Awofo—Mo Ankasa Monhwɛ Mo Mma
1 “Hwɛ, [Yehowa, NW] agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua.” (Dw. 127:3) Nsɛm yi yɛ nokware paa! Kristofo dɔ wɔn mma na wɔpɛ sɛ wɔn ani gye, wonya apɔwmuden ne asetra mu nneɛma a ehia. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, wɔpɛ sɛ wɔn mma nyin yɛ mmarima ne mmea a wɔsom wɔn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn na wɔdɔ no.
2 Wɔ mmeae pii no, awofo taa de wɔn mma kɔtra wɔn abusuafo anaa wɔn nnamfo nkyɛn asram bi anaa mfe pii mpo. Mpɛn pii no sikasɛm titiriw nti na wɔyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, sɛ abusua bi di hia na mmofra no dɔɔso a, ebia awofo no bɛte nka sɛ, sɛ mmofra no mu biako anaa baanu bi kɔtra wɔn abusuafo a biribi wɔ wɔn nsam nkyɛn a, wobenya so mfaso. Wosusuw sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw ama saa obusuani no sɛ ɔbɛhwɛ wɔn wɔ sukuu, atɔ ntade, nnuru ne aduan ama wɔn. Mpɛn pii no ɛnyɛ sɛ awofo no nnɔ wɔn mma, na mmom ɛyɛ pɛ a wɔpɛ sɛ esi mmofra no yiye nti na awofo binom yɛ saa.
3 Ɛwom sɛ ebia wobenya nhomasua ne asetram nneɛma bi bere a wɔde abofra kɔtra obi foforo nkyɛn no de, nanso biribi foforo a ɛho hia paa nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosusuw ho yiye. Kristofo ani gye ho kɛse sɛ awiei koraa no wɔn mma bɛyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo. Enti ade a ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo nyinaa dwen ho titiriw ne sɛnea kɔ a wɔde wɔn ba bɛkɔ akɔtra afoforo nkyɛn no bɛka ne som.—Fil. 1:10.
4 Yehowa nyansa kɛse no nti, ɔhyɛ awofo sɛ wɔn ankasa nni nneɛma a wɔn mma hia wɔ honhom fam ho dwuma. Afotu a Onyankopɔn de maa Israelfo a na wɔwɔ mma ne sɛ: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deut. 6:6, 7) Sɛ Kristofo de wɔn ba kɔtra obi nkyɛn a, so wobetumi adi asɛyɛde a ɛho hia yi ho dwuma?
5 Ɔsomafo Paulo nso tuu agyanom a wɔyɛ Kristofo fo sɛ: “Munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Bible mu nokware a wɔde bedua mmofra adwene ne wɔn koma mu no hwehwɛ sɛ awofo a wosuro Onyankopɔn kyerɛkyerɛ wɔn Bible daa ma etu mpɔn na wɔyɛ nhwɛso pa. Nanso sɛ wɔde abofra akɔtra n’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo nkyɛn a, wɔbɛyɛ dɛn atumi de “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ” atete no? Sɛ honam fam nneɛma ne nhomasua nti, abofra bi ansom Onyankopɔn a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔansusuw ne daakye ho koraa!
6 Na sɛ wɔde abofra kɔtra wɔn mfɛfo gyidifo nkyɛn nso ɛ? Ɛwom sɛ ebia eyi te sɛ nea ɛyɛ papa sen sɛ wɔde no bɛkɔ akɔtra wɔn a wɔnyɛ Adansefo nkyɛn de, nanso nhyehyɛe yi nso nyɛ papa. Ɛho betumi ahia ara sɛ abofra no yɛ nsakrae akɛse wɔ sɛnea ɔne afoforo bɔ, nneɛma a ɔde gye n’ani ne sɛnea odwen nneɛma ho no mu. Mmofra bi ahaw anaasɛ wɔadan mmofra bɔne na wɔabɔ fekubɔne. Eyi rentumi mma abofra no nnya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu.
7 Sɛnea awofo nim no, egye ahokokwaw, boasetɔ, ne bere pii na wɔde Yehowa ho dɔ adua abofra mu. Sɛ adwuma a ɛte saa no yɛ den ma abofra no awofo a wonim no yiye fi bere a wɔwoo no no a, hwɛ sɛnea ebetumi ayɛ den ama awarefo sɛ wɔbɛtete abofra a ɔnyɛ wɔn ankasa ba! Nokwasɛm no ne sɛ obiara nni hɔ a obetumi adi mmofra honhom fam ahiade ho dwuma sen wɔn ankasa awofo. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛyɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde a ɛnsɛ sɛ ɔwofo biara a ɔyɛ Kristoni de anifere dan to obi so.—Mmeb. 22:6.
8 Ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo nyinaa ankasa hu sɛnea wobedi afotu a ɛwɔ 1 Timoteo 5:8 yi so: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” Sɛ ɛyɛ den ma awofo sɛ wɔde nea abofra no hia wɔ asetram bɛma no mpo a, ɛda so ara yɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ sɛ wɔde nea abofra hia na wasom Onyankopɔn no ma wɔ ɔkwan pa so.—Fa toto Habakuk 3:17, 18 ho.
9 Ɛnyɛ adwuma a ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛtete mmofra ma wɔadɔ Yehowa asom no wɔ sikasɛm mu ahokyere bere yi mu. Nanso, yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no hyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa ɔwofo biara a ogye saa asɛyɛde a ɛho hia yi tom. (Mmeb. 3:5-6) Esiane mmoa a Yehowa ne asafo no de ama awofo pii a wɔyɛ Kristofo no nti, wɔatumi atete wɔn mma ma wɔabɛyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo wɔ sikasɛm mu ahokyere yi mu. Enti ma wo mma ho nhia na twe wɔn bɛn wo. Boa wɔn ma wɔnyɛ mmarima ne mmea a wɔsom Onyankopɔn, efisɛ saa a wobɛyɛ no bɛma wɔanya nhyira a enni awiei. Ɛno ansa na wubetumi aka asɛm a Yohane ka kyerɛɛ ne mma a ɔne wɔn som Onyankopɔn yi bi: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.”—3 Yoh. 4.