Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma November: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ nkurɔfo wɔ eyinom bi dedaw a, mubetumi de Som Nokware Nyankopɔn Koro No anaa nhoma dedaw bi ama. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Mubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, The Bible—God’s Word or Man’s?, anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nso ama. January: Nhoma biara a wotintimii ansa na afe 1988 reba a ebia mo asafo no wɔ bi. Sɛ munni emu biara bi a, yɛsrɛ sɛ monhwɛ sɛ asafo ahorow a ɛbemmɛn mo no wɔ nhoma dedaw pii a mubetumi agye bi de ayɛ adwuma anaa. Asafo ahorow a wonni nhoma dedaw no betumi de Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ ama. February: Bɛn Yehowa. Sɛ munni nhoma yi bi a, mubetumi de Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? anaasɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nso ama.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu December 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra afe 2003 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! “bound volume” de ka nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no ho.
◼ Sɛ wɔka towtua ho asɛm kyerɛ asafo no anaa wobu de brɛ mo a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ma baa dwumadibea no aso te ntɛm ara.
◼ Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw kyɛk a wɔde yi ntoboa de boa amantam nhyiam ne nea wɔde kɔ baa dwumadibea no so sɛ wontua mma “Watch Tower.” Baa dwumadibea no address a wɔde di sika ho dwuma ne Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana, P. O. Box GP 760, ACCRA.
◼ YƐSRƐ SƐ MONHYƐ NO NSOW: Esiane sɛ baabi a yebenya atra nnɔɔso nti, ɛsɛ sɛ amansin a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ amanaman ntam nhyiam no wɔ Accra ne Kumasi no mu adawurubɔfo nkutoo na wɔkɔ wɔ hɔ. Esiane ade koro yi ara nti, ɛnsɛ sɛ wɔde nneɛma a wɔde nnuan gu mu a ɛyɛ akɛseakɛse ba baabi a yɛbɛtra atie asɛm no.