ADESUA 20
Kyerɛwnsɛm a Wɔda no Adi Ɔkwampa So
KYERƐWNSƐM no so na yegyina de nkyerɛkyerɛ ma wɔ yɛn asafo nhyiam ahorow ase. Bible mu nsɛm nso di akoten wɔ asɛm a yɛka wɔ asɛnka mu no mu. Nanso nkɛntɛnso a eyi benya wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ so no begyina ɔkwampa a yɛfa so da no adi no so.
Ɛhwehwɛ pii sen sɛ wobɛfrɛ kyerɛwsɛm bi na woato nsa afrɛ obi sɛ ɔne wo mmom nkenkan. Sɛ worefrɛ kyerɛwsɛm bi a, bɔ mmɔden sɛ wubedi atirimpɔw abien ho dwuma: (1) Ma wɔnhwɛ biribi kwan, na (2) fa w’adwene si nea enti a wode kyerɛwsɛm no redi dwuma no so. Wubetumi afa akwan horow so adu botae ahorow yi ho.
Bisa Asɛm Bi. Sɛ atiefo no nnim mmuae no dedaw a, eyi tu mpɔn paa. Bɔ mmɔden sɛ wobɛnwene asɛmmisa no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma nkurɔfo asusuw nsɛm ho. Yesu yɛɛ eyi. Bere a Farisifo no baa ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ na wɔsɔɔ ne nimdeɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu hwɛe wɔ baguam no, Yesu bisaa wɔn sɛ: “Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no?” Wobuae sɛ: “Dawid.” Afei Yesu bisae sɛ: “Ɛnde adɛn na Dawid nam honhom mu frɛ no owura?” Ɔkaa eyi wiei no, ɔfaa Dwom 110:1 hɔ asɛm kae. Farisifo no yɛɛ dinn. Nanso nnipakuw no de anigye tiee Yesu.—Mat. 22:41-46.
Wɔ asɛnka mu no, wubetumi de nsɛmmisa a wɔde fi nkɔmmɔbɔ ase te sɛ nea edidi so yi adi dwuma: “Me ne wo nyinaa wɔ din. So Onyankopɔn wɔ din? Yebetumi ahu mmuae no wɔ Dwom 83:18.” “So adesamma nyinaa benya nniso biako da bi? Hyɛ sɛnea wɔma eyi ho mmuae wɔ Daniel 2:44 no nsow.” “So Bible no ka yɛn bere yi mu tebea horow ho asɛm? Fa tebea a wunim no toto nea wɔaka ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no ho hwɛ.” “So amanehunu ne owu bɛba awiei da bi? Yebetumi ahu mmuae a Bible no de ma wɔ Adiyisɛm 21:4, 5.”
Sɛ worema ɔkasa a, nsɛmmisa a wode bedi dwuma ɔkwampa so no betumi akanyan w’atiefo ma wɔasan ahwɛ kyerɛw nsɛm a wonim dedaw mpo mu. Nanso, so wɔbɛyɛ saa? Ɛno begyina sɛ ebia asɛm a wubisae no hia wɔn anaasɛ enhia wɔn no so. Sɛ asɛmpɔw no ho hia atiefo no mpo a, wɔn adwene betumi akyinkyin bere a worekenkan kyerɛw nsɛm a wɔate mpɛn pii no. Nea ɛbɛma woakwati saa no, ɛsɛ sɛ wususuw asɛm no ho kakra na ama asɛm a woreka no ayɛ dɛ.
Fa Asɛm Bi Si Hɔ. Wubetumi de asɛm bi asi hɔ na afei woatwe adwene asi kyerɛwsɛm bi a ɛfa ho so. Mma atiefo no nnhwɛ biribi a wɔn nsa ntumi nka kwan. Mpɛn pii no, kyerɛwsɛm no ka asɛm no fã bi nkutoo ho asɛm. Nanso wubetumi aka akyerɛ atiefo no ma wɔasusuw akwankyerɛ a ɛde ma a wɔde bedi tebea no ho dwuma no ho, bere a wokenkan kyerɛwsɛm no.
Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, wubetumi aka abrabɔ pa ho nnyinasosɛm bi ho asɛm na wode Bible mu asɛm bi akyerɛkyerɛ nyansa a ɛwɔ mu sɛ wobedi akyi no mu. Sɛ kyerɛwsɛm bi kura nsɛm abien (anaa nea ɛboro saa) a ɛne nea wɔresusuw ho no wɔ abusuabɔ a, akasafo binom ka kyerɛ atiefo no ma wɔhyɛ no nsow. Sɛ ɛte sɛ nea asɛm bi yɛ den dodo ma atiefo bi a, wubetumi akanyan wɔn adwene akyerɛ akwan horow a wobetumi afa so ate ase na afei woama kyerɛwsɛm no ne sɛnea wɔde di dwuma abua asɛm no.
