a wobenya so dua wɔ ɔkasa tiawa bi a wode bewie a egyina August 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 24-5 so mu.
Dwom 26 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.