Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/03 kr. 3-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2004

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2004
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Akwankyerɛ
  • DWUMADI NHYEHYƐE
Yɛn Ahenni Som—2003
km 10/03 kr. 3-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma 2004

Akwankyerɛ

Wɔ afe 2004 mu no, nhyehyɛe a yebedi akyi de ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no na edidi so yi.

NHOMA A EBEGYINA SO: Twi Bible Foforo no, Ɔwɛn-Aban [w-TW], Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso [be-TW] “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” (1990 De) [si-E], ne Reasoning From the Scriptures (1989 De) [rs-E].

Ɛsɛ sɛ wɔde dwom, mpaebɔ, ne nnianim nsɛm tiawa fi sukuu no ase wɔ BERE ANO, na afei wɔde nea edidi so yi atoa so:

ƆKASA SU: Simma 5. Sukuu sohwɛfo no, ɔfotufo boafo, anaa ɔpanyin foforo a ɔfata begyina Ɔsom Sukuu nhoma no so akyerɛkyerɛ ɔkasa su bi mu. (Wɔ asafo horow a mpanyimfo kakraa bi na wɔwom mu no, wobetumi de asafo mu somfo bi a ɔfata adi dwuma.) Ɛsɛ sɛ wosusuw nnaka a ɛwɔ nkratafa bi a wɔakyerɛ mu nsɛm ka ho, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ ɛnka ho. Ɛsɛ sɛ wogyaw dwumadi no. Eyinom wɔ hɔ titiriw ma dwuma a ankorankoro de bedi ne kokoam afotu.

DWUMADI 1: Simma 10. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo yɛ, na ebegyina Ɔwɛn-Aban, Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso, anaasɛ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” so. Ɛsɛ sɛ wɔde simma du ma no sɛ afotu kasa a wɔremmisa nsɛm a wobebua de atĩ mu. Botae no ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ emu nsɛntitiriw no nyinaa mu na bere koro no ara wɔde adwene asi asɛm a wɔresusuw ho no so mfaso so, na wɔasi nea ɛbɛboa asafo no paa so dua. Ɛsɛ sɛ wɔde asɛmti a wɔde ama no di dwuma. Wɔhwɛ kwan sɛ anuanom a wɔde ɔkasa yi ma wɔn no bɛhwɛ adi wɔn bere so. Sɛ ɛho hia a, wobetumi de kokoam afotu ama wɔn.

BIBLE AKENKAN MU NSƐNTITIRIW: Simma 10. Wɔ simma asia a edi kan no mu no, ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata ma asɛm no fa mo ahiade ho yiye. Obetumi aka dapɛn no Bible akenkan dwumadi no fã biara ho asɛm. Ɛnsɛ sɛ ɔbɔ asɛm a wɔde ama sɛ yɛnkenkan no mua kɛkɛ. Nea ɔde bɛyɛ ne botae titiriw ne sɛ ɔbɛboa atiefo no ma wɔahu nea enti ne sɛnea asɛm no ho wɔ mfaso. Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no hwɛ yiye na wanni ammoro simma asia a wɔde ama ɔfã a edi kan no so. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ ɔde simma anan besi hɔ ama atiefo no anya dwumadi no mu kyɛfa. Ɛsɛ sɛ ɔfrɛ atiefo no ma wɔma mmuae ntiantiaa (anibu 30 anaa nea ennu saa) wɔ nneɛma a wɔn ani gyee ho wɔ Bible akenkan ne emu mfaso ahorow no ho. Afei sukuu sohwɛfo no bɛma asuafo no akɔ wɔn adesua adan mu.

DWUMADI 2: Simma 4. Eyi yɛ akenkan a ɛsɛ sɛ wɔde ma onuabarima. Akenkan no bɛyɛ nea wɔbɛtaa afa afi Bible mu. Pɛnkoro wɔ ɔsram no mu no, saa dwumadi yi bɛyɛ asɛm bi a wɔapaw afi Ɔwɛn Aban no mu. Osuani no bɛkenkan asɛm no a nnianim asɛm anaa nsɛm a wɔde wie nka ho. Wɔ dapɛn biara mu no, asɛm a wɔbɛkenkan no bɛsesa kakra nanso ɛsɛ sɛ wɔde simma anan anaa nea esua sen saa kenkan. Ɛsɛ sɛ sukuu sohwɛfo no kenkan dwumadi no mu ansa na wakyekyɛ, na ɔma dwumadi no ne mfe a asuafo no adi ne wɔn mmɔdenbɔ hyia. Nea sukuu sohwɛfo no bɛma ahia no titiriw ne sɛ ɔbɛboa asuafo no ma wɔakenkan asɛm no ate ase, wɔama akɔ yɔɔ, wɔasi adwene a ɛwom so dua yiye, ayɛ ɛnne mu nsakrae, ahome wɔ baabi a ɛfata, na wɔakenkan asɛm no sɛnea wɔkasa daa.

DWUMADI 3: Simma 5. Wɔde eyi bɛma onuawa. Wɔde sɛnea wɔbɛyɛ dwumadi yi bɛma asuafo a wobenya dwumadi yi no anaasɛ wɔbɛpaw nea ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 82 no bi. Ɛsɛ sɛ osuani no de asɛmti a wɔde ama no no di dwuma na ɔma ɛfa sɛnea tebea no te pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn asasesin no mu asɛnka adwuma no fã bi ho. Sɛ wɔankyerɛ baabi a wobenya nsɛm a wɔbɛka no afi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma ahorow a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ayɛ no mu de nya nsɛm a ɔde bedi ɔfã yi ho dwuma no. Ɛsɛ sɛ wɔde ɔkasa ahorow a wɔakyerɛ baabi a wobenya nsɛm no ma asuafo a wɔyɛ foforo no. Nea sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ohu paa ne sɛnea osuani no kyerɛkyerɛ asɛm a wɔde ama no no mu na ɔboa ofiewura no ma odwen Kyerɛwnsɛm no ho na ɔma ɔte ɔkasa no mu nsɛntitiriw ase. Ɛsɛ sɛ asuafo a wɔde dwumadi yi ma wɔn no yɛ wɔn a wonim akenkan. Sukuu sohwɛfo no bɛma wɔn ɔhokafo biako.

