Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/03 kr. 6
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Wɔn a Wɔka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 11/03 kr. 6

Asɛmmisa Afã

◼ So ɛsɛ sɛ wobu abusua adesua ho akontaa de ma asafo no?

Sɛ ɔwofo a ɔyɛ Kristoni yɛ abusua Bible adesua a mmofra a wɔmmɔɔ wɔn asu ka ho a, obetumi abu dɔnhwerew biako ne sankɔhwɛ biako ho akontaa dapɛn biara, ne ofie Bible adesua biako ɔsram biara. Sɛ adesua no di boro dɔnhwerew biako, ɔyɛ no mpɛn pii dapɛn biara, anaasɛ ɔne mmofra no yɛ no mmiako mmiako mpo a, saa ara na obebu ho akontaa.—Hwɛ Yɛn Som nhoma no kr. 104.

Sɛ abusua no mufo nyinaa yɛ Adansefo a wɔabɔ wɔn asu a, ɔremmu bere no anaa adesua no ho akontaa sɛ asɛnka akontaabu (gye sɛ abofra bi da so ara resua nhoma a ɛto so abien wɔ n’asubɔ akyi). Eyi te saa efisɛ asafo no asɛnka akontaabu no kyerɛ nea wɔreyɛ wɔ asɛmpa no ka ne Bible mu nokware a wɔde kyerɛkyerɛ wɔn a wɔnyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu no mu. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Nanso, eyi mmrɛ hia a ɛho hia sɛ woyɛ adesua a ɛte saa daa no ase wɔ ɔkwan biara so.

Ɛyɛ awofo a wɔyɛ Kristofo no asɛyɛde sɛ wɔne mma besua ade. Wɔn a wohia mmoa na ama wɔatumi ahyehyɛ wɔn abusua adesua anaa wɔama atu mpɔn no betumi abisa mpanyimfo no ma wɔaboa wɔn. Sɛ nsɛm tebea ma ɛyɛ papa sɛ ɔdawurubɔfo foforo ne asafo no mu Kristofo abusua bi babarima anaa ɔbabea a ɔmmɔɔ asu yɛ Bible adesua a, ɛsɛ sɛ wohu ɔhwɛfo guamtrani no anaa ɔsom adwuma so hwɛfo no. Sɛ wɔpene adesua a ɛte saa so a, nea ɔyɛ no betumi abu ho akontaa sɛnea ɔyɛ wɔ Bible adesua foforo biara ho no.

Mmofra a wɔtete wɔn wɔ Yehowa kwan so no gye adwuma pii sen bere ne mmɔdenbɔ a wobu ho akontaa sɛ asɛnka no. (Deut. 6:6-9; Mmeb. 22:6) Ɛfata sɛ wɔkamfo awofo a wɔyɛ Kristofo wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru a wɔwɔ sɛ wɔde “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ” bɛtete wɔn mma ho dwuma a wodi no ho.—Efe. 6:4.

● So ɛfata sɛ atiefo bɛbɔ wɔn nsam wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu anaa Ɔsom Nhyiam dwumadi no fã biara akyi? Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ adwene a ɛfata wɔ nsambɔ ho?

Atiefo a wɔyɛ Yehowa Adansefo kyerɛ anisɔ ankasa. Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛpɛ sɛ yɛkyerɛ yɛn nuanom mmɔdenbɔ ne asɛm a wofi asɛnka agua so ka no ho anisɔ. Wɔ wiase no mmeae bi no, wɔde nsambɔ na ɛda anisɔ a ɛte saa no adi. Nanso, nsambɔ yɛ ade a wɔtaa de kyerɛ biribi soronko ho anisɔ, ma enti ɛsɛ sɛ efi nkate ne koma mu.

Ɔkwan bɛn so na yɛde nnyinasosɛm yi bedi dwuma wɔ yɛn Ahenni Asa so bere a yɛreyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu anaa Ɔsom Nhyiam no? Akyinnye biara nni ho sɛ mmara biara nni hɔ a etia nsambɔ bere a yefi nkate ne anisɔ a efi koma mu na ɛyɛ saa no, te sɛ bere a osuani foforo ma ne kasa a edi kan no. Nanso, wɔ asafo ahorow bi mu no, ɛte sɛ nea wɔn nsam a wɔbɔ wɔ osuani biara kasa akyi no abɛyɛ biribi a wɔyɛ kɛkɛ—abɛyɛ su. ‘Yɛntaa mmɔ yɛn nsam wɔ dwumadi a ɛtete sɛɛ mu efisɛ, ade biako ne sɛ, ebetumi adan guasodeyɛ bi ara kwa a ɛnkyerɛ ade titiriw biara.’—Hwɛ August 1972 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3, Asɛmmisa Afã.

Mpɛn pii wɔ amantam ne amansin nhyiam ase ne bere a wɔyɛ dwumadi atitiriw ho nhyehyɛe no, yɛn nuanom de bere pii ne mmɔdenbɔ siesie wɔn dwumadi no. Yehu wɔ ha sɛ ɛnyɛ ɔkasa no awiei nko na atiefo bɔ wɔn nsam, na mmom ɛtɔ mmere bi a wɔyɛ saa wɔ bere a wɔrema ɔkasa no mu. Nsambɔ a ɛte saa a efi nkate mu no fata.

Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ yɛ a ebinom de ayɛ wɔn su sɛ wɔbɛbɔ wɔn nsam denneennen atra so bere a ɔkasafo bi a wɔpɛ n’asɛm anaa obi titiriw kasa kyerɛ wɔn a wɔahyiam no ho. Ɛtɔ mmere bi a, sɛ saa onipa yi nya ba asɛnka agua no so ara pɛ a, na wɔde nsambɔ ahyia no. Sɛ saa onipa no amma ɔkasa no yiye na yɛbɔ yɛn nsam denneennen ma no nanso ɔkasafo a yennim no pii ma ɔkasa a etu mpɔn na yɛammɔ yɛn nsam denneennen amma no a, so eyi nyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ yɛde ɔsom rema abɔde? Sɛ yɛbɔ yɛn nsam wɔ asɛm a wɔka no ho na ɛnyɛ onipa a ɔka no ho a, ɛnde na yɛde rema asɛm no Wura, Yehowa Nyankopɔn, na saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

Biribi wɔ hɔ a yɛn nyinaa betumi ayɛ de akyerɛ ɔkasafo no mmɔdenbɔ ho anisɔ ankasa. Ɛne sɛ yɛbɛwɛn yɛn aso atie bere a ɔrekasa no, ahwɛ ɔkasafo no, na yɛde yɛn anim yɛbea akyerɛ sɛ yetie n’asɛm no na yɛrenya so mfaso. Wɔ ɔkasa horow a ɛte saa akyi no, ɛho anisɔ na ɛka yɛn ma yɛbɔ yɛn nsam. Sɛ yɛyɛ eyi a, yɛn nsambɔ no renyɛ ade a yɛyɛ kɛkɛ bere nyinaa, na mmom aseda a efi komam a yɛde ma wɔ asɛm a mfaso wɔ so a yɛn nsa aka fi Yehowa hɔ no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena