Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ December 29, 2003 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntimu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ November 3 kosi December 29, 2003 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de hwehwɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Dɛn nti na ɛho hia yiye sɛ yɛde Bible no di dwuma wɔ asɛnka mu? [be-TW kr. 145 nky. 2, adaka]
2. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a ɛfa kyerɛwsɛm bi ho no ka ɔkwan a wɔfa so da no adi no? [be-TW kr. 149]
3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wusi nsɛmfua a ɛfata so dua bere a worekenkan Bible kyerɛwsɛm bi, na ɔkwan bɛn so na wɔfa yɛ saa? [be-TW kr. 151 nky. 2, adaka]
4. Ɔkwan bɛn so na yɛde Paulo afotu a ɛse ‘yenkura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’ no di dwuma bere a yɛkyerɛkyerɛ afoforo no, na dɛn nti na eyi ho hia? (2 Tim. 2:15) [be-TW kr. 153 nky. 2, adaka]
5. Ɔkwan bɛn so na Paulo ‘de Kyerɛwnsɛm no susuw nsɛm ho’? (Aso. 17:2, 3) [be-TW kr. 155 nky. 5-kr. 156 nky. 1]
DWUMADI 1
6. Sɛ yɛde yɛn adwinnade a ɛsen biara a yɛde yɛ nhwehwɛmu, Bible no, siesie ɔkasa a, dɛn nti na ehia sɛ (1) yɛhwehwɛ nsɛm a ɛfa ho no mu, (2) yɛhwɛ kyerɛw nsɛm afoforo a wɔtwe adwene si so no, na (3) yɛde nhoma a wɔde hwehwɛ Bible mu nsɛmfua yɛ nhwehwɛmu? [be-TW kr. 34 nky. 3-kr. 35 nky. 2]
7. Ɔkwan bɛn so na wɔda nokwaredi adi na henanom na wɔda no adi kyerɛ wɔn? [w-TW 01 10/1 kr. 22-3]
8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ obi a odi bere so pɛpɛɛpɛ? (Dan. 11:35-40; Luka 21:24) [si-E kr. 284 nky. 1]
9. Dɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtra w’adwenem bere a worepaw nsɛm a wode bedi dwuma wɔ ɔkasa bi mu bere a woayɛ ho nhwehwɛmu awie no? [be-TW kr. 38]
10. Dɛn nti na Yesu nsɛm a ɛfa “Noa nna no” ho no hia ma yɛn bere yi? (Mat. 24:37) [w01-TW 11/15 kr. 31 nky. 3-4]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Ɔkwan bɛn so na Paulo krataa a ɔde kɔmaa Filemon no da no adi sɛ Kristofo adwuma ne sɛ wɔbɛboa ankorankoro ma wɔabɛyɛ Kristofo, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛhyɛ asetra mu nsakrae ho nkuran? (Filem. 12)
12. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ ‘twe a obi twe ne ho nkakrankakra,’ ‘wae a ɔwae,’ ne ‘ase a ɔhwe’ ntam? (Heb. 2:1; 3:12; 6:6) [w99-TW 7/15 kr. 19 nky. 12; w86-TW 11/1 kr. 11-12 nky. 16-17; w80-TW 12/1 kr. 23 nky. 8]
13. Yɛbɛyɛ dɛn akwati sɛ yɛremma asɛm ‘sɛ Yehowa pɛ a’ nnan asɛm a wɔka kɛkɛ? (Yak. 4:15) [cj-E kr. 171 nky. 1-2]
14. Dɛn na ‘twɛn a yɛtwɛn ma Yehowa da no ba yɛ ntɛm’ no kyerɛ, na ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ayɛ saa? (2 Pet. 3:12) [w97-TW 9/1 kr. 19-20]
15. Afotu a ɛho hia ma Kristofo nnɛ bɛn na ɛwɔ nkrasɛm a wɔde kɔmaa asafo ahorow ason a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm atiri 2 ne 3 mu no? (Adi. 2:4, 5, 10, 14, 20; 3:3, 10, 11, 17, 19)