DWUMADI 4: Simma 5. Ɛsɛ sɛ osuani no kyerɛkyerɛ asɛmti a wɔde ama no no mu. Sɛ wɔankyerɛ baabi a wobenya nsɛm a wɔbɛka no afi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma ahorow a akoa nokwafo ne ɔbadwemma ayɛ no mu de nya nsɛm a ɔde bedi ɔfã yi ho dwuma no. Sɛ wɔde ma onuabarima a, ɛsɛ sɛ ɔma ɔfã yi sɛ ɔkasa na ɔma ɛfa atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so no ho. Sɛ wɔde ɔfã yi ma onuawa a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ Dwumadi 3 no. Sukuu sohwɛfo no betumi de dwumadi 4 ama onuabarima bere biara a obehu sɛ ɛfata sɛ ɔyɛ saa no. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow, ɛsɛ sɛ mode dwumadi a wɔde agyiraehyɛde bi ahyɛ ho no ma anuanom mmarima ma wɔma no sɛ ɔkasa.

BERE SODI: Ɛnsɛ sɛ ɔkasa biara, anaa nsɛm a ɔfotufo no bɛka no boro bere a wɔde ama no so. Sɛ bere a wɔde ama sɛ wɔmfa nyɛ Dwumadi 2 kosi 4 no so a, ɛsɛ sɛ wɔde anifere ma wotwa so. Sɛ anuanom mmarima a wɔrema ɔkasa a wɔde fi ase a ɛfa ɔkasa su ho, wɔn a wɔyɛ Dwumadi 1, anaa Bible akenkan mu nsɛntitiriw no di boro bere a wɔde ama wɔn no a, ɛsɛ sɛ wɔde kokoam afotu ma wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa hwɛ wɔn bere yiye. Dwumadi no nyinaa si: Simma 45, dwom ne mpaebɔ nka ho.

AFOTU: Simma 1. Sɛ osuani biara wie ne dwumadi a, sukuu sohwɛfo no de simma biako pɛ bɛka ɔkasa no fã bi a odii ho dwuma yiye ho asɛm a ɛfata. Ɛnyɛ botae no ne sɛ ɔbɛma no “mo” kɛkɛ, mmom no, sɛ ɔbɛkyerɛ nea nti a saa dwumadi no fã no tu mpɔn. Obetumi de afotu foforo a mfaso wɔ so a ɛfata ma osuani biara ama no wɔ kokoam wɔ nhyiam no akyi anaa wɔ bere foforo mu.

ƆFOTUFO BOAFO: Mpanyimfo kuw no betumi apaw ɔpanyin a ɔfata, de no aka sukuu sohwɛfo no ho sɛ ne fotufo boafo, sɛ obi wɔ hɔ saa a. Sɛ mpanyimfo pii wɔ asafo no mu a, ɛnde ɔpanyin foforo betumi adi asɛyɛde yi ho dwuma afe biara. Ɔfotufo boafo no asɛyɛde ne sɛ, sɛ ehia a, ɔde kokoam afotu bɛma anuanom a wɔyɛ Dwumadi 1 ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no. Ɛho nhia sɛ ɔde afotu ma ne mfɛfo mpanyimfo ne asafo mu asomfo wɔ ɔkasa a ɛte saa biara akyi. Saa nhyehyɛe yi bɛkɔ so wɔ afe 2004 mu na ɛno akyi no wobetumi asakra mu.

AFOTU KRATASIN: Ɛwɔ nhoma no mu.

NTIMU: Simma 30. Wɔ asram abien biara mu no, sukuu sohwɛfo no bɛyɛ nea yɛasua no ho ntimu. Yebedi kan asusuw ɔkasa su bi ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw a wɔakyerɛ wɔ atifi hɔ no ho ansa na yɛayɛ ntimu no. Ntimu no begyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ asram abien a atwam no mu, ne dapɛn no ara mu de no so.

DWUMADI NHYEHYƐE

Jan. 5 Bible akenkan: Genesis 1-5 Dwom 154

Ɔkasa Su: Aba a Ɛwom a Wɔma Ɛda Adi (be-TW kr. 157 ¶1–kr. 158 ¶1)

No. 1: Kratasin a Wɔhwɛ So Ma Ɔkasa Mu Nsɛm a Wobɛhyehyɛ (be-TW kr. 39-42)

No. 2: Genesis 2:7-25

No. 3: So “Apam Foforo” no Ka Daakye Asase So Paradise Ho Asɛm Anaasɛ “Apam Dedaw” no Mu Nkutoo na Wɔka Ho Asɛm? (rs-E kr. 285 ¶1-3)

No. 4: aDɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu Nhwɛso Ahorow a Ɛfa Wɔn a Wonim Papa na Wɔanyɛ no Ho?

Jan. 12 Bible akenkan: Genesis 6-10 Dwom 215

Ɔkasa Su: Asɛm no a Wode Bedi Dwuma Ma Mfaso Aba So (be-TW kr. 158 ¶2−4)

No. 1: Ahotew—Dɛn na Ɛkyerɛ Ankasa? (w02-TW 2/1 kr. 4-7)

No. 2: Genesis 8:1-17

No. 3: Nea Enti a Atorodi Yɛ Mfomso

No. 4: Nea Enti a “Paradise” a Wɔka Ho Asɛm Wɔ Luka 23:43 no Ntumi Nyɛ Hades Anaa Ɔsoro Fã Bi (rs-E kr. 286 ¶1–kr. 287 ¶1)

Jan. 19 Bible akenkan: Genesis 11-16 Dwom 218

Ɔkasa Su: Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔate Aba a Ɛwom no Ase (be-TW kr. 159 ¶1-4)

No. 1: Onyankopɔn Nnyinasosɛm Betumi Aboa Wo (w02-TW 2/15 kr. 4-7)

No. 2: Genesis 13:1-18

No. 3: Dɛn na Ɛkyerɛ sɛ Paradise a Wɔkaa Ho Asɛm Wɔ Luka 23:43 no Yɛ Asase So De? (rs-E kr. 287 ¶2-kr. 288 ¶2)

No. 4: Nea Enti a Yehowa Adansefo Ka Wɔn Anidaso Ho Asɛm Kyerɛ Afoforo

Jan. 26 Bible akenkan: Genesis 17-20 Dwom 106

Ɔkasa Su: Nsɛmfua Paw (be-TW kr. 160 ¶1–3)

No. 1: Tema—Ade a Ɛma Yɛda Ayamye ne Mmɔborohunu Adi (w02-TW 4/15 kr. 24-7)

No. 2: w02-TW 1/1 kr. 10-11 ¶9–11

No. 3: Nea Yesu Nsɛm a Ɛwɔ Luka 13:24 no Kyerɛ

No. 4: Ɔkwan Bɛn So na Yɛn Mu Biara Betumi Anya Nokware Nimdeɛ ne Nyansa? (rs-E kr. 288 ¶3-kr. 289 ¶2)

Feb. 2 Bible akenkan: Genesis 21-24 Dwom 64

Ɔkasa Su: Kasa a Asete Nyɛ Den (be-TW kr. 161 ¶1-4)

No. 1: Osuani Dwumadi a Wubesiesie Wɔ Sukuu no Mu (be-TW kr. 43 ¶1–kr. 44 ¶3)

No. 2: Genesis 21:1-21

No. 3: Henanom na Wɔde Nnipa Nyansapɛ Ahorow Bae? (rs-E kr. 289 ¶3–kr. 290 ¶2)

No. 4: bNea Enti a Ɛsɛ sɛ Wɔfa Aware Nhyehyɛe Aniberesɛm

Feb. 9 Bible akenkan: Genesis 25-28 Dwom 9

Ɔkasa Su: Nsɛm a Ɛteɛ a Wɔka Dannan Mu (be-TW kr. 161 ¶5–kr. 162 ¶4)

No. 1: Bere a Wɔma Asɛmti ne Ɔkwan a Wɔfa So Yɛ Dwumadi No (be kr. 44 ¶4–kr. 46 ¶2)

No. 2: Genesis 28:1-15

No. 3: Sɛnea Wubenya Abotɔyam Wɔ Wiase a Ɔhaw Ahyɛ Mu Ma Yi Mu

No. 4: Dɛn Nti na Ɛyɛ Adwempa sɛ Yebesua Yesu Kristo Nkyerɛkyerɛ Mmom Sen sɛ Yebesua Nnipa Nyansapɛ? (rs–E kr. 290 ¶3–kr. 291 ¶3)

Feb. 16 Bible akenkan: Genesis 29-31 Dwom 160

Ɔkasa Su: Nsɛmfua a Ahoɔden Wom, Ɛka Koma, na Ɛyɛ Dɛ (be-TW kr. 163 ¶1–kr. 164 ¶2)

No. 1: Nokwaredi Di Teefo Anim (w02-TW 5/15 kr. 24-7)

No. 2: w02-TW 2/1 kr. 15-16 ¶6-10

No. 3: Henanom Mpaebɔ na Onyankopɔn Pɛ sɛ Otie? (rs-E kr. 292 ¶1–kr. 293 ¶2)

No. 4: Nea Enti a Ɔbra Pa Yɛ Su a Ɛho Hia Ma Kristofo

Feb. 23 Bible akenkan: Genesis 32-35 Dwom 1

Ɔkasa Su: Kasa a Ɛne Kasa Mmara Hyia (be-TW kr. 164 ¶3–kr. 165 ¶1)

Ntĩmu

Mar. 1 Bible akenkan: Genesis 36-39 Dwom 49

Ɔkasa Su: Kratasin a Wɔhwɛ So Ma Ɔkasa (be-TW kr. 166 ¶1–kr. 167 ¶2)

No. 1: Asafo Mu Ɔkasa Horow a Wubesiesie (be-TW kr. 47 ¶1–kr. 49 ¶1)

No. 2: Genesis 37:12-28

No. 3: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛde Boasetɔ Ka Yɛn Gyidi Ho?

No. 4: cDɛn na Ebetumi Ama Onyankopɔn Ntie Obi Mpaebɔ? (rs-E kr. 293 ¶3-kr. 294 ¶3)

Mar. 8 Bible akenkan: Genesis 40-42 Dwom 205

Ɔkasa Su: Nsɛm Ho a Wubesusuw (be-TW kr. 167 ¶3–kr. 168 ¶2)

No. 1: Ɔsom Nhyiam Afã ne Ɔkasa Afoforo a Wubesiesie (be-TW kr. 49 ¶2–kr. 51 ¶2)

No. 2: Genesis 42:1-20

No. 3: Sɛnea Wo Ne Yehowa Benya Abusuabɔ a Emu Yɛ Den

No. 4: dDɛn Ne Nneɛma a Ɛfata a Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Ho Mpae? (rs-E kr. 294 ¶4–kr. 295 ¶3)

Mar. 15 Bible akenkan: Genesis 43-46 Dwom 67

Ɔkasa Su: Nsɛm Kakraa Bi a Wobɛkyerɛw Wɔ Kratasin a Wohwɛ So Ma Ɔkasa no So (be-TW kr. 168 ¶3–kr. 169 ¶5)

No. 1: Mmɔdenbɔ—Bere Bɛn na Yehowa De Ho Akatua Ma? (w02-TW 8/1 kr. 29-31)

No. 2: Genesis 43:1-18

No. 3: #Sɛ Obi Ka sɛ, ‘Wo Ne Me Mmɔ Mpae Ansa na Woaka W’asɛm Akyerɛ Me’ A (rs-E kr. 295 ¶4-5)

No. 4: Ɔkwan Bɛn so na Yebetumi De Ahonyade a Ɛnteɛ Afa Nnamfo?

Mar. 22 Bible akenkan: Genesis 47-50 Dwom 187

Ɔkasa Su: Nsɛm a Wɔhyehyɛ Ma Edidi So (be-TW kr. 170 ¶1–kr. 171 ¶2)

No. 1: Dɛn Nti na Yehowa Ani Sɔɔ Habel Afɔrebɔ no na N’ani Ansɔ Kain De No? (w02-TW 8/1 kr. 28)

No. 2: Genesis 47:1-17

No. 3: Bible Nkɔmhyɛ Atitiriw a Ennyaa Ne Mmamu no Bi Ne Nea Ɛwɔ He? (rs-E kr. 296 ¶2–kr. 297 ¶3)

No. 4: Nea Enti a Nyansa Mfiase Ne Yehowa Suro

Mar. 29 Bible akenkan: Exodus 1-6 Dwom 52

Ɔkasa Su: W’asɛm a Wobɛka Ma Adidi So (be-TW kr. 171 ¶3–kr. 172 ¶5)

No. 1: Ɔkwan Bɛn So na Adwempa Betumi Abɔ Wo Ho Ban? (w02-TW 8/15 kr. 21-4)

No. 2: w02-TW 2/15 kr. 19-20 ¶7-11

No. 3: Sɛnea Yehowa Bu Ahantan

No. 4: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Bible Nkɔmhyɛ Ahorow Ho Hia Kristofo Kɛse? (rs-E kr. 297 ¶4-8)

Apr. 5 Bible akenkan: Exodus 7-10 Dwom 61

Ɔkasa Su: Nsɛm a Ehia Nkutoo a Wobɛka (be-TW kr. 173 ¶1–4)

No. 1: Baguam Ɔkasa Horow a Wubesiesie (be-TW kr. 52 ¶1–kr. 54 ¶1)

No. 2: Exodus 8:1-19

No. 3: #Sɛ Obi Ka sɛ, ‘Motwe Adwene Si Nkɔmhyɛ So Dodo’ A (rs-E kr. 298 ¶1-2)

No. 4: Nea Enti a Anidaso Te sɛ “Ɔkra Sɛkyɛ”

Apr. 12 Bible akenkan: Exodus 11-14 Dwom 87

Ɔkasa Su: Ɔkasa a Wɔnhwɛ Krataa So Nkenkan (be-TW kr. 174 ¶1–kr. 175 ¶4)

No. 1: Ɔkasafo no Gyinaesi Ahorow (be-TW kr. 54 ¶2–4; kr. 55, adaka)

No. 2: Exodus 12:1-16

No. 3: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yegye Yehowa Nteɛso Tom?

No. 4: Dɛn So na Ahodwiragya Nkyerɛkyerɛ no Gyina? (rs-E kr. 299 ¶1-6)

Apr. 19 Bible akenkan: Exodus 15-18 Dwom 171

Ɔkasa Su: Ɔkasa a Wɔnhwɛ Krataa So Nkenkan Mu Asiane a Wobɛkwati (be-TW kr. 175 ¶5–kr. 177 ¶1)

No. 1: Ɛsɛ sɛ Yebu Sɔhwɛ Ahorow Dɛn? (w02-TW 9/1 kr. 29-31)

No. 2: w02-TW 3/1 kr. 15-16 ¶8–11

No. 3: So Wɔkɔ So Twe Obi Aso Wɔ Bɔne a Ɔyɛe Ho Wɔ Ne Wu Akyi? (rs-E kr. 300 ¶2-6)

No. 4: eNea Enti a Ɛsɛ sɛ Aware Yɛ Abusuabɔ a Ɛtra Hɔ Daa

Apr. 26 Bible akenkan: Exodus 19-22 Dwom 59

Ɔkasa Su: Bere a Afoforo Hwehwɛ Nkyerɛkyerɛmu (be-TW kr. 177 ¶2–kr. 178 ¶2)

Ntĩmu

May 3 Bible akenkan: Exodus 23-26 Dwom 13

Ɔkasa Su: Nkɔmmɔbɔ Kwan So (be-TW kr. 179-80)

No. 1: Kɔ So Tu Mpɔn Sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo (be-TW kr. 56 ¶1–kr. 57 ¶2)

No. 2: Exodus 23:1-17

No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Yehowa Betumi Aboa Obi Ma Wadi Subammɔne So?

No. 4: Ɛhe na Mmusuakuw Ahorow Fi Bae? (rs-E kr. 301 ¶1-4)

May 10 Bible akenkan: Exodus 27-29 Dwom 28

Ɔkasa Su: Ɛnne Su (be-TW kr. 181 ¶1–4)

No. 1: ‘Ma Nsonsonoe Nna Adi’ (be-TW kr. 57 ¶3–p. 58 ¶2)

No. 2: Exodus 28:29-43

No. 3: Sɛ Abusua Biako Pɛ na na Ɛwɔ Hɔ a, Ɛhe na Kain Nyaa Ne Yere? (rs-E kr. 301 ¶5–kr. 302 ¶1)

No. 4: Nea Enti a Mmusua Ho Adwemmɔne Yɛ Bɔne

May 17 Bible akenkan: Exodus 30-33 Dwom 93

Ɔkasa Su: Home a Wobɛhome Yiye (be-TW kr. 181 ¶5-kr. 184 ¶1; kr. 182, adaka)

No. 1: Hyɛ Atiefo Nkuran Ma Wonnwen (be-TW kr. 58 ¶3–kr. 59 ¶3)

No. 2: Exodus 30:1-21

No. 3: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudwo?