Kyerɛ sɛ Asɛm no Gyina Bible no So. Sɛ woadi kan akanyan w’asɛm no ho anigye na woakyerɛ w’adwene wɔ ne fã bi ho a, wubetumi de kyerɛwsɛm bi abam aka sɛ: “Monhyɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka wɔ asɛm yi ho nsow.” Eyi kyerɛ nea enti a asɛm a worebɛkenkan no di mu.
Yehowa de mmarima te sɛ Yohane, Luka, Paulo, ne Petro na edii dwuma ma wɔkyerɛw Bible no afã bi. Nanso na wɔyɛ akyerɛwfo ara kwa; Yehowa ne Ɔkyerɛwfo no. Ne titiriw no, sɛ wo ne nkurɔfo a wonsua Kyerɛw Kronkron no rekasa na sɛ woka nsɛm te sɛ “Petro kyerɛwee sɛ” anaa “Paulo kae sɛ” a, ebia ɛrenyɛ nea tumi wom te sɛ nea wobɛtwe adwene asi kyerɛwsɛm no so sɛ Onyankopɔn asɛm. Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔ nsɛm bi mu no, Yehowa hyɛɛ Yeremia sɛ ɔmfa asɛm yi nni n’asɛm anim: “Muntie [Yehowa, NW] asɛm.” (Yer. 7:2; 17:20; 19:3; 22:2) Sɛ́ ebia yɛde Yehowa din bedi dwuma de afrɛ kyerɛw nsɛm anaasɛ yɛrenyɛ saa no, ansa na yebewie asɛm a yɛreka no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden da no adi sɛ n’asɛm na ɛwɔ Bible no mu.
Susuw Nsɛm a Atwa Ho Ahyia no Ho. Sɛ woresi ɔkwan a wobɛfa so afrɛ kyerɛwsɛm bi ho gyinae a, ɛsɛ sɛ wuhu nsɛm a atwa ho ahyia no. Ɛtɔ mmere bi a, wobɛka nsɛm a atwa ho ahyia no tẽẽ; nanso ebetumi aka nea woka no wɔ akwan foforo so. Sɛ nhwɛso no, so wubefi Hiob a na osuro Onyankopɔn no nsɛm ase te sɛ nsɛm a ne gyamserefo baasa no mu biako kae no? Luka na ɔkyerɛw Asomafo no Nnwuma no, nanso ɔfaa Yakobo, Petro, Paulo, Filipo, Stefano, abɔfo, ne afei Gamaliel ne Yudafo afoforo a na wɔnyɛ Kristofo no nsɛm kae. Hena na wobɛka sɛ ɔkaa nsɛm a woafa reka no? Sɛ nhwɛso no, kae sɛ ɛnyɛ Dawid na ɔkyerɛw Dwom nhoma no nyinaa, na ɛnyɛ Salomo na ɔkyerɛw Mmebusɛm nhoma no nyinaa. Afei nso mfaso wɔ so sɛ wubehu nea Bible kyerɛwfo no rekasa kyerɛ no no, ne ɔsɛmpɔw a wɔresusuw ho no.
Fa Nsɛm a Wunim Fa Ho no Di Dwuma. Sɛ wubetumi akyerɛ sɛnea tebea a wɔkyerɛw Bible mu asɛm no ne tebea a woreka ho asɛm no di nsɛ a, eyi tumi tu mpɔn kɛse. Wɔ tebea afoforo mu no, nsɛm a wunim fa kyerɛwsɛm pɔtẽẽ bi ho no ho hia na ama woate ase. Sɛ nhwɛso no, sɛ wode Hebrifo 9:12, 24 rebedi dwuma wɔ ɔkasa bi a ɛfa agyede ho mu a, ebia wubehu sɛ ehia sɛ wudi kan kyerɛkyerɛ ntamadan no mpiakyiri a kyerɛwsɛm no ka sɛ ɛyɛ baabi a Yesu kopuei wɔ soro no ho mfonini no mu. Nanso nka nsɛm pii mma ɛmmmoro kyerɛwsɛm a worebɛkenkan no so.
Sɛ wubetu mpɔn wɔ sɛnea wɔfrɛ kyerɛw nsɛm mu a, susuw sɛnea akasafo a wɔn ho akokwaw yɛ wɔn de no ho. Hyɛ akwan horow a wɔfa so de di dwuma no nsow. Susuw sɛnea saa akwan no tu mpɔn fa no ho. Sɛ woresiesie w’ankasa kasa a, hwehwɛ kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛwom no, na susuw botae a ɛsɛ sɛ kyerɛwsɛm biara di ho dwuma no ho yiye. Fa ahwɛyiye susuw sɛnea wobɛfrɛ emu biara, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde adi dwuma yiye ho. Akyiri yi, trɛw mu ma ɛnka kyerɛw nsɛm a wode di dwuma no nyinaa. Bere a wutu mpɔn wɔ sɛnea woma ɔkasa saa kwan yi so mu no, ɛbɛma wode w’adwene asi Onyankopɔn Asɛm so kɛse.