Nsɛm a Ɛbɛkae Yɛn Ma Yɛadi Mogya Ho Nsɛm Ho Dwuma
1 Bere tenten a yɛda so wɔ nhyehyɛe dedaw yi mu no, yentumi nkwati ɔyare na yebehia ayaresa. Nanso, sɛ Yehowa asomfo a wɔyɛ osetie no, yɛpɛ sɛ yetie Yehowa wɔ nea yɛyɛ nyinaa mu a bere a yɛpɛ sɛ wɔsa yɛn yare ka ho. (1 Kor. 10:31) Yedi Bible mu ahyɛde a ese ‘yenyi yɛn ho mfi mogya ho’ no so. (Aso. 15:20) Ɛtɔ mmere bi a, eyi ma mogya a wɔde ma ho nsɛm sɔre. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara yɛ na amma wanhyia mogya a wɔde ma ho nsɛm?
2 Ade a edi kan a ɛbɛbɔ yɛn ho ban ne sɛ yɛmma yɛn mogya so ntew na akɔba sɛ yebehia mogya. Eyi ho hia yiye wɔ mmofra fam. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yedi nnuan a ahoɔden wom. Ɛho nhia sɛ eyi yɛ aduan a ne bo yɛ den na mmom nnuan a nnuannuru a ɛbɛma yɛanya mogya wom. Afei nso, sɛ mmofra yare a, ɛsɛ sɛ yɛde wɔn kɔ ayaresabea ntɛm. Sɛ yɛyɛ eyi a, ɛbɛboa ma yɛakwati tebea a ɛbɛma mogya ho nsɛm asɔre.
3 Sɛ ɛsɛ sɛ wokɔ ayaresabea a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ de bɔ wo ho ban? Ansa na wobɛkɔ ayaresabea no, bɔ asafo no mu mpanyimfo amanneɛ, ne titiriw sɛ wohwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ wo oprehyɛn a. Eyi ho hia bere a obi wɔ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no. Ɛtɔ mmere bi a, ɛho behia sɛ wokɔ ayaresabea wɔ kurow foforo bi mu. Sɛ mpanyimfo no nim tebea no na ehia a, wobetumi afa Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no (HLC) no so aboa ma woanya nnuruyɛfo a wɔbɛte wo ase.
4 Sɛ Ɔdansefo bi yare na ɔkɔ ayaresabea a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔakyerɛw “Yehowa Ɔdansefo” no akɛse agu ne krataa no so. Bere a woaka wo yare no akyerɛ oduruyɛfo no akyi no, fa odwo ma onhu pefee sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wo mogya wɔ ayaresa biara a wɔde bɛma wo no mu wɔ tebea biara mu da. Ɛsɛ sɛ woma ohu eyi ntɛm ara.
5 Sɛ oduruyɛfo no kɔ so ka sɛ ɔbɛma wo mogya bere a mfiase no woama wahu wo gyinabea a, fa obu ka kyerɛ no ntɛm ara sɛ wobɛpɛ sɛ wukohu oduruyɛfo foforo nti onyi wo.
6 Hena na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔbɛka sɛ wompɛ mogya? Wo na ɛyɛ w’asɛyɛde, ƐNYƐ mpanyimfo kuw no anaasɛ HLC no. HLC no ba asɛm no mu bere a obi hia mmoa na wakyerɛkyerɛ nnuru a wɔde si mogya ananmu ho nsɛm mu pefee akyerɛ oduruyɛfo no anaa bere a ɔhwehwɛ oduruyɛfo a ɔbɛte no ase no nkutoo. Enti, ɛwom mpo sɛ ebia HLC no bɛboa ma wɔakyerɛkyerɛ nsɛm mu akyerɛ nnuruyɛfo de, nanso ɔyarefo no na obesi gyinae no.
7 Wobɛyɛ dɛn anya mmoa afi HLC no hɔ? Sɛ wuhia mmoa wɔ mogya ho nsɛm mu a, di kan ka ho asɛm kyerɛ mo asafo no mu mpanyimfo. Sɛ ebia HLC no wɔ mo kurow no anaa kurow foforo mu a, wobehu wɔn ama wo. Dɛn nti na eyi ho hia? Efisɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ HLC no di kan hu ansa na wɔadi asɛm no ho dwuma. Afei nso, mpanyimfo no nim HLC no ne ɔkwan a wɔbɛfa so akohu wɔn. Ɛtɔ mmere bi a, eyi bɛhwehwɛ sɛ wuhu mo asafo no mu mpanyimfo no bi telefon nɔma anaa sɛ wuhia wɔn ntɛm a akwan foforo a wobɛfa so ma woanya wɔn ntɛm.
8 Hena na obetua ka a wobɛbɔ wɔ ayaresabea hɔ no? Ɛwom sɛ ebia mpanyimfo ne HLC no de wɔn ho begye asɛm no mu de adi ayaresa bi ho dwuma a yi a wobeyi ɔyarefo no akɔ ayaresabea foforo a wɔwɔ nnuruyɛfo a wɔbɛte no ase ka ho de, nanso ɔno anaa n’abusuafo na wobetua ayaresa ho ka.
9 Sɛ ɔdawurubɔfo biara benya nhyehyɛe yi nyinaa so mfaso a, ɛsɛ sɛ ɔde “Medical Directive” a wɔahyehyɛ awie koraa a entwaam hyɛ no ho bere nyinaa. Ɛnyɛ HLC no na wobedi ankorankoro anaa wɔn mmusua ayaresa ne wɔn apɔwmuden ho nsɛm foforo ho dwuma. Mogya ho nsɛm titiriw nti na wɔhyehyɛɛ HLC no.
10 Hwɛ nhyehyɛe a ɔdɔ wom a wɔayɛ na yɛanya so mfaso! Bere a yedi nea wɔaka no akyi pɛpɛɛpɛ no, yɛbɛkwati mogya a wɔde ma ho ɔhaw pii. (Mmeb. 27:12) Momma yɛmfa nsɛm a wɔde kae yɛn yi nyinaa nsie yɛn adwenem na ama yɛakɔ so adi Yehowa mmara a ɛyɛ pɛ a ɛfa mogya ho no so.—Dw. 19:7.