No. 4: Dɛn na Ɛkyerɛkyerɛ Su Ahorow a Mmusua Ahorow Da no Adi no Mu? (rs-E kr. 302 ¶2–kr. 303 ¶2)

May 24 Bible akenkan: Exodus 34-37 Dwom 86

Ɔkasa Su: Gow Wo Ho (be-TW kr. 184 ¶2–kr. 185 ¶3; kr. 184, adaka)

No. 1: Kyerɛ Sɛnea Wɔde Di Dwuma na Yɛ Nhwɛso Pa (si-E kr. 60 ¶1-kr. 61 ¶3)

No. 2: Exodus 36:1-18

No. 3: So Nnipa Nyinaa Yɛ Onyankopɔn Mma? (rs-E kr. 303 ¶3–kr. 304 ¶4)

No. 4: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Nokware Wɔ Nneɛma Nketenkete Mu?

May 31 Bible akenkan: Exodus 38-40 Dwom 202

Ɔkasa Su: Ɔfoforo Ho Anigye a Wɔkyerɛ (be-TW kr. 186 ¶1–4)

No. 1: Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu (be-TW kr. 62 ¶1–kr. 64 ¶1)

No. 2: w02 5/1 kr. 19-20 ¶3-6

No. 3: Ɔkwan Bɛn So na 1 Yohane 3:19, 20 Ase a Obi Bɛte no Betumi Akyekye Ne Werɛ?

No. 4: So Nnipa a Wofi Mmusua Nyinaa Mu Bɛyɛ Biako sɛ Anuanom Mmarima ne Mmea Ankasa Da Bi? (rs-E kr. 304 ¶5–kr. 305 ¶3)

June 7 Bible akenkan: Leviticus 1-5 Dwom 123

Ɔkasa Su: Yɛ Otiefo Pa (be-TW kr. 187 ¶1-5)

No. 1: Sɛnea Wɔtoa Nkɔmmɔbɔ So (be-E kr. 64 ¶2–kr. 65 ¶4)

No. 2: Leviticus 3:1-17

No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Yesu Kristo Wu no Yɛ Soronko Wɔ Afoforo a Wɔawu Mogya Dansefo Wu no Ho? (rs-E kr. 306 ¶1-4)

No. 4: Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Ahonhonsɛmdi a Obi De Ne Ho Bɛhyɛ Mu no Mu?

June 14 Bible akenkan: Leviticus 6-9 Dwom 121

Ɔkasa Su: Afoforo a Wobɛboa Wɔn Ma Wɔanya Nkɔso (be-TW kr. 187 ¶6–kr. 188 ¶3)

No. 1: Nea Obisa Asɛm no Adwene a Wubehu (be-kr. 66 ¶1–kr. 68 ¶1)

No. 2: Leviticus 7:1-19

No. 3: Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Asua Sɛnea Yebekyi Bɔne?

No. 4: Dɛn Nti na na Ɛho Hia sɛ Wɔde Agyede no Ma Wɔ Ɔkwan a Wɔde Mae no So? (rs-E kr. 306 ¶6-kr. 307 ¶2)

June 21 Bible akenkan: Leviticus 10-13 Dwom 183

Ɔkasa Su: Mmoa a Mfaso Wɔ So a Wode Bɛma (be-TW kr. 188 ¶4–kr. 189 ¶4)

No. 1: Hu Sɛnea Ɛsɛ sɛ Wubua Asɛm (be- kr. 68 ¶2–kr. 70 ¶3)

No. 2: Leviticus 11:1-25

No. 3: Dɛn Nti na Onyankopɔn Anhyɛ Mmara Kɛkɛ sɛ Wɔn a Wobetie no Nyinaa Ntra Ase Daa? (rs-E kr. 307 ¶3–kr. 308 ¶1)

No. 4: Sɛnea Yehowa Bu Nsisi

June 28 Bible akenkan: Leviticus 14-16 Dwom 216

Ɔkasa Su: Obu a Wɔkyerɛ Ma Afoforo (be-TW kr. 190 ¶1-4)

Ntĩmu

July 5 Bible akenkan: Leviticus 17-20 Dwom 54

Ɔkasa Su: Obu So a Yehyia Obi (be-TW kr. 191 ¶1–kr. 192 ¶1)

No. 1: Nkitaho a Wɔnam Nkrataakyerɛw So Di (be-TW kr. 71–3)

No. 2: Leviticus 17:1-16

No. 3: Nya Yehowa Ahyehyɛde no Mu Ahotoso

No. 4: Henanom na Wodii Kan Nyaa Yesu Afɔrebɔ no So Mfaso, na Dɛn Ntia? (rs-E kr. 308 ¶2-3)

July 12 Bible akenkan: Leviticus 21-24 Dwom 138

Ɔkasa Su: Obu So a Wɔkasa (be-TW kr. 192 ¶2–kr. 193 ¶2)

No. 1: Nya Nkɔanim—Nya Nkɔso (be-TW kr. 74 ¶1–kr. 75 ¶3)

No. 2: Leviticus 22:1-16

No. 3: Henanom Bio na Wɔrenya Yesu Afɔrebɔ no So Mfaso Ahorow Nnɛ? (rs-E kr. 309 ¶1-3)

No. 4: So na Yehowa Yɛ Yuda Abusua no Nyankopɔn?

