ADESUA 19
Bible a Wɔhyɛ Nkuran Ma Wɔde Di Dwuma
NEA yɛpɛ ne sɛ yɛbɛtwe obiara adwene asi Onyankopɔn Asɛm Bible no so. Asɛm a yɛka no gyina nhoma kronkron no so, na yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ nea yɛka no mfi yɛn ankasa yɛn tirim, na mmom efi Onyankopɔn. Ehia sɛ nkurɔfo nya Bible no mu ahotoso.
Wɔ Asɛnka Mu. Sɛ woresiesie wo ho ama asɛnka a, bere nyinaa paw kyerɛwsɛm biako anaa nea ɛboro saa a wo ne afoforo a wɔpɛ sɛ wotie no besusuw ho. Sɛ Bible ho nhoma bi na woabɔ wo tirim mpo sɛ wode rekɔma a, ɛtaa yɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛkenkan Bible mu asɛm bi a ɛfata. Bible no wɔ tumi kɛse a ɛkyerɛ ahobrɛasefo kwan sen biribiara a ebia yɛn ankasa betumi aka. Baabi a wuntumi nkenkan mfi Bible mu no, wubetumi afa mu asɛm aka. Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Kyerɛwnsɛm nhoma mmobɔwee ho yɛ na. Nanso, Yesu ne n’asomafo no faa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm kae mpɛn pii. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyere kyerɛw nsɛm agu yɛn tirim, na yɛde adi dwuma yiye wɔ yɛn asɛnka mu, na ɛtɔ mmere bi a yɛafa mu asɛm aka kɛkɛ.
Sɛ wunya kwan kenkan fi Bible no mu a, kura mu sɛnea ɛbɛyɛ a ofiewura no betumi adi akyi bere a wokenkan no. Sɛ ofiewura no di akyi wɔ n’ankasa Bible mu a, ebetumi ama wagye nea ɔrekenkan no adi kɛse.
Nanso, ɛsɛ sɛ wohyɛ no nsow sɛ, Bible asekyerɛfo binom asakra Onyankopɔn Asɛm no mu. Ebia sɛnea wɔkyerɛ nsɛm ase no ne mfitiase kasa a wɔde kyerɛw Bible no nyinaa nhyia. Ɛnnɛyi nkyerɛase pii ayi Onyankopɔn din ankasa afi mu, wɔakyinkyim nea mfitiase kasa a wɔde kyerɛwee no ka fa awufo tebea ho no, na wɔakata nea Bible no ka fa Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ho no so. Nea ɛbɛyɛ na woakyerɛ obi nea wɔayɛ no, ebia ebehia sɛ wode kyerɛwsɛm atitiriw bi toto afoforo ho wɔ Bible ahorow bi mu anaasɛ wode toto nkyerɛase a edi kan wɔ kasa koro no ara mu no ho. Reasoning From the Scriptures no de sɛnea nkyerɛasefo pii akyerɛ nkyekyem bi a wɔtaa de di dwuma ase no ayɛ ntotoho wɔ nsɛmti pii ase. Obiara a ɔpɛ nokware no ani begye nokwasɛm ahorow a obehu no ho.
Wɔ Asafo Nhyiam Ahorow Ase. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ obiara nkuran ma ɔde ne Bible di dwuma wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Eyi boa wɔ akwan pii so. Ɛboa ma atiefo de wɔn adwene si nea wɔresusuw ho no so. Ɛma wotumi twa asɛm a ɔkasafo no reka no ho mfonini wɔ wɔn adwenem. Na ɛma anigyefo a wɔyɛ foforo no hu sɛ yɛn gyidi gyina Bible no so ampa.
Sɛ́ ebia wɔn a wɔretie wo no bedi kyerɛw nsɛm a worekenkan no akyi wɔ wɔn ankasa Bible ahorow mu no begyina nkuranhyɛ a wode bɛma no so kɛse. Nsa a wobɛto afrɛ wɔn tẽẽ no ne akwan a eye sen biara no biako.
Sɛ́ ɔkasafo no, ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wokyerɛ kyerɛw nsɛm a wopɛ sɛ wusi so dua no denam atiefo a wobɛma wɔahwɛ no so. Ɛyɛ papa sɛ wobɛkenkan kyerɛw nsɛm a ɛbɛboa wo ma woakyerɛkyerɛ wo nsɛntitiriw mu no. Afei sɛnea bere bɛma kwan no, fa kakra a ɛkyerɛkyerɛ wo nsɛm mu no ka ho.
Nokwarem no, kyerɛwsɛm a wobɛfrɛ anaasɛ to a wobɛto nsa afrɛ atiefo sɛ wɔnhwɛ kyerɛwsɛm bi no nkutoo nnɔɔso. Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm bi na afei wotoa so kenkan foforo a edi hɔ bere a w’atiefo no nnya nhuu nea edi kan no mpo a, ɛrenkyɛ na wɔn abam abu, na wobegyae mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobedi w’akyi wɔ Bible no mu no. Hyɛ nneɛma nsow. Sɛ nnipa dodow no ara hu kyerɛwsɛm no a, kenkan.
Di kan susuw nneɛma ho. Di kan koraa bɔ kyerɛwsɛm ko a wobɛkenkan no ansa na woakenkan. Eyi bɛtew bere a wobɛsɛe de atwɛn atiefo no ma wɔde ahwehwɛ kyerɛwsɛm no so. Ɛwom sɛ sɛ wugyaw bere ma atiefo no de hwehwɛ kyerɛw nsɛm a, worennya bere pii a wode bɛkasa de, nanso mfaso a ebefi mu aba no bɛma ayɛ nea ɛfata.