Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa Aware mu Ahokafo a Wɔnyɛ Adansefo No?
1 Yehowa asomfo pii na wɔn kununom ne wɔn yerenom nni asafo no mu. Saa nkurɔfo yi pɛ anuanom asɛm na wɔn ani gye asafo no ho, nanso wɔmpɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn. Yɛn nuabea bi kunu kaa n’anom asɛm sɛ: ‘Nkurɔfo afie a mewurawura no yɛ biribi a na ɛyɛ me den paa.’ Ebetumi aba sɛ ebinom nso rebu bra bi a etia Bible mmara nti na wontumi mma no. Ebinom nso susuw sɛ ɔsom no mu nnwuma dɔɔso dodo. Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn?
2 Bɛn Wɔn: Sɛ yɛbɛn wɔn hu nea ɛhaw wɔn a, ebia ɛbɛma wɔatie Bible mu nokwasɛm no. (Fil. 2:4) Ahokafo a na wonni asafo no mu no taa ka sɛ anuanom na ɛboaa wɔn. Yɛn nuabea bi kunu a ɔkaa n’anom asɛm no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘José a ɔyɛ asafo mu panyin no ani kuu me ho yiye. Migye di sɛ sɛnea ɔhyɛɛ me nkuran no na ɛmaa m’ani bere suaa Bible no.’ Yɛn nuabea foforo bi kunu nso kae sɛ anuanom a wɔbɛsraa no no ne no dii nkɔmmɔ faa nea ɔno ɔbarima no ani gye ho ho. Ɔkae sɛ: ‘Mibenyaa me yere gyidi no ho adwene foforo koraa. N’asɔrefo no ani abue na wonim nneɛma bebree.’—1 Kor. 9:20-23.
3 Yɛ Biribi Boa Wɔn: Sɛ yɛyɛ ahokafo yi mmoa a, ɛno nso betumi aka wɔn koma. (Mmeb. 3:27; Gal. 6:10) Bere a yɛn nuabea bi kunu kar sɛee no, onua aberante bi boaa no. Ɔbarima yi kae sɛ: ‘Awɔse guu me.’ Onua bi nso de da mũ bi boaa yɛn nuabea bi kunu ma ogyee ne fie ho ban. Adwuma ne nkɔmmɔ na ɛnam, enti ewiee ase no, na wafa no adamfo. Edii nnawɔtwe abien no, ɔbarima no bɛka kyerɛɛ yɛn nua no sɛ: “Afei de mɛsakra. Bɛkyerɛ me Bible.” Wamfa Bible sua no anni agoru koraa, enti seesei wabɔ asu abɛyɛ onua.
4 Sɛ yɛhwehwɛ wɔn a wobetie asɛmpa no wɔ yɛn asasesin mu a, momma yɛmmoa yɛn nuanom aware mu ahokafo a wonni asafo no mu no.—1 Tim. 2:1-4.