July 19 Bible akenkan: Leviticus 25-27 Dwom 7

Ɔkasa Su: Ahotoso Mu a Wofi Kasa (be-TW kr. 194 ¶1–kr. 195 ¶2)

No. 1: Fa Wo Dom Akyɛde Di Dwuma (be-TW kr. 75 ¶4–kr. 77 ¶2)

No. 2: Leviticus 25:1-19

No. 3: Sɛnea Amumɔyɛsɛm Bɛba Awiei

No. 4: Nhyira Ahorow Bɛn na Yɛnam Agyede no So Benya Daakye? (rs-E kr. 310 ¶1-4)

July 26 Bible akenkan: Numeri 1-3 Dwom 30

Ɔkasa Su: Sɛnea Wɔda Ahotoso Adi (be-TW kr. 195 ¶3–kr. 196 ¶4)

No. 1: So Ɛsɛ sɛ Kristofo Twe Ninkunu? (w02-TW 10/15 kr. 28-31)

No. 2: w02-TW 6/15 kr. 18-19 ¶6-9

No. 3: Dɛn na Wɔhwehwɛ Fi Yɛn Hɔ na Ama Yɛanya Yesu Afɔrebɔ no So Mfaso? (rs-E kr. 310 ¶5–kr. 311 ¶3)

No. 4: So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yebesũ Yɛn Dɔfo a Wawu?

Aug. 2 Bible akenkan: Numeri 4-6 Dwom 128

Ɔkasa Su: Anifere ne Pintinn a Wobɛyɛ (be-TW kr. 197 ¶1-3)

No. 1: Yɛn Nna a Yɛbɛma Asom Bo Wɔ Yehowa Anim (w02-TW 11/15 kr. 20-3)

No. 2: Numeri 6:1-17

No. 3: Ɔkwan Bɛn so na Bible Betumi Aboa Nkurɔfo Ma Wɔagyae Tan a Wɔbɛtan Wɔn Ho Wɔn Ho?

No. 4: Nkɛntɛnso Bɛn na Ɛsɛ sɛ Agyede no Nya Wɔ Sɛnea Yɛbɔ Yɛn Bra So? (rs-E kr. 311 ¶4-6)

Aug. 9 Bible akenkan: Numeri 7-9 Dwom 35

Ɔkasa Su: Da Anifere Adi Bere a Woredi Adanse (be-TW kr. 197 ¶4-kr. 198 ¶5)

No. 1: So Sen a Obi Nsen Obi Betumi Ayɛ Yiye? (w02-TW 1/1 kr. 4-7)

No. 2: Numeri 8:1-19

No. 3: Bere a Ɔsomafo Paulo Kae sɛ ‘Wobehwim’ Kristofo Ma Wɔne Awurade Akɔtra no, na Dɛn Ho Asɛm na Ɔreka? (rs-E kr. 312 ¶1–2)

No. 4: Hena Ne Antikristo No?

Aug. 16 Bible akenkan: Numeri 10-13 Dwom 203

Ɔkasa Su: Nsɛm a Ɛfata a Wobɛka Wɔ Bere a Ɛfata Mu (be-TW kr. 199 ¶1-4)

No. 1: Gye Yehowa—Onyankopɔn a Ɔwɔ Hɔ Paa Di (w02-TW 1/15 kr. 5-7)

No. 2: Numeri 12:1-16

No. 3: So Onyankopɔn Aweredi ne Ne Dɔ Hyia?

No. 4: So Kristo Nam Mununkum Mu Bɛba Ma Aniwa Nyinaa Ahu No na Wabɛfa Kristofo Anokwafo Akɔ Soro Bere a Wiase Rehwɛ No? (rs-E kr. 313 ¶1–3)

Aug. 23 Bible akenkan: Numeri 14-16 Dwom 207

Ɔkasa Su: Anifere So a Yɛne Abusuafo ne Afoforo Bedi Nsɛm (be-TW kr. 200 ¶1-4)

No. 1: Anuanom a na Ɛsono Wɔn Mu Biara Suban (w02-TW 1/15 kr. 21-3)

No. 2: w02-TW 7/15 kr. 23-4 ¶15-19

No. 3: So Wobetumi Afa Kristofo Akɔ Soro Bere a Wokura Wɔn Honamdua? (rs-E kr. 314 ¶1-2)

No. 4: fNea Enti a Video So Agodie a Basabasayɛ Wom Nye Mma Kristofo

Aug. 30 Bible akenkan: Numeri 17-21 Dwom 150

Ɔkasa Su: Denhyɛ ne Nkuranhyɛ (be-TW kr. 202 ¶1–kr. 203 ¶2)

Ntĩmu

Sept. 6 Bible akenkan: Numeri 22–25 Dwom 22

Ɔkasa Su: Wo Nsɛm a Wobɛma Ahyɛ Nkuran (be-TW kr. 203 ¶3–kr. 204 ¶1)

No. 1: Dɛn Nti na Wɔsɛee Saa Tete Wiase No? (w02-TW 3/1 kr. 5-7)

No. 2: Numeri 22:1-19

No. 3: So Wɔbɛfa Kristofo Anokwafo Akɔ Soro Komm a Wɔrenwu? (rs-E kr. 314 ¶3–kr. 315 ¶2)

No. 4: gNea Enti a Ɛsɛ sɛ Kristofo a Wɔyɛ Awofo Kenkan Ade Kyerɛ Wɔn Mma

Sept. 13 Bible akenkan: Numeri 26-29 Dwom 71

Ɔkasa Su: Bere a Wo ne Mfɛfo Gyidifo Rebɔ Nkɔmmɔ (be-TW kr. 204 ¶2–kr. 205 ¶4)

No. 1: Sɛnea Dɛmdi Bɛba Awiei (w02-TW 5/1 kr. 4-7)

No. 2: Numeri 29:1-19

No. 3: Ahobammɔ Bɛn na Nokware Kristofo Benya Wɔ Ahohiahia Kɛse no Mu? (rs-E kr. 315 ¶3–kr. 316 ¶3)

No. 4: Ɔkwan Bɛn So na Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow Nam Yesu Kristo So Ayɛ Yiw?

Sept. 20 Bible akenkan: Numeri 30-32 Dwom 51

Ɔkasa Su: Ntĩmu Ma Ɛso Duasi (be-TW kr. 206 ¶1-4)

No. 1: Gu Trenee, na Twa Onyankopɔn Adɔe (w02-TW 7/15 kr. 28-31)

No. 2: Numeri 30:1-16

No. 3: Dɛn Nti na Wɔde Kristofo Binom Kɔ Soro Ma Wɔne Kristo Kɔtra? (rs-E kr. 316 ¶5-8)

No. 4: hNea Enti a Ɛsɛ sɛ Wukwati Nguamansɛm

Sept. 27 Bible akenkan: Numeri 33-36 Dwom 100

Ɔkasa Su: Ntĩmu Ma Ɛso Duasi Wɔ Asɛnka ne Kasa Ahorow Ma Mu (be-TW kr. 207 ¶1–kr. 208 ¶4)

No. 1: Ɔkwan Bɛn So na Nokware Ahotefo Betumi Aboa Wo? (w02-TW 9/15 kr. 4-7)

No. 2: w02-TW 8/1 kr. 18-19 ¶15-19

No. 3: #‘So Wugye Ohwim no Di?’ (rs-E kr. 316 ¶9–kr. 317 ¶2)

No. 4: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wukwati Anigyede a Ɛyɛ Hu

Oct. 4 Bible akenkan: Deuteronomium 1-3 Dwom 191

Ɔkasa Su: Asɛmti Ho Dwumadi (be-TW kr. 209 ¶1–3)

No. 1: Onyankopɔn Ho Nokware Nimdeɛ Ma Yɛn Awerɛkyekye (w02-TW 10/1 kr. 5-7)

No. 2: Deuteronomium 1:1-18

No. 3: Nea Nokware no a Wubegye Atom Kyerɛ

No. 4: So Te a Wote Nka Kɛse sɛ Wunim Amannifo ne Mmeae Foforo Koraa Bi Dedaw no Kyerɛ sɛ Onipa a Owu Ma Wɔsan Wo no Foforo no Yɛ Nokware? (rs-E kr. 317 ¶3–kr. 319 ¶1)

Oct. 11 Bible akenkan: Deuteronomium 4-6 Dwom 181

Ɔkasa Su: Asɛmti a Ɛfata a Wode Bedi Dwuma (be-TW kr. 210 ¶1–kr. 211 ¶1; kr. 211, adaka)

No. 1: Efi Afe 537 A.Y.B. Kosi Afe 997 A.Y.B. Ho a Yebesusuw (si-E kr. 285 ¶5-7)

No. 2: Deuteronomium 4:1-14

No. 3: Dɛn Nti na Asɛm a Ɛwɔ Yohane 9:1, 2 no Nyɛ Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Onipa Wu Ma Wɔsan Wo no Foforo? (rs-E kr. 319 ¶2–kr. 320 ¶2)

No. 4: Dɛn na “Honhom Adwene” a Wubenya no Hwehwɛ?

Oct. 18 Bible akenkan: Deuteronomium 7-10 Dwom 78

Ɔkasa Su: Nsɛntitiriw a Wɔma Ɛda Adi (be-TW kr. 212 ¶1–kr. 213 ¶1)

No. 1: Efi Afe 997 A.Y.B. Kosi Afe 2370 A.Y.B. Ho a Yebesusuw (si-E kr. 285-6 ¶8-11)

No. 2: w02-TW 8/15 kr. 15-16 ¶3-6

No. 3: Nsonsonoe Kɛse Bɛn na Ɛda Onipa a Owu Ma Wɔsan Wo no Foforo ne Anidaso a Bible Hyɛ Ho Bɔ no Ntam? (rs-E kr. 320 ¶3-4)

No. 4: iSɛnea Yehowa Bu Awaefo

Oct. 25 Bible akenkan: Deuteronomium 11-13 Dwom 57

Ɔkasa Su: Mpaw Nsɛntitiriw Pii Dodo (be-TW kr. 213 ¶2-kr. 214 ¶5)

Ntĩmu

Nov. 1 Bible akenkan: Deuteronomium 14-18 Dwom 26

Ɔkasa Su: Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Anigye (be-TW kr. 215 ¶1–kr. 216 ¶5)

No. 1: Efi Afe 2370 A.Y.B. Kosi Afe 4026 A.Y.B. Ho a Yebesusuw (si-E kr. 286-7 ¶12-15)

No. 2: Deuteronomium 14:1-23

No. 3: #Sɛ Obi Ka sɛ, ‘Migye Onipa a Owu Ma Wɔsan Wo No Foforo Di’ A (rs-E kr. 321 ¶1-3)

No. 4: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Kristofo Ma Wɔn Asetra Kwati Akɛsesɛm

Nov. 8 Bible akenkan: Deuteronomium 19–22 Dwom 182

Ɔkasa Su: Nkurɔfo a Wobɛma Wɔayɛ Aso Atie Wo Wɔ Asɛnka Mu (be-TW kr. 217 ¶1–4)

No. 1: Yesu Asase so Asetra (si-E kr. 291 ¶16-17)

No. 2: Deuteronomium 21:1-17

No. 3: Dɛn Nti na Ɔsom Pii Wɔ Hɔ? (rs-E kr. 322 ¶1–kr. 323 ¶2)

No. 4: Ɔkwan Bɛn So na Bible Mu Nhwɛso Ahorow Betumi Aboa Yɛn Ma Yɛagyina Abasamtu Ano?

Nov. 15 Bible akenkan: Deuteronomium 23–27 Dwom 162

Ɔkasa Su: W’asɛmti a Wobɛda no Adi Wɔ Nnianim Asɛm no Mu (be-TW kr. 217 ¶5–kr. 219 ¶3)

No. 1: Bere a Yesu Yɛɛ Ne Som Adwuma No (si-E kr. 291 ¶18-19)

No. 2: Deuteronomium 24:1-16

No. 3: Sɛnea Wubehu Wɔn a Onyankopɔn Wɔ Wɔn Afã

No. 4: So Ɛyɛ Nokware sɛ Adepa Bi Wɔ Ɔsom Ahorow Nyinaa Mu? (rs-kr. 323 ¶3-5)

Nov. 22 Bible akenkan: Deuteronomium 28–31 Dwom 32

Ɔkasa Su: Ɔkasa Awiei a Etu Mpɔn (be-TW kr. 220 ¶1-3)

No. 1: Asomafo no Mmere Ho a Yebesusuw (si-E kr. 291-2 ¶20-3)

No. 2: Deuteronomium 29:1-18

No. 3: So Ɛyɛ Papa sɛ Obi Begyae N’awofo Som? (rs-E kr. 324 ¶1-3)

No. 4: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Kristofo Brɛ Wɔn Ho Ase

Nov. 29 Bible akenkan: Deuteronomium 32–34 Dwom 41

Ɔkasa Su: Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Woma Ɛtra W’adwenem (be-TW kr. 221 ¶1-5)

No. 1: Paulo Asɛmpatrɛw Akwantu a Ɛto so Abien (si-TW kr. 292-3 ¶24-5)

No. 2: w02-TW 10/15 kr. 11 ¶10-13

No. 3: Akwan a Yebetumi Afa So Atew Onyankopɔn Din Ho

No. 4: Dɛn Ne Bible no Adwene Wɔ Gyidi Afrafra Ho? (rs-E kr. 325 ¶1–kr. 326 ¶1)

Dec. 6 Bible akenkan: Yosua 1–5 Dwom 40

Ɔkasa Su: Wɔ Asɛnka Mu (be-TW kr. 221 ¶6–kr. 222 ¶6)

No. 1: Paulo Asɛmpatrɛw Akwantu a Ɛto so Abiɛsa ne Ne Mfe a Edi Akyiri, Afe 56-100 Y.B. (si-E kr. 293 ¶26-30)

No. 2: Yosua 4:1-14

No. 3: So Ɛho Hia sɛ Obi De Ne Ho Hyɛ Nyamesom Kuw Bi Mu? (rs-E kr. 326 ¶2–kr. 327 ¶2)

No. 4: So Buronya Yɛ Kristofo Afahyɛ?

Dec. 13 Bible akenkan: Yosua 6–8 Dwom 213

Ɔkasa Su: Nokwasɛm a Wɔka (be-TW kr. 223 ¶1–5)

No. 1: Kyɛwpa—Ade a Ɛde Asomdwoe Ba (w02-TW 11/1 kr. 4-7)

No. 2: Yosua 6:10-23

No. 3: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokɔ so Ka Asɛm Wɔ Afie Afie?

No. 4: So Obi Yɔnko a Ɔbɛdɔ no Ne Ade a Ɛho Hia Ankasa? (rs-E kr. 327 ¶4)

Dec. 20 Bible akenkan: Yosua 9–11 Dwom 135

Ɔkasa Su: ‘Nokwasɛm no a Yebeso Mu Pɛpɛɛpɛ’ (be-TW kr. 224 ¶1-4)

No. 1: Hyɛ Wo Nsam Den (w02-TW 12/1 kr. 30-1)

No. 2: w02-TW 11/15 kr. 18-19 ¶19–23)

No. 3: So Abusuabɔ a Wo Ne Onyankopɔn Benya Ne Ade a Ɛho Hia Ankasa? (rs –E kr. 327 ¶5–kr. 328 ¶1)

No. 4: jNea Ɛkyerɛ sɛ Obi Pɛ Asomdwoe

Dec. 27 Bible akenkan: Yosua 12–15 Dwom 210

Ɔkasa Su: Nsɛm mu Nokwasɛm a Wobɛhwehwɛ (be-TW kr. 225 ¶1-3)

Ntĩmu

[Ase hɔ nsɛm]

a Fa ma anuanom mmarima nkutoo.

b Fa ma anuanom mmarima nkutoo.

c Fa ma anuanom mmarima nkutoo.

d Fa ma anuanom mmarima nkutoo.

e Sɛ bere ma kwan a, munsusuw mmuae a mode bɛma wɔ nsɛm a wɔka, anoyi, ne nea ɛkeka ho a ebedi mo asasesin mu ahiade ho dwuma yiye no ho.

f Sɛ bere ma kwan a, munsusuw mmuae a mode bɛma wɔ nsɛm a wɔka, anoyi, ne nea ɛkeka ho a ebedi mo asasesin mu ahiade ho dwuma yiye no ho.

g Fa ma anuanom mmarima nkutoo.

h Fa ma anuanom mmarima nkutoo.

i Fa ma anuanom mmarima nkutoo.

j Fa ma anuanom mmarima nkutoo.

Sɛ bere ma kwan a, munsusuw mmuae a mode bɛma wɔ nsɛm a wɔka, anoyi, ne nea ɛkeka ho a ebedi mo asasesin mu ahiade ho dwuma yiye no ho.

Fa ma anuanom mmarima nkutoo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena