Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/00 kr. 3
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible a Wɔhyɛ Nkuran Ma Wɔde Di Dwuma
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • W’atiefo Fa Mu Aba
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Atiefo Anim Hwɛ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Baguam Ɔkasa Horow a Wubesiesie
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 9/00 kr. 3

Asɛmmisa Afã

◼ Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ atiefo bebue kyerɛw nsɛm no bere a ɔkasafo no akyerɛ sɛ wɔnyɛ saa no?

Asɛm a wɔresusuw ho, ne sɛ ebia ɔkasa no hwehwɛ sɛ wosusuw Onyankopɔn Asɛm no fã bi nkyekyem ho mmiako mmiako no na ɛbɛkyerɛ mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ ɔkasafo no ma atiefo bue kyerɛw nsɛm no.

Ɛho hia sɛ yehu sɛ atirimpɔw biako nti a yebue kyerɛwsɛm bi ne sɛ ɛbɛma yɛahu sɛ nea wɔreka no wɔ Bible mu. (Aso. 17:11) Atirimpɔw foforo nso ne sɛ yebenya Kyerɛwnsɛm mu adanse a edi mu paa a ɛfoa nea wɔreka no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ yɛn nyinaa gyidi den. Nea Bible ka ankasa a yehu bere a wɔrekenkan kyerɛwsɛm titiriw bi no bɛma yɛate asɛm no ase yiye. Sɛ yɛde kyerɛw nsɛm a yɛbɛkenkan no to nkyɛn a, kyerɛwtohɔ a yɛbɛyɛ na yɛadi nea wɔreka no akyi ho hia.

Ɛwom sɛ krataa a wɔhwɛ so ma ɔkasa a Asafo ti no de ama no twe adwene si kyerɛw nsɛm pii so de, nanso wɔde eyinom ama na aboa ɔkasafo no bere a ɔresiesie ne kasa no. Ebetumi ama wahu nsɛm no fibea na aboa no ma wama Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm titiriw atra n’adwenem na wate nsɛm a ɔbɛka no ase yiye. Ɔkasafo no hu kyerɛw nsɛm a ɛbɛboa no ma wahyehyɛ ɔkasa no, na ɔto nsa frɛ atiefo no ma wodi n’akyi bere a ɔkenkan kyerɛw nsɛm a ɛtete saa no kyerɛkyerɛ mu no. Ɔkasafo no betumi aka kyerɛw nsɛm foforo a ɛfoa asɛm no so ho asɛm akyerɛkyerɛ mu nanso, ɛha yi no, ɛho nhia sɛ ɔkwan biara so no ɛsɛ sɛ atiefo no bue.

Sɛ ɛsɛ sɛ ɔkasafo no kenkan kyerɛw nsɛm bi a, ɛsɛ sɛ ɔkenkan fi Bible no mu tẽẽ na ɛnyɛ nea watintim afi kɔmputa so. Sɛ ɔkasafo no to nsa frɛ atiefo no sɛ wonni n’akyi wɔ akenkan no mu a, ɛsɛ sɛ ɔka Bible nhoma no, eti, ne nkyekyem ko no ma wɔte no yiye. Ɔnam gyina a ogyina bisa asɛm anaasɛ ka a ɔka biribi tiawa de kyerɛ nea enti a wɔkenkan kyerɛwsɛm no so ma atiefo nya bere de bue kyerɛwsɛm no. Kyerɛwsɛm a ɔrebɛkenkan a ɔbɛsan abɔ din no nso bɛma atiefo no ahu baabi a ɛwɔ. Nanso, ɛnyɛ papa sɛ ɔbɛkyerɛ kratafa ko a ɛwɔ esiane sɛ ɛsono eyinom biara wɔ Bible ko a atiefo de redi dwuma no mu nti. Kyerɛwnsɛm no a atiefo bebue bere a ɔkasafo no akyerɛ sɛ wɔnyɛ saa no bɛboa wɔn ma wɔahu tumi a Onyankopɔn Asɛm no wɔ bere a yɛkyerɛkyerɛ mu wɔ ɔkasa bi mu no.—Heb. 4:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena